Exodus
37 Afei Besalel+ de ɔkanto dua yɛɛ Adaka no.+ Ɔyɛɛ ne tenten basafa* mmienu ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa baako ne fã.+ 2 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa emu ne ɛho nyinaa, na ɔde sika kɔkɔɔ no bi totoo ano hyiaeɛ.+ 3 Afei ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa nnan bobɔɔ baabi wɔ ne nan no biara soro; nkawa mmienu wɔ ha a, na mmienu nso wɔ ha. 4 Ɛnna ɔde ɔkanto dua senee nnua nteaanteaa, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.+ 5 Afei ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛn na wɔde asoa Adaka no.+
6 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ ne mmuasoɔ.+ Ná ne tenten yɛ basafa mmienu ne fã, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fã.+ 7 Afei ɔde hamma* boroo sika kɔkɔɔ yɛɛ kerubim mmienu,+ na ɔde sisii mmuasoɔ+ no afã mmienu no nyinaa. 8 Ɔde kerubim no sisii mmuasoɔ no afã mmienu no nyinaa. Ɔde kerubim baako sii mmuasoɔ no fã ha, na ɔde baako nso sii fã ha. 9 Ná kerubim mmienu no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu kɔ soro, na ɛkataa adaka no mmuasoɔ so.+ Kerubim no dii nhwɛanimu, na na wɔn anim kyerɛ mmuasoɔ no.+
10 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ ɛpono no.+ Ɔyɛɛ ne tenten basafa mmienu, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na ɛfiri soro bɛsi fam basafa baako ne fã.+ 11 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa, na ɔde sika kɔkɔɔ no bi totoo ano hyiaeɛ. 12 Afei ɔyɛɛ mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam* twaa ho hyiaeɛ, na ɔde sika kɔkɔɔ twaa mfemfamho no ho hyiaeɛ. 13 Na ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa nnan, na ɔde nkawa no bobɔɔ ntwea nnan no ho, baabi a ne nan nnan no sisi no. 14 Ná nkawa no bɛn mfemfamho a ɔde atwa ɛpono no ho ahyia no; ɛno na na wɔde nnua bɛhyehyɛ mu de asoa ɛpono no. 15 Afei ɔde ɔkanto dua senee nnua nteaanteaa a wɔde bɛsoa ɛpono no, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa. 16 Ɛno akyi no, ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ nneɛma a wɔde bɛsisi ɛpono no so: nyowa, nkuruwa nketewa ne akɛseɛ, ne nkyɛnsee a wɔde bɛhwie afɔrebɔ nsã.+
17 Afei ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ amapa de yɛɛ kaneadua+ no. Sɛdeɛ ɔyɛɛ no nie: Ɔmaa no nyaa deɛ ɛbɛgyina so, ɛnan, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. Ɔyɛɛ ne nyinaa boom baako.+ 18 Kaneadua no nyaa nkorabata nsia, nkorabata mmiɛnsa wɔ fã baako na mmiɛnsa nso wɔ fã a aka no. 19 Ɔmaa ɛfã baako nkorabata biara nyaa nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Ɔmaa ɛfã a aka no nso nkorabata biara nyaa nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Saa na ɔyɛɛ nkorabata nsia a ɛwowɔ kaneadua no nan ho nyinaa. 20 Afei ɔyɛɛ nkuruwa nnan a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren wɔ kaneadua no nan ho. Na ɔyɛɛ funuma ne nhwiren nso wɔ ho; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. 21 Faako a nkorabata mmienu a ɛdi kan no pue firi kaneadua no ho no, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛdi hɔ no pue no, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛtwa toɔ no pue no nso, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ. Enti baabi a nkorabata nsia no paapae wɔ kaneadua no ho biara, ɔyɛɛ bi wɔ aseɛ. 22 Funuma ne nkorabata ne kaneadua mu no nyinaa, ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ amapa na ɔyɛɛ ne nyinaa boom baako. 23 Ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ nkanea nson,+ ɛho nneɛma a wɔde fa gya ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu. 24 Sika kɔkɔɔ amapa dwetikɛseɛ* baako na ɔde yɛɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa.
25 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ aduhwam afɔrebukyia.+ N’afã nnan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛɛ basafa baako; ɛfiri fam kɔsi soro nso yɛɛ basafa mmienu. Ɔyɛɛ ɛne ne mmɛn nyinaa boom.+ 26 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa, ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na ɔde sika kɔkɔɔ totoo ano hyiaeɛ. 27 Afei baabi a ɔde sika kɔkɔɔ totoo ano hyiaeɛ no, ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa mmienu mmienu wɔ n’ase, ebi wɔ fã ha na ebi nso wɔ fã ha. Ɛno na na wɔde nnua no bɛhyehyɛ mu de asoa. 28 Ɛno akyi no, ɔde ɔkanto dua senee nnua nteaanteaa a wɔde bɛsoa, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa. 29 Afei ɔyɛɛ ɔsrango kronkron+ no ne aduhwam+ korɔgyenn a wɔafra no yie paa no.