Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 3
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Yehowa sɔɔ Israelfoɔ hwɛe (1-6)

      • Otniel, ɔtemmufoɔ a ɔdi kan (7-11)

      • Ɔtemmufoɔ Ehud kum Ɔhene Eglon a na ɔso paa no (12-30)

      • Ɔtemmufoɔ Samgar (31)

Atemmufoɔ 3:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 8:2; Ate 2:10

Atemmufoɔ 3:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Hamat kwan ano.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 1:18, 19
  • +Yos 13:1, 4; Ate 1:31
  • +Yos 9:1, 2
  • +Yos 13:1, 6
  • +Nu 34:2, 8; Yos 13:1, 5

Atemmufoɔ 3:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:33; Ate 2:21, 22

Atemmufoɔ 3:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 1:29; Dw 106:34

Atemmufoɔ 3:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 34:15, 16; Nu 25:1, 2; De 7:3, 4; 1Ah 11:1, 4

Atemmufoɔ 3:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 31:16; Ate 2:11; 10:6
  • +Ex 34:13; De 12:3; 16:21

Atemmufoɔ 3:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Aram-Naharaim.”

Atemmufoɔ 3:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:30; Ate 10:10, 15
  • +Ate 2:16, 18; 3:15
  • +1Be 4:13

Atemmufoɔ 3:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Aram.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 11:16, 17; Ate 6:34; 11:29; 14:5, 6; 15:14; 1Sa 11:6; 16:13; 2Be 15:1

Atemmufoɔ 3:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asaase no homee.”

Atemmufoɔ 3:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:19
  • +Ge 19:36, 37

Atemmufoɔ 3:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 19:36, 38; Ate 11:4, 5
  • +Ex 17:8; Ate 6:3
  • +De 34:3

Atemmufoɔ 3:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:48

Atemmufoɔ 3:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 78:34
  • +Ate 3:9
  • +Ate 4:1
  • +Ge 49:27
  • +Ate 20:15, 16

Atemmufoɔ 3:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ basafa tiatia a ne tenten yɛ sɛnt. 38 (ntk. 15). Hwɛ Nkh. B14.

Atemmufoɔ 3:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baabi a wɔpae aboɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 4:19; 5:8, 9

Atemmufoɔ 3:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “n’adwa.”

Atemmufoɔ 3:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “tokuwa no mu.”

Atemmufoɔ 3:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔreyɛ ne ho yie.” Nt., “ɔrekata ne nan ho.”

Atemmufoɔ 3:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “asaase so.”

Atemmufoɔ 3:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baabi a wɔpae aboɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:19

Atemmufoɔ 3:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:34; 1Sa 13:3
  • +Ate 7:24

Atemmufoɔ 3:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:7
  • +Le 26:7, 8

Atemmufoɔ 3:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asaase no homee.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:11

Atemmufoɔ 3:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛyɛ abaa a ano yɛ feafea a wɔde ka anantwie.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 5:6
  • +Ate 15:3, 15; 1Sa 17:47, 50
  • +Yos 13:1, 2

