Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Debora ne Barak nkonimdie dwom (1-31)

        • Nsoromma ne Sisera koe (20)

        • Kison nsuo yirii (21)

        • Wɔn a wɔdɔ Yehowa no te sɛ awia (31)

Atemmufoɔ 5:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:4
  • +Ate 4:6; Heb 11:32
  • +Ex 15:1; Dw 18:atifi asɛm

Atemmufoɔ 5:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Ɛsiane asahene a wɔgyaa wɔn tiri nwi guu so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:10

Atemmufoɔ 5:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Mɛbɔ nnwom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 22:50; Dw 7:17
  • +Ex 20:2

Atemmufoɔ 5:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 33:2

Atemmufoɔ 5:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wosoo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:11
  • +Ex 20:2
  • +Ex 19:18; Ne 9:13

Atemmufoɔ 5:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:31
  • +Ate 4:17

Atemmufoɔ 5:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:4
  • +Ate 4:5

Atemmufoɔ 5:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 32:16, 17; Ate 2:12
  • +Ate 4:1-3

Atemmufoɔ 5:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:6
  • +Ate 4:10

Atemmufoɔ 5:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:4
  • +Ate 5:1
  • +Ate 4:6

Atemmufoɔ 5:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asaasetraa so.”

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn a wɔkura atwerɛfoɔ nneɛma.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 32:39

Atemmufoɔ 5:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɛbɔn no mu.”

  • *

    Anaa “Ruben mmusua no mufoɔ adwene ansi wɔn pi.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:6; Heb 11:32
  • +Ate 4:14

Atemmufoɔ 5:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Ruben mmusua no mufoɔ adwene ansi wɔn pi.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 32:1

Atemmufoɔ 5:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 22:9
  • +Yos 19:46, 48
  • +Yos 19:24, 29

Atemmufoɔ 5:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “amma wɔn kra anhia wɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:6, 10
  • +Ate 4:14

Atemmufoɔ 5:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:13
  • +Ate 1:27
  • +Ate 4:16

Atemmufoɔ 5:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:7, 13; Dw 83:9

Atemmufoɔ 5:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 20:7; Mme 21:31

Atemmufoɔ 5:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:17
  • +Ate 4:11

Atemmufoɔ 5:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Sisera bisaa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:19

Atemmufoɔ 5:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Yael tenee.”

  • *

    Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:21, 22

Atemmufoɔ 5:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 4:15, 16

Atemmufoɔ 5:29

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Sisera maame.”

Atemmufoɔ 5:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “awotwaa.”

  • *

    Nt., “awotwaa.”

Atemmufoɔ 5:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asaase no homee.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 83:9
  • +Ate 3:10, 11, 30

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 5:1Ate 4:4
Atem. 5:1Ate 4:6; Heb 11:32
Atem. 5:1Ex 15:1; Dw 18:atifi asɛm
Atem. 5:2Ate 4:10
Atem. 5:32Sa 22:50; Dw 7:17
Atem. 5:3Ex 20:2
Atem. 5:4De 33:2
Atem. 5:5De 4:11
Atem. 5:5Ex 20:2
Atem. 5:5Ex 19:18; Ne 9:13
Atem. 5:6Ate 3:31
Atem. 5:6Ate 4:17
Atem. 5:7Ate 4:4
Atem. 5:7Ate 4:5
Atem. 5:8De 32:16, 17; Ate 2:12
Atem. 5:8Ate 4:1-3
Atem. 5:9Ate 4:6
Atem. 5:9Ate 4:10
Atem. 5:12Ate 4:4
Atem. 5:12Ate 5:1
Atem. 5:12Ate 4:6
Atem. 5:14Nu 32:39
Atem. 5:15Ate 4:6; Heb 11:32
Atem. 5:15Ate 4:14
Atem. 5:16Nu 32:1
Atem. 5:17Yos 22:9
Atem. 5:17Yos 19:46, 48
Atem. 5:17Yos 19:24, 29
Atem. 5:18Ate 4:6, 10
Atem. 5:18Ate 4:14
Atem. 5:19Ate 4:13
Atem. 5:19Ate 1:27
Atem. 5:19Ate 4:16
Atem. 5:21Ate 4:7, 13; Dw 83:9
Atem. 5:22Dw 20:7; Mme 21:31
Atem. 5:24Ate 4:17
Atem. 5:24Ate 4:11
Atem. 5:25Ate 4:19
Atem. 5:26Ate 4:21, 22
Atem. 5:28Ate 4:15, 16
Atem. 5:31Dw 83:9
Atem. 5:31Ate 3:10, 11, 30
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 5:1-31

