Exodus
36 “Na Besalel ne Oholiab+ ne obiara a ɔwɔ nyansa akoma a Yehowa ama no nyansa+ ne nimdeɛ+ a ɔde bɛyɛ adwuma kronkron no bɛyɛ deɛ Yehowa ahyɛ nyinaa.”+
2 Enti Mose frɛɛ Besalel ne Oholiab ne obiara a ɔwɔ nyansa akoma a Yehowa de nyansa ahyɛ n’akomam,+ obiara a n’akoma kaa no no, sɛ ɔmmɛyɛ adwuma no bi.+ 3 Afei wɔfaa nneɛma+ a Israelfoɔ no de baa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma kronkron no nyinaa firii Mose anim sɛ wɔde rekɔyɛ adwuma no. Na Israelfoɔ no kɔɔ so ara de ayɛyɛdeɛ brɛɛ no anɔpa biara.
4 Na adwumfoɔ a wɔreyɛ adwuma kronkron no nyinaa gyaee wɔn adwuma baeɛ, 5 na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ no de reba no dɔɔso, na ɛboro adwuma a Yehowa ahyɛ sɛ yɛnyɛ no so.” 6 Ɛnna Mose maa wɔpaee mu kaa no nsraban no nyinaa mu sɛ: “Mmarima ne mmaa, obiara mmfa ntoboa kronkron no bi mmma bio.” Afei wɔmaa nkurɔfoɔ no gyaee nneɛma a wɔde ba no. 7 Ná deɛ wɔanya no bɛsõ adwuma no ama no aboro so.
8 Na wɔn a wɔwɔ nyansa akoma+ a wɔyɛ adwuma no nyinaa firii aseɛ yɛɛ ntomadan+ no. Wɔnwenee nwera, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, ne koogyan de yɛɛ ntoma du a wɔde bɛyɛ ntomadan no; na ɔnwenee Kerubim wom. 9 Ntoma no biara ntwemu yɛ basafa aduonu nwɔtwe na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa nnan. Ntoma no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 10 Na ɔde ntoma nnum toatoaa so yɛɛ no baako,+ na ɔde nnum a aka no nso toatoaa so yɛɛ no baako. 11 Afei ɔde ahoma bruu yɛɛ nhankra totoo ntoma baako ano, na ɔyɛɛ saa ara wɔ ntoma foforɔ no nso ano, baabi a wɔbɛka mmienu no asi animu no.+ 12 Ɔyɛɛ nhankra aduonum wɔ ntoma baako ano, na ɔyɛɛ aduonum wɔ ntoma a aka no nso ano, baabi a wɔbɛka mmienu no asi animu no; enti na hankra ne hankra di nhwɛanimu.+ 13 Na ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa aduonum, na ɔde sosɔɔ ntoma mmienu no mu maa no yɛɛ ntomadan baako.+
14 Afei ɔde abirekyie nwi yɛɛ ntoma dubaako a ɔde bɛkata ntomadan no soɔ.+ 15 Ntoma no biara ntwemu yɛ basafa aduasa, na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa nnan. Ɔsusuu ntoma dubaako no nyinaa pɛpɛɛpɛ.+ 16 Ɔkaa ntoma nnum boom yɛɛ no baako, na ɔkaa nsia a aka no nso boom yɛɛ no baako.+ 17 Afei ɔyɛɛ nhankra aduonum totoo ntoma a waka abom baako no ano, na ɔyɛɛ aduonum wɔ ntoma a aka no nso ano, baabi a wɔde ntoma baako bɛsɔ baako mu no.+ 18 Ɛno akyi no ɔde kɔbere yɛɛ nkawa aduonum de sosɔɔ ntoma mmienu no mu maa no yɛɛ baako.+
19 Afei ɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ nkatasoɔ, na ɔde sukraman nwoma+ nso yɛɛ nkatasoɔ foforɔ guu so.+
20 Ɔsenee ɔkanto nnua+ de sisii ntomadan no anoano. 21 Nnua no biara tenten yɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa baako ne fã.+ 22 Ɔyɛɛ biribi te sɛ mpɛɛwa mmienu de tuatuaa ntomadan nnua no biara ase maa no saa so.+ 23 Enti ɔsenee ntomadan no ho nnua; ɔde aduonu sisii ɛfã a ɛhwɛ Negeb, anafoɔ fam.+ 24 Afei ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ aduanan hyehyɛɛ nnua aduonu no ase. Ɛsiane sɛ dua biara wɔ mpɛɛwa mmienu nti, ɔde nnyinasoɔ mmienu hyɛɛ dua baako ase, na ɔde mmienu hyehyɛɛ nnua a aka no biara ase.+ 25 Na ɔde nnua aduonu nso sisii ntomadan no fã a ɛhwɛ atifi fam+ no, 26 na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ aduanan. Dua baako wɔ nnyinasoɔ mmienu, na nnua a aka no biara nso wɔ nnyinasoɔ mmienu.+
27 Na ɔyɛɛ nnua nsia sisii ntomadan no nkyɛnmu a ɛhwɛ atɔeɛ fam+ no. 28 Na ɔde nnua mmienu sisii ntomadan no ntwea mmienu so wɔ n’akyi.+ 29 Ɔde adeɛ sosɔɔ nnua mmienu no mu ka bɔɔ ho firi fam kɔsii soro, kawa a ɛdi kan no so. Na ɔyɛɛ nnua mmienu a ɛsisi ntomadan no ntwea soɔ no nso saa ara.+ 30 Enti ne nyinaa yɛ nnua nwɔtwe ne nnyinasoɔ dunsia a wɔde dwetɛ ayɛ; dua biara wɔ nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ.+
31 Afei ɔde ɔkanto senee nnua nnum de beabeaa ntomadan nnua no mu wɔ ɛfã baako,+ 32 na ɔde nnua nnum beabeaa mu wɔ ɛfã foforɔ. Na ɔde nnua nnum nso beabeaa ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam+ no. 33 Na ɔde mmeamu a ɛwɔ mfimfini no sɔɔ nnua no mu firi tire kɔsii tire.+ 34 Ɔde sika duraa nnua no ne mmeamu no ho, na nkawa a mmeamu no bɛhyehyɛ mu no nso, ɔde sika yɛeɛ.+
35 Afei ɔde ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera a wɔanwene yɛɛ ntwamutam,+ na wɔnwenee Kerubim+ wom. 36 Na ɔde ɔkanto yɛɛ adum nnan a ɔde bɛsensɛn soɔ, na ɔde sika duraa ho. Ɔde sika yɛɛ ɛho mpɛɛwa, na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ nnan a ɔde adum no bɛsisi soɔ.+ 37 Ɛnna ɔde ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera nwenee ntoma a ɔde bɛsɛn ntomadan no ano.+ 38 Na ɔyɛɛ adum nnum ne ɛho mpɛɛwa. Afei ɔde sika duraa ɛso ne ne nhyiaeɛ so, na nnyinasoɔ nnum no deɛ, ɔde kɔbere na ɛyɛeɛ.+