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 3:1De 8:2; Ate 2:10
Atem. 3:3Ate 1:18, 19
Atem. 3:3Yos 13:1, 4; Ate 1:31
Atem. 3:3Yos 9:1, 2
Atem. 3:3Yos 13:1, 6
Atem. 3:3Nu 34:2, 8; Yos 13:1, 5
Atem. 3:4Ex 23:33; Ate 2:21, 22
Atem. 3:5Ate 1:29; Dw 106:34
Atem. 3:6Ex 34:15, 16; Nu 25:1, 2; De 7:3, 4; 1Ah 11:1, 4
Atem. 3:7De 31:16; Ate 2:11; 10:6
Atem. 3:7Ex 34:13; De 12:3; 16:21
Atem. 3:9De 4:30; Ate 10:10, 15
Atem. 3:9Ate 2:16, 18; 3:15
Atem. 3:91Be 4:13
Atem. 3:10Nu 11:16, 17; Ate 6:34; 11:29; 14:5, 6; 15:14; 1Sa 11:6; 16:13; 2Be 15:1
Atem. 3:12Ate 2:19
Atem. 3:12Ge 19:36, 37
Atem. 3:13Ge 19:36, 38; Ate 11:4, 5
Atem. 3:13Ex 17:8; Ate 6:3
Atem. 3:13De 34:3
Atem. 3:14De 28:48
Atem. 3:15Dw 78:34
Atem. 3:15Ate 3:9
Atem. 3:15Ate 4:1
Atem. 3:15Ge 49:27
Atem. 3:15Ate 20:15, 16
Atem. 3:19Yos 4:19; 5:8, 9
Atem. 3:26Ate 3:19
Atem. 3:27Ate 6:34; 1Sa 13:3
Atem. 3:27Ate 7:24
Atem. 3:29De 28:7
Atem. 3:29Le 26:7, 8
Atem. 3:30Ate 3:11
Atem. 3:31Ate 5:6
Atem. 3:31Ate 15:3, 15; 1Sa 17:47, 50
Atem. 3:31Yos 13:1, 2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 3:1-31

Atemmufoɔ

3 Aman yi na Yehowa gyaa wɔn wɔ asaase no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Israelfoɔ ahwɛ, Israelfoɔ a wɔanhunu ɛko a ɛkɔɔ so wɔ Kaanan no bi no+ 2 (ná wei bɛma Israel awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba akyire yi a wɔnkɔɔ ɛko da no ahunu sɛdeɛ ɛko teɛ): 3 Filistifoɔ ahemfo nnum no,+ ne Kaananfoɔ nyinaa, ne Sidonfoɔ,+ ne Hiwifoɔ+ a wɔte Lebanon Bepɔ so,+ ɛfiri Baal-Hermon Bepɔ ho kɔsi Lebo-Hamat.*+ 4 Wɔde wɔn sɔɔ Israelfoɔ hwɛɛ sɛ wɔbɛdi mmara a Yehowa nam Mose so de maa wɔn agyanom no so anaa.+ 5 Enti Israelfoɔ tenaa Kaananfoɔ,+ Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ mu. 6 Wɔwaree wɔn mma mmaa, na wɔde wɔn mma mmaa nso maa wɔn mma mmarima, na wɔfirii aseɛ som wɔn anyame.+

7 Enti Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ fii Yehowa wɔn Nyankopɔn no, na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.*+ 8 Wei nti, Yehowa bo fuu Israelfoɔ dendeenden, na ɔtɔn wɔn maa Mesopotamia* hene Kusan-Risataim. Na Israelfoɔ som Kusan-Risataim mfeɛ nwɔtwe. 9 Berɛ a Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn no,+ Yehowa maa Israelfoɔ no ɔgyefoɔ bi sɛ ɔnnye wɔn.+ Ɔno ne Otniel,+ Kaleb nua kumaa Kenas ba no. 10 Yehowa honhom baa ne so,+ na ɔbɛyɛɛ Israel temmufoɔ. Na berɛ a ɔkɔɔ ko no, Yehowa de Mesopotamia* hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa, na ɔdii Kusan-Risataim so nkonim. 11 Ɛno akyi no, asomdwoeɛ baa asaase no so* mfeɛ 40. Na Kenas ba Otniel wui.

12 Na Israelfoɔ firii aseɛ yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio.+ Enti Yehowa maa Moab+ hene Eglon dii Israel so nkonim, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so. 13 Bio nso, ɔde Ammonfoɔ+ ne Amalekfoɔ+ baa wɔn so. Wɔto hyɛɛ Israel so, na wɔfaa mmɛ kuro+ no. 14 Na Israelfoɔ som Moab hene Eglon mfeɛ 18.+ 15 Afei Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn.+ Enti Yehowa maa wɔn ɔgyefoɔ bi.+ Ɔno ne Ehud,+ Gera ba no. Ná ɔyɛ Benyaminni+ a ɔyɛ abenkumma.+ Akyire yi, Israelfoɔ maa no de akyɛdeɛ kɔmaa Moab hene Eglon. 16 Ansa na Ehud rekɔ no, ɔyɛɛ sekan anofanu a ne tenten yɛ basafa* baako. Ɔde bɔɔ n’ataaso wɔ nifa so, na ɔkaa n’ataadeɛ guu so. 17 Afei ɔde akyɛdeɛ no kɔmaa Moab hene Eglon. Ná Eglon so paa.