Atemmufoɔ

5 Saa da no, Debora+ ne Abinoam ba Barak+ too dwom yi sɛ:+

 2 “Tiri nwi a wɔgya guu so* wɔ Israel nti,

Nnipa a wɔtuu wɔn ho maeɛ+ nti,

Monyi Yehowa ayɛ!

 3 Ahemfo, montie! Atitire, monyɛ aso!

Mɛto dwom ama Yehowa.

Mɛto ayeyi dwom* ama Yehowa,+ Israel Nyankopɔn no.+

 4 Yehowa, berɛ a wopue firii Seir,+

Berɛ a wofirii Edom asaase so baeɛ no,

Asaase wosoe, nsuo hwie firii soro,

Na mununkum gyaa nsuo mu.

 5 Mmepɔ nanee* wɔ Yehowa anim,+

Sinai mpo nanee wɔ Yehowa, Israel Nyankopɔn no+ anim.+

 6 Anat ba Samgar+ berɛ so,

Yael berɛ so,+ obiara amfa akwantempɔn so bio;

Mfikyikwan so na akwantufoɔ faeɛ.

 7 Ná obiara nte akuraase bio wɔ Israel;

Obiara tu firii akuraa kɔsii sɛ me, Debora,+ mesɔreeɛ,

Kɔsii sɛ mesɔree sɛ ɔbaatan wɔ Israel.+

 8 Wɔkɔdii anyame foforɔ akyi;+

Afei ɛko kɔɔ so wɔ nkuro apono ano.+

Wɔanhunu kyɛm, na wɔanhunu pea

Wɔ Israel mmarima 40,000 mu.

 9 M’akoma di Israel asahene akyi,+

Asahene a wɔtuu wɔn ho maeɛ ne nkurɔfoɔ no kɔeɛ no.+

Monyi Yehowa ayɛ!

10 Mo a motete mfunumu a wɔn kɔla te sɛ kɔbere so,

Mo a motete kapɛt fɛfɛɛfɛ so,

Ne mo a monante kwantempɔn so,

Monnwene wei ho:

11 Wɔtee wɔn a wɔsa nsuo nne wɔ abura ho;

Ɛhɔ na na wɔreka Yehowa tenenee nnwuma ho asɛm,

Tenenee nnwuma a ne nkurɔfoɔ a wɔtete Israel nkuraaseɛ ayɛ no.

Afei Yehowa nkurɔfoɔ siane kɔɔ nkuro apono ano.

12 Keka wo ho, Debora,+ keka wo ho!

Keka wo ho, keka wo ho, to dwom!+

Sɔre, Barak!+ Abinoam ba, wɔn a woakye wɔn no, fa wɔn kɔ!

13 Wɔn a wɔkaeɛ no siane baa adehyeɛ no nkyɛn;

Yehowa nkurɔfoɔ siane bɛkaa me ho ko tiaa akatakyie.

14 Wɔfiri Efraim mu, wɔn a wɔwɔ ɛbɔn mu* no;

Wɔdi w’akyi wɔ wo nkurɔfoɔ mu, O Benyamin.

Makir+ mu na asahene firi sianeeɛ,

Na Sebulon mu na wɔn a wɔkura asraafoɔ anoboaboafoɔ poma* no firi siane baeɛ.

15 Ná Isakar aberempɔn ka Debora ho;

Sɛdeɛ Isakar kɔkaa ne ho no, saa ara na Barak+ nso kɔkaa ne ho.

