Exodus
38 Ɔde ɔkanto dua yɛɛ afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so. N’afã nnan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ne tenten yɛ basafa* nnum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum. Ɛfiri soro bɛsi fam nso, ɔyɛɛ no basafa mmiɛnsa.+ 2 Afei ɔyɛɛ mmɛn wɔ ntwea nnan no so. Ɔyɛɛ afɔrebukyia ne mmɛn no nyinaa boom. Ɔwieeɛ no, ɔde kɔbere faa afɔrebukyia no ho.+ 3 Ɛno akyi no, ɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma nyinaa, adeɛ a wɔde nsõ bɛgu mu, sofi, nkyɛnsee, adinam, ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu. Kɔbere na ɔde yɛɛ ɛho nneɛma nyinaa. 4 Ɔde kɔbere yɛɛ nkantankantan de hyɛɛ afɔrebukyia no mfimfini. 5 Ɔyɛɛ nkawa nnan a wɔde nnua nteaanteaa no bɛhyehyɛ mu wɔ ntwea nnan no so wɔ baabi a ɛbɛn kɔbere nkantankantan no. 6 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ nnua nteaanteaa no, na ɔde kɔbere faa ho. 7 Ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa a ɛwɔ afɔrebukyia no nkyɛnkyɛn no mu na wɔde asoa. Ɔde nnua yɛɛ afɔrebukyia no te sɛ adaka a ɛnni mmuasoɔ.
8 Ɔde kɔbere yɛɛ ɛsɛn+ ne ne nnyinasoɔ. Nhwehwɛ* na ɔde yɛeɛ; mmaa a wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ maa wɔbɛsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, wɔn hɔ na ɔnya firiiɛ.
9 Afei ɔyɛɛ adihɔ wɔ ntomadan no ho.+ Ɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntoma sensɛn adihɔ no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no; ɛhɔ deɛ no, ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa 100.+ 10 Ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinasoɔ 20 no, na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no nsosɔmu ne ne nkawa. 11 Ɛfã a ɛhwɛ atifi fam no nso, ɔyɛɛ ntoma a ne tenten yɛ basafa 100 sensɛn hɔ. Na ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinasoɔ 20, na ɔde dwetɛ yɛɛ ɛho nsosɔmu ne nkawa no. 12 Adihɔ no fã a ɛhwɛ atɔeɛ fam no deɛ, ɔde ntoma a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50 sɛn hɔ. Ɔyɛɛ adum du sisii nnyinasoɔ du so, na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no ho nsosɔmu ne nkawa no. 13 Ná ne fã a ɛhwɛ apueeɛ fam no nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50. 14 Sɛ worewura adihɔ hɔ a, na ntoma a ne tenten yɛ basafa 15 sɛn ɛfã baako. Ná ɛwɔ adum mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so. 15 Sɛ worewura adihɔ hɔ a, na ntoma a ne tenten yɛ basafa 15 nso sɛn ɛfã nohoa. Ná ɛwɔ adum mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so. 16 Ɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntoma twaa adihɔ no ho hyiaeɛ. 17 Kɔbere na ɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ nyinaa. Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ adum no nsosɔmu ne ne nkawa, na ɔde dwetɛ faa adihɔ hɔ adum no nyinaa ho; nneɛma a wɔde sosɔɔ mu no nso, ɔde dwetɛ na ɛyɛeɛ.+
18 Ɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntoma* a ne tenten yɛ basafa 20 sɛn adihɔ no kwan ano, na ɛfiri soro bɛsi fam nso na ɛyɛ basafa 5 te sɛ ntoma a ɛsensɛn adihɔ hɔ no.+ 19 Adum nnan ne nnyinasoɔ nnan no, kɔbere na ɔde yɛeɛ. Ɛho nsosɔmu ne nkawa no nso, na ɛyɛ dwetɛ, na ɔde dwetɛ faa adum no soro. 20 Deɛ wɔde bobɔɔ ɔsom ntomadan no ne adihɔ no ntoma mu tim fam nyinaa, kɔbere na ɔde yɛeɛ.+
21 Nneɛma a wɔde yɛɛ ɔsom ntomadan a Adanseɛ+ Adaka no wom no, Mose maa wɔbuu ne nyinaa ano hunuu ne dodoɔ. Ɔde saa adwuma no hyɛɛ Lewifoɔ no nsa,+ na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar+ na na ɔda wɔn ano. 22 Hur ba Uri ba a ɔde Besalel+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa. 23 Ná Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu no ka ne ho. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ odwumfoɔ ne ntomanwemfoɔ a ɔtumi de ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwene nneɛma.
24 Sika kɔkɔɔ a wɔde yɛɛ kronkronbea hɔ adwuma nyinaa, ne dodoɔ ne sika kɔkɔɔ a wɔde bɔɔ ohim afɔreɛ no nyinaa yɛ pɛ.+ Ná ɛsi dwetikɛseɛ* 29 ne nnwetɛbena* 730, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* 25 Asafo no mu nnipa a wɔkanee wɔn no, dwetɛ a wɔde baeɛ no si dwetikɛseɛ 100 ne nnwetɛbena 1,775, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* 26 Dwetɛbena fã a wɔgyegyeeɛ no, obiara a wadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔkan no no de dwetɛbena fã baeɛ,+ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Ná wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 603,550.+
27 Dwetɛ a wɔde yɛɛ kronkronbea no nnyinasoɔ ne ntwamutam no nnyinasoɔ si dwetikɛseɛ 100. Nnyinasoɔ+ 100 no yɛ dwetikɛseɛ 100, kyerɛ sɛ nnyinasoɔ biara yɛ dwetikɛseɛ baako. 28 Na ɔde nnwetɛbena 1,775 yɛɛ adum no nsosɔmu, na ɔde dwetɛ faa ho, ɛnna ɔka boom.
29 Kɔbere a wɔde bɛyɛɛ akyɛdeɛ* no si dwetikɛseɛ 70 ne nnwetɛbena 2,400. 30 Ɛno na ɔde yɛɛ nnyinasoɔ a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, kɔbere afɔrebukyia no, kɔbere nkantankantan a ɛda so no, ne afɔrebukyia no ho nneɛma nyinaa; 31 ɛno ara nso na ɔde yɛɛ nnyinasoɔ a ɛwɔ adihɔ hɔ no, nnyinasoɔ a ɛwɔ adihɔ no kwan ano, ne deɛ wɔde bobɔɔ adihɔ ntoma no mu tim fam no nyinaa.+