18 Berɛ a Ehud de akyɛdeɛ no maa no wieeɛ no, ɔgyaa wɔn a wɔsoaa akyɛdeɛ no kɔeɛ no kwan. 19 Nanso berɛ a wɔkɔduruu baabi a ahoni a wɔasene no wɔ* wɔ Gilgal+ no, Ehud san n’akyi kɔkaa sɛ: “O ɔhene, mepɛ sɛ me ne wo ka asomsɛm bi.” Enti ɔhene no kaa sɛ: “Obiara nyɛ komm!” Ɔkaa saa no, n’asomfoɔ no nyinaa pue kɔe. 20 Ɛnna Ehud kɔɔ ɔhene nkyɛn berɛ a ɔno nko ara te n’aborosan so pia mu, baabi a ɛhɔ dwo no. Na Ehud ka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn se memmɛka asɛm bi nkyerɛ wo.” Enti ɔsɔre firii n’ahennwa* so. 21 Ɛnna Ehud de ne nsa benkum twee sekan no firii n’ataaso wɔ ne nifa so, na ɔde wɔɔ ɔhene no yam. 22 Na sekan no ne ne ti no nyinaa wuraa ne yam, na sradeɛ yɛɛ sekan no ho nyinaa, ɛfiri sɛ wantwe sekan no amfiri ne yam, na tiafi dii so bae. 23 Na Ehud pue faa abrannaa no so,* na ɔtotoo aborosan so pia no apono mu wɔ n’akyi, na ɔde safoa too mu. 24 Berɛ a Ehud kɔeɛ no, ɔhene no asomfoɔ no san bae, na wɔbɛhuu sɛ wɔatoto aborosan so pia apono no mu. Enti wɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ɔregya n’anan* wɔ pia mu hɔ, baabi a ɛhɔ dwo no.” 25 Wɔgyinaa hɔ kyɛe, afei na wɔayɛ basaa. Berɛ a wɔtwɛnee ara a wammue aborosan so pia no apono no, wɔfaa safoa buee pono no, na wɔhuu sɛ wɔn hene no abu ahwe fam* awu!

26 Berɛ a wɔgyinagyina hɔ a wɔnhunu deɛ wɔnyɛ no, na Ehud kɔ dadaada. Ɔdwane kɔfaa ahoni a wɔasene*+ no ho, na ɔkɔduruu Seira dwoodwoo. 27 Berɛ a ɔduruu hɔ no, ɔbɔɔ abɛn+ wɔ Efraim mmepɔ+ no so, na ɔdii Israelfoɔ no anim ne wɔn siane firii mmepɔ no mu. 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monni m’akyi, ɛfiri sɛ Yehowa de mo atamfo Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa.” Enti wɔdii n’akyi, na wɔko faa baabi a wɔfa twa Yordan nsuo no, na wɔsii Moabfoɔ no kwan, na wɔamma obiara antwa. 29 Saa berɛ no, wɔkunkum Moabfoɔ bɛyɛ 10,000;+ wɔn nyinaa yɛ mmarima akantinka ahoɔdenfoɔ; baako mpo antumi annwane.+ 30 Saa da no, Israel dii Moab so nkonim, na asomdwoeɛ baa asaase no so* mfeɛ 80.+

31 N’akyi no, Samgar,+ Anat babarima no nso bae. Ɔno na ɔde nantwie poma*+ kunkum Filistifoɔ mmarima 600 no;+ ɔno nso gyee Israelfoɔ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane