Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 4
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Kaananfoɔ hene Yabin teetee Israelfoɔ (1-3)

      • Odiyifoɔbaa Debora ne Ɔtemmufoɔ Barak (4-16)

      • Yael kum ɔsahene Sisera (17-24)

Atemmufoɔ 4:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:19

Atemmufoɔ 4:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “amanaman no Haroset.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:14; 3:8; 10:7
  • +Ate 4:16

Atemmufoɔ 4:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔwɔ.”

  • *

    Anaa “nnadeɛ nteaseɛnam 900.”

  • *

    Anaa “ɔdii Israelfoɔ no ani.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:18; 3:9; Dw 107:19
  • +Yos 17:16; Ate 1:19
  • +De 28:48

Atemmufoɔ 4:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, na ɔka Onyankopɔn atemmuo kyerɛ ɔman no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 15:20; 2Ah 22:14; Lu 2:36; Aso 21:8, 9

Atemmufoɔ 4:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Debora abɛdua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 18:21, 25
  • +Ge 28:17, 19

Atemmufoɔ 4:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Fa wo mmarima no kɔgu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 21:32
  • +Heb 11:32

Atemmufoɔ 4:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Kison subɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 18:40; Dw 83:9
  • +De 20:1

Atemmufoɔ 4:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:21, 22; 5:24, 26
  • +Yos 20:7, 9; 21:32

Atemmufoɔ 4:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 5:18

Atemmufoɔ 4:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 24:21; Ate 1:16; 1Sa 15:6
  • +Nu 10:29

Atemmufoɔ 4:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:6

Atemmufoɔ 4:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nnadeɛ nteaseɛnam 900.”

  • *

    Anaa “amanaman no Haroset.”

  • *

    Anaa “Kison subɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 5:20, 21

Atemmufoɔ 4:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Barak sekan anim.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:24; Yos 10:10

Atemmufoɔ 4:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “amanaman no Haroset.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:7

Atemmufoɔ 4:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:11
  • +Ate 5:24
  • +Ate 4:1, 2

Atemmufoɔ 4:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “toa a wɔde aboa nwoma ayɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 5:25

Atemmufoɔ 4:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:9; 5:26, 27

Atemmufoɔ 4:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 11:32, 33

Atemmufoɔ 4:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 9:25
  • +De 7:24

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 4:1Ate 2:19
Atem. 4:2Ate 2:14; 3:8; 10:7
Atem. 4:2Ate 4:16
Atem. 4:3Ate 2:18; 3:9; Dw 107:19
Atem. 4:3Yos 17:16; Ate 1:19
Atem. 4:3De 28:48
Atem. 4:4Ex 15:20; 2Ah 22:14; Lu 2:36; Aso 21:8, 9
Atem. 4:5Yos 18:21, 25
Atem. 4:5Ge 28:17, 19
Atem. 4:6Yos 21:32
Atem. 4:6Heb 11:32
Atem. 4:71Ah 18:40; Dw 83:9
Atem. 4:7De 20:1
Atem. 4:9Ate 4:21, 22; 5:24, 26
Atem. 4:9Yos 20:7, 9; 21:32
Atem. 4:10Ate 5:18
Atem. 4:11Nu 24:21; Ate 1:16; 1Sa 15:6
Atem. 4:11Nu 10:29
Atem. 4:12Ate 4:6
Atem. 4:13Ate 5:20, 21
Atem. 4:15Ex 14:24; Yos 10:10
Atem. 4:16Le 26:7
Atem. 4:17Ate 4:11
Atem. 4:17Ate 5:24
Atem. 4:17Ate 4:1, 2
Atem. 4:19Ate 5:25
Atem. 4:21Ate 4:9; 5:26, 27
Atem. 4:23Heb 11:32, 33
Atem. 4:24Ge 9:25
Atem. 4:24De 7:24
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 4:1-24

Atemmufoɔ

4 Nanso berɛ a Ehud wuiɛ no, Israelfoɔ no san yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio.+ 2 Enti Yehowa tɔn wɔn maa Kaanan hene Yabin+ a na ɔdi hene wɔ Hasor no. Ná ne sahene ne Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim*+ no. 3 Na Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn,+ ɛfiri sɛ na Yabin wɔ* ɛko nteaseɛnam 900 a sekan tuatua ho,*+ na ɔde Israelfoɔ no faa ateetee mu*+ mfeɛ 20.

