Exodus
35 Akyire yi Mose frɛɛ Israel asafo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa ahyɛ sɛ yɛnyɛ nie:+ 2 Momfa nnansia nyɛ adwuma,+ na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ da kronkron ma mo, ɛyɛ homeda ma Yehowa, monhome koraa. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no, wɔbɛku no.+ 3 Monnsɔ gya wɔ mo tenabea biara homeda.”
4 Mose toaa so ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, 5 ‘Monyi ntoboa mma Yehowa.+ Obiara a n’akoma ka no+ no mfa nneɛma yi mmrɛ Yehowa: sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere+ 6 ne ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan, nwera pa, ne abirekyie nwi,+ 7 ne adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, ne sukraman nwoma, ne ɔkanto dua, 8 ne ngo a wɔde bɛgu kanea mu, ne balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsra ngo ne aduhwam,+ 9 ne sohamboɔ ne abohene foforɔ a wɔde bɛsisi asɔfotadeɛ+ ne nkataboɔ+ no mu.
10 “‘Na wɔn a wɔwɔ nyansa akoma+ nyinaa mmra mmɛyɛ deɛ Yehowa ahyɛ nyinaa. 11 Wɔmmɛyɛ ntomadan no ne ɛho nneɛma ne ne nkatasoɔ, ɛho nkawa ne nnua ne deɛ wɔde bɛbeabea mu, ɛho adum ne ne nnyinasoɔ; 12 Adaka+ no ne nnua+ a wɔde bɛsoa ne ne mmuasoɔ,+ ne ntwamutam+ a ɛsɛn hɔ no; 13 ɛpono+ no ne nnua a wɔde bɛsoa ne ɛso nneɛma nyinaa, ne paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim;+ 14 ne kaneadua+ no ne ɛho nneɛma ne nkanea a ɛsisi soɔ ne ngo+ a wɔde bɛgu mu; 15 ne bukyia a wɔbɛhye aduhwam wɔ soɔ+ ne nnua a wɔde bɛsoa; ne ɔsra ngo ne aduhwam;+ ne ntoma a ɛsɛn ntomadan no ano; 16 ne bukyia+ a wɔbɛbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne kɔbere nkantankantan a ɛda soɔ, ne nnua a wɔde bɛsoa ne nneɛma a aka nyinaa; ne ɛsɛn+ no ne ne nnyinasoɔ; 17 ne ntoma a ɛsensɛn adihɔ,+ adum a ɛwɔ hɔ ne ne nnyinasoɔ; ne ntoma a ɛsɛn adihɔ no pono ano; 18 ne ntomadan no ho mpɛɛwa ne adihɔ no mpɛɛwa ne ɛho nhoma;+ 19 ne ntadeɛ+ a wɔanwene a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ, ɔsɔfoɔ Aaron ntade kronkron+ ne ntadeɛ a ne mma de bɛsom sɛ asɔfoɔ no.’”
20 Ɛnna Israel asafo no nyinaa firii Mose anim kɔeɛ. 21 Na obiara a n’akoma kaa no+ no baeɛ, na obiara a ne honhom kaa no no yii ntoboa maa Yehowa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne ɛhɔ som adwuma nyinaa ne ntade kronkron no. 22 Mmarima ne mmaa nyinaa, obiara a n’akoma kaa no no baeɛ. Wɔde nkapo ne asomuadeɛ ne nkawa ne mmaa agudeɛ baeɛ; wɔde biribiara a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ baeɛ, kyerɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔde sika kɔkɔɔ brɛ Yehowa sɛ ohim afɔdeɛ no.+ 23 Na obiara de ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan, nwera pa, abirekyie nwi, adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, ne sukraman nwoma a ɔwɔ baeɛ.+ 24 Obiara a ɔyii dwetɛ ne kɔbere sɛ ne ntoboa no de brɛɛ Yehowa, na obiara a ɔwɔ ɔkanto dua no nso de baa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no.
25 Na mmaa a wɔwɔ nimdeɛ+ nyinaa de wɔn nsa too asaawa, na wɔde deɛ wɔtoeɛ no baeɛ, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan, ne nwera pa. 26 Na mmaa a wɔwɔ nimdeɛ a wɔn akoma kaa wɔn nyinaa nso too abirekyie nwi.
27 Deɛ Israel mpanimfoɔ nso de baeɛ ne sohamboɔ ne aboɔ a wɔde bɛsisi asɔfotadeɛ ne nkataboɔ no mu,+ 28 ne balsam ngo ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛyɛ ɔsra ngo ne aduhwam.+ 29 Ɔbarima anaa ɔbaa biara a n’akoma kaa no no de biribi baa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no. Israelfoɔ firi wɔn pɛ mu de ayɛyɛdeɛ brɛɛ Yehowa.+
30 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Hwɛ, Yehowa afrɛ Hur ba Uri ba Besalel+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu. 31 Na ɔde Onyankopɔn honhom ahyɛ no mã, na wama no nyansa ne nteaseɛ ne nimdeɛ a ɛbɛtumi ama no de ahokokwa ayɛ adwuma biara, 32 na ɔbɛyɛ odwumfoɔ a ɔwɔ sika ne dwetɛ ne kɔbere ho nimdeɛ,+ 33 ne adwene a ɛbɛtumi ama no de aboɔ adi adwini na wasene nnua ayɛ nneɛma ahodoɔ.+ 34 Na ɔde ahyɛ n’akomam sɛ ɔnkyerɛkyerɛ, ɔno ne Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu. 35 Na wama wɔn nyansa+ a wɔde bɛyɛ adwumfoɔ adwuma na wɔde asaawa adi adwini,+ na wɔde ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera pa anwene nneɛma, ntomanwemfoɔ a wɔtumi yɛ adwuma biara, nnipa a wɔde wɔn adwene di adwini ahodoɔ.