Exodus
38 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ. Ɔyɛɛ no ahinanan, kyerɛ sɛ ne ntwemu yɛ basafa nnum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa nnum. Ne tenten deɛ, ɛyɛ basafa mmiɛnsa.+ 2 Na ɔyɛɛ mmɛn+ tuatuaa n’apɔ nnan no so. Mmɛn no firi dua korɔ no ara mu, na ɔde kɔbere duraa ho.+ 3 Ɛno akyi no, ɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma nyinaa, adeɛ a wɔde bɛsesa nsõ, sofi, nyaawa, adinam, ne egya nkukuwa. Kɔbere na ɔde yɛɛ ɛho nneɛma nyinaa.+ 4 Ɔde kɔbere yɛɛ nkantankantan de hyɛɛ afɔrebukyia no mfimfini.+ 5 Na ɔyɛɛ nkawa nnan a wɔde nnua nteaanteaa bɛhyehyɛ mu wɔ ntwea nnan no so wɔ kɔbere nkantankantan no ho. 6 Afei ɔde ɔkanto yɛɛ nnua nteaanteaa no na ɔde kɔbere duraa ho.+ 7 Ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa a ɛwɔ n’afã mmienu no mu na wɔde asoa.+ Ɔde nnua yɛɛ no sɛ adaka a ɛkwan da mu.+
8 Ɔde kɔbere yɛɛ ɛsɛn+ ne ne nnyinasoɔ. Mmaa a wɔbɛsom ahyiaeɛ ntomadan no ano no nhwehwɛ na wɔde yɛeɛ.+
9 Afei ɔyɛɛ adihɔ.+ Na ɔde nwera a wɔanwene yɛɛ ntoma sensɛn ɛfã a ɛhwɛ Negeb, anafoɔ fam no. Na ne ntwemu yɛ basafa ɔha.+ 10 Ɔde kɔbere yɛɛ adum aduonu ne nnyinasoɔ aduonu no. Na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no mpɛɛwa ne ne nkawa.+ 11 Ɛfã a ɛhwɛ atifi fam no nso yɛ basafa ɔha. Na ɔde kɔbere yɛɛ adum aduonu ne nnyinasoɔ aduonu no, na ɔde dwetɛ yɛɛ ɛho mpɛɛwa ne nkawa+ no. 12 Adihɔ no tɛtrɛtɛ ho no, ɔde nwera basafa aduonum sɛn ne fã a ɛhwɛ atɔeɛ fam no. Ɛhɔ deɛ, ɔyɛɛ adum du sisii nnyinasoɔ du+ so. Na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no ho mpɛɛwa ne nkawa no. 13 Na ne fã a ɛhwɛ apueeɛ fam no nso yɛ basafa aduonum.+ 14 Na ɔyɛɛ adum mmiɛnsa sisii nnyinasoɔ mmiɛnsa so+ wɔ pono no nifa, na ɔde ntoma basafa dunum sɛn so. 15 Ɔyɛɛ adum mmiɛnsa sisii nnyinasoɔ mmiɛnsa no so wɔ pono no benkum nso, ɛfã ha ne ha,+ na ɔde ntoma basafa dunum sɛn so. 16 Ɔde nwera a wɔanwene na ɛyɛɛ ntoma a ɛsensɛn adihɔ no ho nyinaa. 17 Kɔbere na ɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ nyinaa. Na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no mpɛɛwa ne ne nkawa. Na ɔde dwetɛ duraa adihɔ hɔ adum no nyinaa so, na ne nhyiaeɛ so nso, ɔde dwetɛ na ɛyɛeɛ.+
18 Na adihɔ no pono ano nso, ɔde ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera+ nwenee nkataano a ne ntwemu yɛ basafa aduonu sɛn hɔ. Na ɛfiri soro bɛsi fam nso yɛ basafa nnum, te sɛ ntoma a ɛsensɛn adihɔ no ho no.+ 19 Na adum nnan ne nnyinasoɔ nnan no yɛ kɔbere. Ɛho mpɛɛwa yɛ dwetɛ na ɔde dwetɛ duraa adum no so, na ɔde dwetɛ yɛɛ ne nhyiaeɛ so. 20 Na mpɛɛwa a wɔde yɛɛ ntomadan no ne adihɔ no ho adwuma nyinaa yɛ kɔbere.+
21 Sei na wɔbuu nneɛma a wɔde yɛɛ Adanseɛ ntomadan+ no ano. Mose na ɔmaa Lewifoɔ+ a ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar+ da wɔn ano no sesee biribiara buu ano. 22 Na Hur ba Uri ba Besalel+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ Mose no nyinaa. 23 Ná Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu no ka ne ho. Saa barima yi yɛ odwumfoɔ a ɔtumi de asaawa di adwini na ɔde ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera pa nwene nneɛma.
24 Sika kɔkɔɔ a wɔde yɛɛ adwuma kronkron no, kyerɛ sɛ sika kɔkɔɔ a wɔde baa sɛ ohim afɔdeɛ+ no nyinaa ano si dwetikɛseɛ aduonu nkron ne nnwetɛbena ahanson aduasa, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena+ ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 25 Dwetɛ a asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no de baeɛ no si dwetikɛseɛ ɔha ne nnwetɛbena apem ahanson aduɔson nnum, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. 26 Obiara a wɔkan no a wadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa no de dwetɛbena fã baeɛ,+ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no, na wɔn nyinaa ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum aduonum.+
27 Dwetɛ a wɔde yɛɛ kronkronbea no nnyinasoɔ ne ntwamutam no nnyinasoɔ ano si dwetikɛseɛ ɔha. Nnyinasoɔ ɔha no yɛ dwetikɛseɛ ɔha, kyerɛ sɛ nnyinasoɔ+ biara yɛ dwetikɛseɛ baako. 28 Na ɔde nnwetɛbena apem ahanson aduɔson nnum yɛɛ adum no mpɛɛwa, na ɔduraa ho ka boom.
29 Na kɔbere a wɔde baa sɛ ohim afɔdeɛ no ano si dwetikɛseɛ aduɔson ne nnwetɛbena mpem mmienu ahanan. 30 Ɔde yei nso yɛɛ nnyinasoɔ a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano ne kɔbere afɔrebukyia ne kɔbere nkantankantan a ɛda soɔ no, ne afɔrebukyia no ho nneɛma nyinaa, 31 ne nnyinasoɔ a ɛwɔ adihɔ no ho nyinaa, ne adihɔ no pono no nnyinasoɔ, ne mpɛɛwa+ a ɛwɔ ntomadan no ne adihɔ no ho nyinaa.