Exodus
39 Afei wɔde ahoma bruu, tankɔkɔɔ, ne koogyan+ nwenee ntadeɛ+ a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea+ hɔ. Enti wɔpam ntade kronkron+ maa Aaron, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
2 Ɔde sika, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera nwenee ngugusoɔ.+ 3 Afei wɔboroo sika kɔkɔɔ maa no yɛɛ tratra, na ɔtwitwaa no nteaanteaa de kaa ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera pa ho nweneeɛ.+ 4 Wɔyɛɛ adeɛ totoo ne mmatiri so na wɔka sii animu. 5 Wɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera no ara bi nso nwenee abɔsoɔ a wɔde bɛkyekyerɛ,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
6 Afei wɔfaa sohamboɔ+ a wɔde sika kɔkɔɔ afa ho kurukyiree Israel mma din wɔ so+ sɛdeɛ wɔtwerɛ nsɔano soɔ. 7 Na ɔde sisii atadeɛ no mmatiri so sɛ ɛnyɛ nkaeɛ+ aboɔ mma Israelfoɔ, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no. 8 Afei ɔde sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera nwenee nkataboɔ,+ te sɛ ngugusoɔ+ no. 9 Sɛ wɔka nkataboɔ no to so a, ɛyɛ ahinanan. Berɛ a wɔaka ato soɔ no, ne ntwemu yɛ nsateakwaa nkron na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ nsateakwaa nkron.+ 10 Wɔde abohene tetaree mu yɛɛ no nsãsoɔ nnan. Nsãsoɔ a ɛdi kan no yɛ aboɔdenboɔ kɔkɔɔ ne akraateboɔ ne ahahammonoboɔ.+ 11 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmienu+ no yɛ nsrammaboɔ ne hoaboɔ+ ne ahwehwɛboɔ.+ 12 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa+ no yɛ lesemboɔ ne mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ. 13 Nsãsoɔ a ɛtɔ so nnan+ no yɛ sikabereɛboɔ ne sohamboɔ+ ne yasepeboɔ. Na wɔde sika kɔkɔɔ totoo anoano. 14 Wɔtwerɛɛ Israel mma dumienu no din wɔ aboɔ no so. Wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔtwerɛ nsɔano soɔ, na edin a ɛwɔ ebiara soɔ no gyina hɔ ma Israel mmusua dumienu+ no baako.
15 Wɔde sika amapa nwenee ntweaban wɔ nkataboɔ no so sɛ ahoma.+ 16 Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nnuraho mmienu ne nkawa mmienu, na wɔde nkawa mmienu no hyehyɛɛ nkataboɔ no ntwea mmienu no so.+ 17 Afei wɔde nhoma mmienu a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no hyehyɛɛ nkawa mmienu no mu wɔ nkataboɔ no ntwea so.+ 18 Na wɔde nhoma mmienu ano a aka no hyehyɛɛ adeɛ a ɛda ngugusoɔ no mmatiri mmienu soɔ no mu wɔ atadeɛ no anim.+ 19 Afei wɔde sika yɛɛ nkawa mmienu hyehyɛɛ nkataboɔ no ase maa no daa ngugusoɔ no so.+ 20 Na wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa mmienu hyehyɛɛ adeɛ mmienu a ɛda ngugusoɔ no mmatiri soɔ no ase wɔ atadeɛ no anim, ɛrekɔ ne ntoaeɛ so wɔ abɔsoɔ no so.+ 21 Na wɔde ahoma bruu hyehyɛɛ nkawa no mu kyekyeree nkataboɔ no bɔɔ ngugusoɔ no mu wɔ abɔsoɔ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkataboɔ no remfiri ngugusoɔ no soɔ, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.+
22 Afei ɔde ahoma bruu nko ara nwenee asɔfotadeɛ nsasini+ no. 23 Wɔtwaa asɔfotadeɛ nsasini no kɔn wɔ ne mfimfini te sɛ akotadeɛ. Na wɔnwenee ano hyiaeɛ sɛdeɛ ɛrenteɛ.+ 24 Wɔde ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan nwenee granate akutuo sensɛn ano hyiaeɛ.+ 25 Afei wɔyɛɛ sika adɔmma hyehyɛɛ granate akutuo+ no ntam de faa asɔfotadeɛ nsasini no ano hyiaeɛ; 26 Enti granate akutuo biara akyi no, sika adɔmma di hɔ; ɛdidi so wɔ asɔfotadeɛ nsasini a wɔde bɛsom no ano hyia,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
27 Afei wɔde nwera pa nwenee atade tenten+ maa Aaron ne ne mma, 28 na wɔde nwera pa no bi nwenee abotitene+ ne abotire+ fɛfɛ ne nwera twakoto,+ 29 na wɔde nwera ne ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan nwenee abomu,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
30 Afei wɔde sika amapa yɛɛ ade tratra hyɛnn bi, na wɔde yɛɛ ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron kurukyiree so sɛdeɛ wɔtwerɛ nsɔano soɔ sɛ, “Kronkron ne Yehowa.”+ 31 Na wɔde ahoma bruu sɔɔ mu de bɔɔ abotitene no anim,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
32 Enti ahyiaeɛ ntomadan kronkron no ho adwuma nyinaa baa awieeɛ, na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ Mose no+ nyinaa. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
33 Wɔde ntomadan+ no brɛɛ Mose, ntomadan+ no ne ɛho nneɛma,+ ɛho mpɛɛwa,+ ɛho nnua+ ne ne mmeamu,+ ɛho adum ne ne nnyinasoɔ,+ 34 ne nkatasoɔ a wɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ+ no kɔkɔɔ ayɛ, ne nkatasoɔ foforɔ a wɔde sukraman nwoma+ ayɛ, ne ntwamutam a ɛsɛn hɔ,+ 35 ne adanseɛ adaka+ ne nnua+ a wɔde soa ne ne mmuasoɔ,+ 36 ne ɛpono+ ne ɛho nneɛma+ nyinaa ne paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim, 37 ne sika kaneadua+ ne nkanea, kyerɛ sɛ nkanea a ɛsesa soɔ no,+ ne ɛho nneɛma+ nyinaa, ne ngo a wɔde bɛgu mu,+ 38 ne sika afɔrebukyia+ ne ɔsra ngo+ ne aduhwam+ ne ntoma a ɛsɛn ntomadan no ano,+ 39 ne kɔbere afɔrebukyia+ ne kɔbere nkantankantan+ a ɛda soɔ, ne nnua a wɔde bɛsoa+ ne ɛho nneɛma+ nyinaa, ne ɛsɛn+ no ne ne nnyinasoɔ,+ 40 ne ntoma a ɛsensɛn adihɔ hɔ,+ ne n’adum+ ne ne nnyinasoɔ,+ ne ntoma a ɛwɔ adihɔ no kwan ano,+ ne ɛho ntampehoma,+ ne ɛho mpɛɛwa,+ ne ɛho nneɛma+ nyinaa a wɔde bɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan kronkron no mu adwuma, 41 ne ntadeɛ+ a wɔanwene a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ, ntade kronkron+ a wɔapam ama ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma a wɔde bɛsom sɛ asɔfoɔ.+
42 Israelfoɔ no yɛɛ adwuma no nyinaa, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.+ 43 Na Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa, na ɔhunuu sɛ wɔayɛ no sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɛnna Mose hyiraa wɔn.+