Exodus
37 Besalel+ de ɔkanto dua yɛɛ Adaka+ no. Ɔyɛɛ ne ntwemu basafa mmienu ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na ne tenten basafa baako ne fã.+ 2 Ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho nyinaa, na ɔde sika no bi totoo ano hyiaeɛ.+ 3 Afei ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa nnan tuatuaa ne nan nnan no ho; nkawa mmienu wɔ benkum na mmienu nso wɔ nifa.+ 4 Na ɔde ɔkanto dua senee nnua nteaanteaa de sika duraa ho.+ 5 Afei ɔde nnua nteaanteaa no hyehyɛɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛnmu. Nnua yi na wɔde bɛsoa Adaka no.+
6 Na ɔde sika amapa yɛɛ ne mmuasoɔ.+ Ne ntwemu yɛ basafa mmienu ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa baako ne fã.+ 7 Bio nso ɔboroo sika de yɛɛ kerubim, na ɔde sisii mmuasoɔ no so wɔ n’afã mmienu no.+ 8 Ɔyɛɛ kerubim baako de sii mmuasoɔ no nifa na ɔyɛɛ baako nso de sii benkum.+ 9 Ɔmaa kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu kɔɔ soro, na ɛkataa adaka no mmuasoɔ no so.+ Ná kerubim no di nhwɛanimu na wɔn anim kyerɛ mmuasoɔ no.+
10 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ pono+ no. Na ne ntwemu yɛ basafa mmienu, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, ne tenten basafa baako ne fã.+ 11 Ɔde sika amapa duraa ho nyinaa, na ɔde sika no bi totoo ano hyiaeɛ.+ 12 Afei ɔyɛɛ mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam twaa ho hyiaeɛ, na ɔde sika dii adwini twaa mfemfamho no ho hyiaeɛ.+ 13 Na ɔguu sika nkawa nnan, na ɔde nkawa no hyehyɛɛ ntwea nnan no ho, baabi a ne nan nnan no sisie no.+ 14 Ná nkawa no bɛn mfemfamho a ɔde atwa pono no ho ahyia no. Nkawa yi na na wɔde nnua bɛhyehyɛ mu de asoa pono+ no. 15 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa pono no+ na ɔde sika duraa ho. 16 Ɛno akyi no, ɔde sika amapa yɛɛ nyowa ne nkuruwa ne nyaawa ne mpɔreɛ+ a wɔde bɛhwie afɔrebɔ nsã de sisii pono no so.
17 Ɔde sika amapa yɛɛ kaneadua.+ Ɔboroo sika de yɛɛ kaneadua no maa no nyaa nkorabata, nan, nkuruwa, funuma, ne nhwiren.+ 18 Kaneadua no nyaa nkorabata nsia, kaneadua no nkorabata mmiɛnsa wɔ nifa na nkorabata mmiɛnsa nso wɔ benkum.+ 19 Ɛfã baako wɔ nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren ne funuma ne nhwiren a ɛdidi ebiara akyi. Na ɛfã a aka no nso wɔ nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren ne funuma ne nhwiren a ɛdidi ebiara akyi. Saa na ɔyɛɛ nkorabata nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no nyinaa.+ 20 Na nkuruwa nnan a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren wɔ kaneadua no ankasa ho. Na funuma ne nhwiren a ɛdidi ebiara akyi nso wɔ dua no ho.+ 21 Baabi a nkorabata mmienu pue firi kaneadua no ho no, funuma wɔ aseɛ; na baabi a nkorabata mmienu foforɔ pue no, funuma wɔ aseɛ; na baabi a nkorabata mmienu bio pue no, funuma wɔ aseɛ. Enti ɛwowɔ nkorabata nsia a ɛwɔ kaneadua no ho no nyinaa ase.+ 22 Funuma ne nkorabata a ɛwɔ ho no nyinaa yɛ kaneadua no fã. Na ne nyinaa yɛ sika amapa baako a wɔde adeɛ aborɔ.+ 23 Na ɔde sika amapa yɛɛ nkanea nson, ɛho afagya ne egya nkukuwa.+ 24 Sika amapa dwetikɛseɛ baako na ɔde yɛɛ ɛno ne ɛho nneɛma nyinaa.
25 Afei ɔde ɔkanto dua+ yɛɛ aduhwam bukyia.+ Ɔyɛɛ no ahinanan, kyerɛ sɛ ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa baako. Ne tenten yɛ basafa mmienu. Na ɔyɛɛ mmɛn tuatuaa ho.+ 26 Ɔde sika amapa yɛɛ ho nyinaa, ɛso, ne nkyɛnmu, ne ne mmɛn nyinaa. Na ɔde sika totoo ano hyiaeɛ.+ 27 Afei ɔyɛɛ nkawa mmienu wɔ nkyɛnmu, benkum ne nifa, a wɔde nnua bɛhyehyɛ mu asoa.+ 28 Ɔde ɔkanto dua senee nnua a wɔde bɛsoa, na ɔde sika duraa ho.+ 29 Na ɔsan yɛɛ ɔsra ngo kronkron+ ne aduhwam papa,+ adufrafoɔ nsa ano adwuma.