Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Yehowa bɔfoɔ bɔɔ wɔn kɔkɔ (1-5)

      • Yosua wui (6-10)

      • Wɔmaa Israelfoɔ atemmufoɔ a wɔbɛgye wɔn (11-23)

Atemmufoɔ 2:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Mede mo foro firii.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:20, 23; Yos 5:13, 14
  • +Yos 5:8, 9
  • +Ge 12:7; 26:3
  • +Ge 17:1, 7; Le 26:42

Atemmufoɔ 2:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:32; De 7:2; 2Ko 6:14
  • +Ex 34:13; Nu 33:52
  • +Ate 1:28

Atemmufoɔ 2:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:20-23
  • +Nu 33:55; Yos 23:12, 13
  • +Ex 23:33; De 7:16; 1Ah 11:2

Atemmufoɔ 2:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛkyerɛ, “Wɔn a Wɔsuiɛ.”

Atemmufoɔ 2:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 24:28

Atemmufoɔ 2:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 23:3; 24:31

Atemmufoɔ 2:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 24:29

Atemmufoɔ 2:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 19:49, 50
  • +Yos 24:30

Atemmufoɔ 2:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛyɛ kasakoa a ɛgyina hɔ ma owuo.

Atemmufoɔ 2:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:7; 10:6; 1Ah 18:17, 18

Atemmufoɔ 2:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 31:16
  • +De 6:14
  • +Ex 20:5

Atemmufoɔ 2:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:7; 10:6; 1Ah 11:5

Atemmufoɔ 2:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:8; 2Ah 17:20; Dw 106:40, 41
  • +Ate 4:2
  • +Le 26:17, 37; De 28:15, 25

Atemmufoɔ 2:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Yehowa nsa di tiaa wɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:15
  • +De 4:25, 26
  • +Ate 10:9

Atemmufoɔ 2:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:9; 1Sa 12:11; Ne 9:27; Dw 106:43

Atemmufoɔ 2:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:7

Atemmufoɔ 2:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔsii apini.”

  • *

    Anaa “ɔnuu ne ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:9
  • +Ate 4:3
  • +De 32:36; Dw 106:45

Atemmufoɔ 2:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:1; 8:33

Atemmufoɔ 2:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:4; Ate 10:7; Dw 106:40
  • +Ex 24:3, 8; 34:27; De 29:1; Yos 23:16
  • +Le 26:14, 17

Atemmufoɔ 2:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 13:1, 2

Atemmufoɔ 2:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 33:55; De 8:2; Yos 23:12, 13; Ate 3:4

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 2:1Ex 23:20, 23; Yos 5:13, 14
Atem. 2:1Yos 5:8, 9
Atem. 2:1Ge 12:7; 26:3
Atem. 2:1Ge 17:1, 7; Le 26:42
Atem. 2:2Ex 23:32; De 7:2; 2Ko 6:14
Atem. 2:2Ex 34:13; Nu 33:52
Atem. 2:2Ate 1:28
Atem. 2:3Ate 2:20-23
Atem. 2:3Nu 33:55; Yos 23:12, 13
Atem. 2:3Ex 23:33; De 7:16; 1Ah 11:2
Atem. 2:6Yos 24:28
Atem. 2:7Yos 23:3; 24:31
Atem. 2:8Yos 24:29
Atem. 2:9Yos 19:49, 50
Atem. 2:9Yos 24:30
Atem. 2:11Ate 3:7; 10:6; 1Ah 18:17, 18
Atem. 2:12De 31:16
Atem. 2:12De 6:14
Atem. 2:12Ex 20:5
Atem. 2:13Ate 3:7; 10:6; 1Ah 11:5
Atem. 2:14Ate 3:8; 2Ah 17:20; Dw 106:40, 41
Atem. 2:14Ate 4:2
Atem. 2:14Le 26:17, 37; De 28:15, 25
Atem. 2:15De 28:15
Atem. 2:15De 4:25, 26
Atem. 2:15Ate 10:9
Atem. 2:16Ate 3:9; 1Sa 12:11; Ne 9:27; Dw 106:43
Atem. 2:17Ate 2:7
Atem. 2:18Ate 3:9
Atem. 2:18Ate 4:3
Atem. 2:18De 32:36; Dw 106:45
Atem. 2:19Ate 4:1; 8:33
Atem. 2:20De 7:4; Ate 10:7; Dw 106:40
Atem. 2:20Ex 24:3, 8; 34:27; De 29:1; Yos 23:16
Atem. 2:20Le 26:14, 17
Atem. 2:21Yos 13:1, 2
Atem. 2:22Nu 33:55; De 8:2; Yos 23:12, 13; Ate 3:4
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 2:1-23