4 Saa berɛ no, Lapidot yere Debora a ɔyɛ odiyifoɔbaa+ no na na ɔbu atɛn* wɔ Israel. 5 Ná Debora taa tena n’abɛdua* ase wɔ Rama+ ne Betel+ ntam wɔ Efraim mmepɔ so, na na Israelfoɔ no foro kɔ ne nkyɛn kɔtie atemmuo. 6 Ɔsoma kɔɔ Kedes-Naftali+ kɔfrɛɛ Abinoam ba Barak+ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa aka sɛ: ‘Kɔ, nante kɔ* Tabor Bepɔ so. Worekɔ a, fa mmarima 10,000 firi Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu ka wo ho kɔ. 7 Na mede Yabin sahene Sisera ne ne ko nteaseɛnam ne n’asraafoɔ bɛbrɛ wo wɔ Kison nsuo*+ no ho, na mede no bɛhyɛ wo nsa.’”+

8 Ɛnna Barak ka kyerɛɛ Debora sɛ: “Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnneɛ mɛkɔ, na sɛ wo ne me ankɔ a, me nso merenkɔ.” 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ deɛ, me ne wo bɛkɔ. Nanso ɛko a worekɔ no remma wonnya animuonyam, ɛfiri sɛ ɔbaa na Yehowa de Sisera bɛhyɛ ne nsa.”+ Afei Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.+ 10 Barak boaboaa Sebulonfoɔ ne Naftalifoɔ+ ano baa Kedes, na mmarima 10,000 dii n’akyi. Debora nso kaa ne ho foro kɔɔ bi.

11 Saa berɛ no, na Kenini+ bi a ɔde Heber ate ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose ase+ Hobab mma no ho, na ɔkɔsii ne ntomadan wɔ dua kɛseɛ no ho wɔ Saananim wɔ Kedes.

12 Na nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor Bepɔ+ so. 13 Ntɛm ara na Sisera boaboaa ne ko nteaseɛnam nyinaa ano, nteaseɛnam 900 a sekan tuatua ho* no, na ɔboaboaa asraafoɔ a wɔka ne ho nyinaa ano firi Haroset-Hagoyim* baa Kison nsuo*+ no ho. 14 Afei Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: “Sɔre, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na Yehowa de Sisera bɛhyɛ wo nsa. Adɛn, ɛnyɛ Yehowa na ɔredi w’anim?” Na Barak siane firii Tabor Bepɔ so, na na mmarima 10,000 di n’akyi. 15 Na Yehowa maa Sisera ne ne ko nteaseɛnam nyinaa ne n’asraafoɔ nyinaa ani so tan wɔn,+ Barak sekan nti.* Ɛwiee aseɛ no, Sisera si firii ne teaseɛnam mu dwanee. 16 Barak taa ɛko nteaseɛnam ne asraafoɔ no kɔduruu Haroset-Hagoyim.* Enti wɔde sekan kunkum Sisera asraafoɔ no nyinaa; baako mpo anka.+

17 Sisera deɛ, ɔdwane kɔɔ Kenini Heber+ yere Yael+ ntomadan mu, ɛfiri sɛ na Hasor hene Yabin+ ne Kenini Heber fiefoɔ te asomdwoeɛ mu. 18 Na Yael pue kɔhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, bra, bra mu. Nsuro.” Enti ɔkɔɔ ne ntomadan no mu, na Yael de kuntu kataa ne so. 19 Afei ɔka kyerɛɛ Yael sɛ: “Mepa wo kyɛw, ma me nsuo kakra nnom na sukɔm de me.” Enti Yael buee kotokuo* a nufosuo wom ano, na ɔmaa no bi nomee,+ na ɔsan de kuntu no kataa ne so. 20 Na Sisera ka kyerɛɛ Yael sɛ: “Gyina ntomadan no ano, na sɛ obi ba bɛbisa wo sɛ, ‘Barima bi aba ha’ a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Daabi!’”

21 Afei Heber yere Yael kɔfaa dua a wɔde bɔ ntomadan mu tim fam ne hamma.* Na berɛ a Sisera abrɛ na wada hatee no, ɔbaa no yɛɛ kodɛɛ kɔɔ ne nkyɛn, na ɔde hamma no bɔɔ dua no so wuraa n’asontorɔm, na ɔbɔɔ so maa no sii fam. Enti ɔwui.+

22 Saa berɛ no nyinaa, na Barak de mmirika di Sisera akyi. Na Yael pue kɔhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra, na mɛkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Enti ɔne Yael kɔɔ ntomadan no mu, na ɔhuu sɛ Sisera awu da hɔ a dua no tua n’asontorɔm!

23 Enti saa da no, Onyankopɔn brɛɛ Kaanan hene Yabin ase wɔ Israelfoɔ anim.+ 24 Na Israelfoɔ maa wɔn nsa yɛɛ den paa wɔ Kaanan+ hene Yabin so kɔsii sɛ wɔkum Kaanan hene Yabin.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane