Exodus
34 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sene abopono mmienu te sɛ kane deɛ+ a wobubuu no no,+ na mɛtwerɛ nsɛm a na ɛwɔ so no agu so.+ 2 Yɛ ahoboa ma anɔpa, ɛfiri sɛ wobɛba Sinai Bepɔ so anɔpa abɛgyina m’anim wɔ bepɔ no so.+ 3 Nanso mma obiara nnni w’akyi mma bepɔ no so, na mma obi foforɔ biara mmɛn hɔ. Ɛnsɛ sɛ anantwie anaa nnwan mpo ba bepɔ no ho bɛdidi.”+
4 Enti Mose senee abopono mmienu te sɛ kane deɛ no, na ɔsɔree anɔpatutuutu faa abopono mmienu no kura kɔɔ Sinai Bepɔ so sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. 5 Ɛnna Yehowa nam mununkum mu siane baa hɔ,+ na ɔbɛgyinaa ne nkyɛn, na ɔbɔɔ Yehowa din.+ 6 Yehowa bɛtwaam wɔ n’anim kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehyeɛ,*+ deɛ ne bo mfu ntɛm,+ deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ+ nni ano, na ne nokorɛdie+ dɔɔso. 7 Ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne kyɛ,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni da.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.”+
8 Ɛnna Mose yɛɛ ntɛm bɔɔ ne mu ase kotoo fam. 9 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim adom a, ɛnneɛ mesrɛ wo, Yehowa, ɛwom sɛ yɛn aso yɛ den*+ deɛ, nanso ka yɛn ho ma yɛnkɔ,+ na fa yɛn mfomsoɔ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapadeɛ.” 10 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Me ne mo reyɛ apam: Mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da wɔ asaase anaa ɔman biara so. Mɛyɛ wei wɔ wo nkurɔfoɔ nyinaa anim.+ Na nnipa a wɔatwa mo ho ahyia nyinaa bɛhu Yehowa nnwuma, ɛfiri sɛ deɛ mɛyɛ ama mo no bɛma obiara ho adwiri no.+
11 “Deɛ mereka akyerɛ wo nnɛ yi, tie no yie.+ Merebɛtu Amorifoɔ, Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ afiri w’anim.+ 12 Hwɛ yie na wo ne nnipa a wɔte baabi a worekɔ no ankɔyɛ apam biara+ na ansum wo fidie.+ 13 Mmom mommubu wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosom adum, na montwitwa wɔn abosonnua* ngu.+ 14 Nkoto onyame foforɔ biara,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛ obi a ɔmpɛ* sɛ wɔsom obiara ka ne ho.* Ampa, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ 15 Hwɛ yie na wo ne nnipa a wɔwɔ asaase no so anyɛ apam, ɛfiri sɛ sɛ wɔne wɔn anyame bɔ adwaman na wɔbɔ afɔreɛ ma wɔn anyame a,+ obi bɛfrɛ wo ama woakɔdi wɔn abosonnuane no bi.+ 16 Ɛba saa a, sɛdeɛ ɛteɛ biara wobɛma wɔn mma mmaa aware wo mma mmarima,+ na sɛ wɔn mma mmaa no ne wɔn anyame bɔ adwaman a, wɔbɛma wo mma mmarima no nso ne wɔn anyame abɔ adwaman.+
17 “Ɛnsɛ sɛ woyɛ dadeɛ honi biara.+
18 “Monni Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no, sɛ berɛ a mahyɛ wɔ bosome Abib*+ mu no duru a, monni paanoo a mmɔka nnim nnanson, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na mofiri Egypt baeɛ. Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.
19 “Abakan a ɔyɛ ɔbarima* biara yɛ me dea,+ na wo nyɛmmoa nso, onini a ɔdi kan biara, nantwie oo, odwan oo,+ ɛyɛ me dea. 20 Afunumu ba a ɔdi kan deɛ, fa odwan sesa, anyɛ saa a bu ne kɔn mu. Wo babarima biara a ɔyɛ abakan deɛ, tɔ no.+ Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.
21 “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, home;*+ sɛ ɛyɛ adɔ berɛ anaa twaberɛ mpo a, home.
22 “Monni Nnawɔtwe Afahyɛ no; sɛ moredi a, momfa hwiit a mobɛdi kan atwa no mmra. Afei monni Anoboaboa Afahyɛ* no wɔ afe no awieeɛ.+
23 “Afe biara, ɔbarima biara a ɔwɔ wo mu bɛba abɛgyina nokorɛ Awurade Yehowa, Israel Nyankopɔn no anim mprɛnsa.+ 24 Mɛpamo aman no afiri w’anim,+ na mɛma w’asaase ayɛ kɛse, na afe biara, mprɛnsa a wobɛkɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim no, obiara ani remmere w’asaase.
25 “Wokum aboa de bɔ afɔreɛ ma me a, mfa biribiara a mmɔka wom nka mogya no ho mma me.+ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ no, mma adeɛ nnkye so.+
26 “Fa w’afuo mu aba pa a wobɛdi kan atwa no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+
“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.”+
27 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ nsɛm yi to hɔ,+ ɛfiri sɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.”+ 28 Ɔdii Yehowa nkyɛn nnafua 40, awia ne anadwo. Aduane ne nsuo biara anka n’ano.+ Na ɔtwerɛɛ* Mmara Nsɛm Du* a ɛyɛ apam no ho nsɛm no wɔ abopono no so.+
29 Afei Mose siane firii Sinai Bepɔ so, na ɔreba no, na ɔkura Adanseɛ Abopono mmienu no.+ Berɛ a Mose firi bepɔ no so baeɛ no, na ɔnnim sɛ Onyankopɔn a ɔne no kasaeɛ nti, n’anim rehyerɛn. 30 Berɛ a Aaron ne Israelfoɔ nyinaa huu Mose no, wɔhuu sɛ n’anim rehyerɛn, enti na wɔsuro sɛ wɔbɛbɛn no.+
31 Nanso Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne Israel mpanimfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔne wɔn kasaeɛ. 32 Ɛno akyi no, Israelfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔde ahyɛdeɛ a Yehowa de maa no wɔ Sinai Bepɔ so no nyinaa too wɔn anim.+ 33 Sɛ Mose ne wɔn kasa wie a, na ɔde adeɛ akata n’anim.+ 34 Nanso sɛ ɔrekɔ Yehowa anim ne no akɔkasa a, na wayi nkataanimu no kɔsi sɛ ɔbɛfiri n’anim.+ Deɛ ɔbɛka akyerɛ no biara, na wabɛka akyerɛ Israelfoɔ no.+ 35 Sɛ Israelfoɔ no hu sɛ Mose anim rehyerɛn a, na Mose asan akata n’anim kɔsi sɛ ɔne Onyankopɔn* bɛkɔ akɔkasa bio.+