Atemmufoɔ

2 Afei Yehowa bɔfoɔ+ foro firii Gilgal+ kɔɔ Bokim, na ɔkaa sɛ: “Meyii mo firii* Egypt baa asaase a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no+ so. Na mekaa sɛ, ‘Meremmu apam a me ne mo ayɛ no so da.+ 2 Na mo nso, mo ne asaase yi sofoɔ nnyɛ apam biara,+ na wɔn afɔrebukyia nso, mommubu ngu.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Adɛn nti na moyɛ saa? 3 Ɛno nti mesan kaa sɛ, ‘Merempamo wɔn mfiri mo anim,+ na wɔbɛyɛ fidie ama mo,+ na wɔn anyame bɛdaadaa mo.’”+

4 Berɛ a Yehowa bɔfoɔ no kaa asɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no, wɔfirii aseɛ suu dendeenden. 5 Enti wɔtoo hɔ din Bokim,* na wɔbɔɔ afɔreɛ wɔ hɔ maa Yehowa.

6 Berɛ a Yosua gyaa Israelfoɔ no kwan no, obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so kɔgyee n’asaase.+ 7 Na Israelfoɔ no kɔɔ so som Yehowa, nna a Yosua tenaa ase nyinaa ne mpanimfoɔ a Yosua wuo akyi na wɔda so te ase no nna nyinaa mu, mpanimfoɔ a wɔhuu nnwuma akɛseɛ a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa no.+ 8 Afei, Yehowa akoa Yosua a ɔyɛ Nun ba no wui berɛ a na wadi mfeɛ 110.+ 9 Na wɔsiee no wɔ asaase a ɛyɛ n’agyapadeɛ so wɔ Timnat-Heres.+ Ɛwɔ Efraim mmepɔ mu wɔ Gaase Bepɔ atifi fam.+ 10 Wɔde saa awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa kɔkaa wɔn agyanom ho.* Na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi bae a na wɔnnim Yehowa anaa deɛ wayɛ ama Israelfoɔ no.

11 Enti Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔsom Baal ahoni.+ 12 Wɔgyaa Yehowa hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so baeɛ no.+ Na wɔkɔdii anyame foforɔ akyi, aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame.+ Wɔkotoo wɔn, na wɔhyɛɛ Yehowa abufuo.+ 13 Wɔgyaa Yehowa hɔ kɔsom Baal ne Astoret ahoni.+ 14 Enti Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔde wɔn hyɛɛ nnipabɔnefoɔ a wɔfom nneɛma nsa maa wɔfom wɔn nneɛma.+ Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a atwa wɔn ho ahyia+ no, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+ 15 Baabi a wɔkɔeɛ biara, Yehowa ko tiaa wɔn,* na ɔde amanehunu baa wɔn so+ sɛdeɛ na Yehowa aka sɛ ɔbɛyɛ, ne sɛdeɛ na Yehowa aka wɔn ntam no,+ na wɔhunuu amane papaapa.+ 16 Ɛno nti, Yehowa maa wɔn atemmufoɔ a na wɔgye wɔn firi wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nsam.+

17 Nanso atemmufoɔ no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforɔ bɔɔ adwaman, na wɔkotoo wɔn. Ɛkwan a wɔn agyanom a wɔdii Yehowa ahyɛdeɛ so faa so no, wɔmane firii so ntɛm koraa.+ Wɔansuasua wɔn agyanom no. 18 Berɛ biara a Yehowa bɛma wɔn ɔtemmufoɔ no,+ na Yehowa di ɔtemmufoɔ no akyi, na na ɔgye wɔn firi wɔn atamfo nsam wɔ ɔtemmufoɔ no nna nyinaa mu. Yehowa yɛɛ saa, ɛfiri sɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ dii wɔn ani na wɔteetee wɔn maa wɔtee nisuo*+ no, ɛyɛɛ no mmɔbɔ.*+

19 Nanso sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, na wɔsan yɛ akyiwadeɛ a ɛsene deɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, na na wɔkɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn koto wɔn.+ Wɔansesa wɔn akwan, na wɔannyae wɔn subammɔne no. 20 Afei Yehowa bo fuu Israel dendeenden,+ na ɔkaa sɛ: “Ɛsiane sɛ ɔman yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so+ na wɔantie me+ nti, 21 me nso, aman a Yosua anni wɔn so nkonim ansa na ɔrewu no, merempamo baako mpo mfiri wɔn anim.+ 22 Wɔbɛsɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛfa Yehowa kwan so+ sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no anaa.” 23 Enti Yehowa maa aman yi kaa hɔ. Wampamo wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane