Exodus
34 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sene aboɔpono mmienu te sɛ kane deɛ no,+ na mɛtwerɛ nsɛm a na ɛwɔ kane apono+ a wobubuu no no+ so agu so. 2 Siesie wo ho twɛn anɔpa, ɛfiri sɛ wobɛba Bepɔ Sinai so anɔpa abɛgyina me nkyɛn wɔ bepɔ no so.+ 3 Nanso mma obiara nnni w’akyi, na mma obi foforɔ biara nnyi ne ti wɔ bepɔ no so.+ Afei nso nantwie anaa odwan biara mmma bepɔ no ho mmmɛdidi.”+
4 Enti Mose senee aboɔpono mmienu te sɛ kane deɛ no, na ɔsɔree anɔpatutuutu faa aboɔpono mmienu no kura kɔɔ Bepɔ Sinai so sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ no no. 5 Na Yehowa nam mununkum mu sianeeɛ,+ na ɔbɛgyinaa ne nkyɛn, na ɔbɔɔ Yehowa din.+ 6 Na Yehowa bɛtwaam n’anim paee mu kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ+ ne ɔdomfoɔ,+ deɛ ne bo kyɛre fuo+ na n’adɔeɛ+ ne ne nokorɛdie+ dɔɔso. 7 Ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.”+
8 Ɛnna Mose yɛɛ ntɛm bɔɔ ne mu ase kotoo fam.+ 9 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim adom a, ɛnneɛ mesrɛ wo ka yɛn ho ma yɛnkɔ,+ ɛfiri sɛ nnipa yi kɔn asene.+ Yehowa, fa yɛn mfomsoɔ ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapadeɛ.”+ 10 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Me ne mo bɛyɛ apam: Mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da wɔ asase anaa ɔman biara soɔ.+ Mɛyɛ yei wɔ wo nkurɔfoɔ nyinaa anim. Na nnipa a wɔka wo ho yi nyinaa bɛhunu Yehowa nnwuma, ɛfiri sɛ deɛ mɛyɛ ama mo no bɛyɛ hu.+
11 “Wo deɛ, di deɛ merehyɛ wo nnɛ yi so.+ Na mɛtu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ afiri w’anim.+ 12 Hwɛ yie na wo ne nnipa a wɔte baabi a worekorɔ no anyɛ apam+ biara na ansum wo fidie.+ 13 Na mommubu wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosom adum no, na montwitwa wɔn abosonnua ngu.+ 14 Nkoto onyame foforɔ+ biara, ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔne obiara nkyɛ ne som.*+ 15 Afei wo ne nnipa a wɔwɔ asase no soɔ no nnyɛ apam, na sɛ wɔne wɔn anyame rebɔ adwaman+ anaa sɛ wɔrebɔ afɔdeɛ ama wɔn anyame+ a, obi amfrɛ wo ankɔdi wɔn abosonnuane no bi.+ 16 Ɛba saa a, wobɛgye wɔn mma mmaa ama wo mma mmarima aware,+ na sɛ wɔn mma mmaa no ne wɔn anyame bɔ adwaman a, wɔbɛma wo mma mmarima no nso ne wɔn anyame no abɔ adwaman.+
18 “Monni paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ no.+ Berɛ a mahyɛ no bosome Abib mu+ no duru a, monni paanoo a mmɔreka nnim no nnanson, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na mofiri Egypt baeɛ.
19 “Deɛ ɛbue yafunu ano biara yɛ me dea,+ na wo mmoa nso, nantwie oo, odwan oo, onini biara a ɔdi kan no yɛ me dea.+ 20 Na afunumu ba a ɔdi kan deɛ, fa odwan sesa,+ anyɛ saa a bu ne kɔn mu. Na wo mma mmarima mu mmakan deɛ, tɔ wɔn.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde nsapan ba m’anim.+
21 “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no home.+ Adɔ berɛ oo, otwa berɛ oo, home.+
22 “Monni adapɛn afahyɛ no, berɛ a mode ayuo a ɛdi kan ba+ no, ne anoboaboa afahyɛ wɔ afe awieeɛ no.+
23 “Afe biara ɔbarima biara bɛba abɛgyina+ Awurade Yehowa, Israel Nyankopɔn nokwafoɔ no, anim mprɛnsa. 24 Na mɛpamo aman no afiri w’anim,+ na mɛma w’asase ayɛ kɛse,+ na sɛ worekɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim mprɛnsa afe biara a, obiara ani remmere w’asase.+
25 “Wokum aboa de bɔ afɔdeɛ ma me a, mfa biribiara a emu aka nka mogya no ho.+ Na mma adeɛ nnkye twam afahyɛ afɔrebɔdeɛ no so.+
26 “Fa w’afuo mu nnepa a wobɛtwa no kane+ no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+
“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.”+
27 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ nsɛm yi to hɔ,+ ɛfiri sɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.”+ 28 Ɔdii Yehowa nkyɛn adaduanan, awia ne anadwo, wɔ hɔ. Aduane ne nsuo biara anka n’ano.+ Na ɔtwerɛɛ Nsɛm Du a ɛyɛ apam no ho nsɛm no wɔ aboɔpono no so.+
29 Afei berɛ a Mose firi Bepɔ Sinai so resiane no, na Adanseɛ apono mmienu no kura no.+ Ná Mose nnim sɛ kasa a ɔne no kasaeɛ no ama n’anim wedeɛ ayɛ hyɛnn.+ 30 Berɛ a Aaron ne Israelfoɔ no hunuu Mose no, na n’anim wedeɛ ayɛ hyɛnn, enti na wɔsuro sɛ wɔbɛbɛn no.+
31 Afei Mose frɛɛ wɔn. Na Aaron ne Israel mpanimfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔne wɔn kasaeɛ. 32 Ɛno akyi no Israelfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔde ahyɛdeɛ a Yehowa de maa no Bepɔ Sinai soɔ no nyinaa too wɔn anim.+ 33 Sɛ Mose ne wɔn kasa wie a, na ɔde adeɛ akata n’anim.+ 34 Nanso sɛ ɔkɔ Yehowa anim sɛ ɔne no rekɔkasa a, ɔyi nkatanimu no kɔsi sɛ ɔbɛfiri n’anim akɔ.+ Na deɛ ɔbɛhyɛ no biara ɔkɔka kyerɛ Israelfoɔ no.+ 35 Israelfoɔ no hunuu sɛ Mose anim ayɛ hyɛnn;+ na Mose san kataa n’anim kɔsii sɛ ɔne no kɔkasaa bio.+