16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi duru asaase a wɔrekɔ so no so a, wɔbɛfiri aseɛ ne anyame foforɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ adwaman.*+ Wɔbɛfiri m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛeɛ no so.+
17 Nanso atemmufoɔ no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforɔ bɔɔ adwaman, na wɔkotoo wɔn. Ɛkwan a wɔn agyanom a wɔdii Yehowa ahyɛdeɛ so faa so no, wɔmane firii so ntɛm koraa.+ Wɔansuasua wɔn agyanom no.
2 Aman a wɔfiri mu no, na Yehowa aka akyerɛ Israelfoɔ sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,* na mommma wɔn nso mmma mo mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛdane mo akoma ama moakɔdi anyame foforɔ akyi.”+ Nanso Solomon de ne ho kɔbataa wɔn ho dɔɔ wɔn.
26 Ɛnyɛ saa nneɛma yi ara na ɛmaa Israel hene Solomon yɛɛ bɔne? Ná ɔhene biara nte sɛ ɔno+ amanaman no mu; ne Nyankopɔn dɔɔ no,+ ma enti Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene. Ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.+