Wɔsomaa no maa no nante kɔɔ asaasetraa no so.*+

Ruben mmusua mufoɔ no hwehwɛɛ wɔn akoma mu dendeenden.*

16 Adɛn nti na wotenaa hɔ te sɛ aboa a wɔde nnesoa mmienu asoa no

A ɔretie atɛntɛbɛn a nnwanhwɛfoɔ rebɔ?+

Ruben mmusua mufoɔ no hwehwɛɛ wɔn akoma mu dendeenden.*

17 Gilead kɔɔ so tenaa Yordan agya;+

Na Dan nso, adɛn nti na ɔkɔɔ so tenaa po so hyɛn mu?+

Aser yii n’ani tenaa mpoano,

Na po so hyɛn gyinabea a ɛyɛ ne dea no, ɛhɔ na ɔkɔɔ so tenaeɛ.+

18 Sebulonfoɔ de wɔn nkwa too wɔn nsam;*

Naftali nso yɛɛ saa ara+ wɔ nkokoɔ no so.+

19 Ahemfo bae, na wɔbɛkoe;

Kaanan ahemfo bɛkoe+

Wɔ Taanak, Megido nsuo ho.+

Wɔannya dwetɛ biara amfa.+

20 Nsoromma firi soro bɛkoe;

Wɔfiri wɔn akwan so ne Sisera bɛkoe.

21 Kison nsuo hohoroo wɔn kɔe,+

Kison nsuo, tete nsuo no.

Me kra,* wotiatiaa atumfoɔ so.

22 Na n’apɔnkɔ tuu mmirika kiridi-kiridi-kiridi;

Wɔn nan pempem fam kim-kim-kim.+

23 Yehowa bɔfoɔ kaa sɛ, ‘Nnome nka Meros,’

‘Aane, nnome nka wɔn a wɔtete Meros,

Ɛfiri sɛ wɔammɛboa Yehowa,

Wɔamfa ɔsabarima biara ammɛboa Yehowa.’

24 Yael na wɔahyira no paa wɔ mmaa mu,+

Kenini Heber+ yere no;

Mmaa a wɔte ntomadan mu nyinaa, ɔno na wɔahyira no paa.

25 Ɔbisaa* nsuo, na ɔmaa no nufosuo.

Ɔde nufosuo+ a emu api guu apontoɔ kyɛnsee fɛfɛɛfɛ mu bae.

26 Ɔtenee* ne nsa faa dua a wɔde bɔ ntomadan mu tim fam,

Na ɔde ne nsa nifa faa adwumayɛfoɔ hamma.*

Ɔde hwee Sisera tirim; ɔpɛkyɛɛ ne ti,

Na ɔde bɔɔ n’asontorɔm;+ ɔbɔɔ so wuraa mu.

27 Ɔtwa hwee ne nan ntam; ɔhwee hɔ, na wansɔre bio;

Ɔtwa hwee ne nan ntam, na ɔhwee hɔ;

Baabi a ɔtwa hweeɛ no, ɛhɔ ara na ɔdii nkoguo.

28 Ɔbaa bi de n’ani hwɛɛ mpomma mu,

Sisera maame de n’ani hwɛɛ nkantankantan mu,

‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ saa?

Adɛn nti na ɛbɛsi sɛsɛɛ mentee n’apɔnkɔ nan ase yi?’+

29 Ne* mmaa a wɔdi mu a wɔnim nyansa paa no bɛma no mmuaeɛ;

Aane, ɔno ara nso bɛkasakasa sɛ,

30 ‘Sɛsɛɛ wɔrekyɛ nneɛma a wɔnyaa no ɛko mu no,

Ɔsabarima biara, ababaawa* baako anaa mmabaawa* mmienu,

Ntoma a wɔahyɛ no aduro, ntoma a wɔahyɛ no aduro na wɔde ama Sisera,

Ataadeɛ a wɔanwene biribi agu mu, ntoma a wɔahyɛ no aduro, ntaadeɛ mmienu a wɔanwene biribi agu mu

Na wɔde agu wɔn a wɔfom nneɛma no kɔn mu.’

31 O Yehowa, saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛe,+

Na w’adɔfoɔ deɛ, ma wɔnyɛ sɛ awia a ɛde animuonyam repue.”

Na asomdwoeɛ baa asaase no so* mfeɛ 40.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane