Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 6
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Midianfoɔ teetee Israelfoɔ (1-10)

      • Ɔbɔfoɔ bi ka kyerɛɛ Ɔtemmufoɔ Gideon sɛ Yehowa ka ne ho (11-24)

      • Gideon bubuu Baal afɔrebukyia (25-32)

      • Onyankopɔn honhom baa Gideon so (33-35)

      • Ɔde odwan nwi hwɛɛ sɛ Onyankopɔn ka ne ho anaa (36-40)

Atemmufoɔ 6:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:19
  • +De 28:15, 48; Ate 2:14; Ne 9:28

Atemmufoɔ 6:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Midianfoɔ nsa yɛɛ den wɔ Israelfoɔ so.”

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baabi a wɔde nneɛma sie wɔ asaase ase.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 33:55
  • +1Sa 13:5, 6

Atemmufoɔ 6:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:13
  • +Ate 8:10

Atemmufoɔ 6:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:15, 33; 28:31, 48

Atemmufoɔ 6:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:10
  • +Ate 7:12

Atemmufoɔ 6:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:30

Atemmufoɔ 6:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:18; Dw 107:19

Atemmufoɔ 6:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:2; Le 26:13; Ate 2:1

Atemmufoɔ 6:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 10:42; Ne 9:24

Atemmufoɔ 6:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “moantie me nne.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:4
  • +Yos 24:15
  • +De 28:15; Ate 2:2; Yer 3:13

Atemmufoɔ 6:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:1
  • +Yos 17:2; Ate 6:24; 8:32
  • +Ge 49:22, 24; Heb 11:32

Atemmufoɔ 6:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:18

Atemmufoɔ 6:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:2
  • +De 4:9; Dw 44:1
  • +Ex 13:14
  • +De 31:17; 2Be 15:2

Atemmufoɔ 6:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:22; Heb 11:32

Atemmufoɔ 6:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “m’apem.”

Atemmufoɔ 6:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 20:3, 4; Ate 2:18

Atemmufoɔ 6:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 18:3, 5; Ate 13:15

Atemmufoɔ 6:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Bɛyɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

  • *

    Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 18:6, 7; 19:1, 3

Atemmufoɔ 6:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 9:24; Ate 13:19, 20; 1Ah 18:38; 1Be 21:26; 2Be 7:1

Atemmufoɔ 6:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 13:8, 9; Heb 13:2
  • +Ge 16:7, 13; 32:24, 30; Ate 13:21, 22; Lu 1:11, 12

Atemmufoɔ 6:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 10:19

Atemmufoɔ 6:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Asomdwoeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 22:14; Ex 17:15

Atemmufoɔ 6:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:24; De 12:3

Atemmufoɔ 6:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Atemmufoɔ 6:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Atemmufoɔ 6:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”

Atemmufoɔ 6:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:11
  • +De 13:5; 17:2-5
  • +1Ah 18:26, 27; Dw 115:5; Yer 10:5

Atemmufoɔ 6:32

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛkyerɛ, “Momma Baal Nka N’asɛm (Momma Baal Nko Ne Ko).”

Atemmufoɔ 6:33

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔtwaa nsuo no.”

  • *

    Anaa “Asaasetraa so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 25:17, 18; Ate 6:2
  • +Ex 17:16; Nu 24:20; De 25:19
  • +Ate 6:3; 7:12

Atemmufoɔ 6:34

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “bɛfiraa Gideon.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:9, 10; 11:29; 13:24, 25; 14:6; 15:14; Sak 4:6
  • +Ate 3:26, 27
  • +Yos 17:2

Atemmufoɔ 6:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:14

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 6:1Ate 2:19
Atem. 6:1De 28:15, 48; Ate 2:14; Ne 9:28
Atem. 6:2Nu 33:55
Atem. 6:21Sa 13:5, 6
Atem. 6:3Ate 3:13
Atem. 6:3Ate 8:10
Atem. 6:4De 28:15, 33; 28:31, 48
Atem. 6:5Ate 8:10
Atem. 6:5Ate 7:12
Atem. 6:6De 4:30
Atem. 6:7Ate 2:18; Dw 107:19
Atem. 6:8Ex 20:2; Le 26:13; Ate 2:1
Atem. 6:9Yos 10:42; Ne 9:24
Atem. 6:10De 6:4
Atem. 6:10Yos 24:15
Atem. 6:10De 28:15; Ate 2:2; Yer 3:13
Atem. 6:11Ate 2:1
Atem. 6:11Yos 17:2; Ate 6:24; 8:32
Atem. 6:11Ge 49:22, 24; Heb 11:32
Atem. 6:12Ate 2:18
Atem. 6:13Ate 6:2
Atem. 6:13De 4:9; Dw 44:1
Atem. 6:13Ex 13:14
Atem. 6:13De 31:17; 2Be 15:2
Atem. 6:14Ate 8:22; Heb 11:32
Atem. 6:16De 20:3, 4; Ate 2:18
Atem. 6:18Ge 18:3, 5; Ate 13:15
Atem. 6:19Ge 18:6, 7; 19:1, 3
Atem. 6:21Le 9:24; Ate 13:19, 20; 1Ah 18:38; 1Be 21:26; 2Be 7:1
Atem. 6:22Ate 13:8, 9; Heb 13:2
Atem. 6:22Ge 16:7, 13; 32:24, 30; Ate 13:21, 22; Lu 1:11, 12
Atem. 6:23Da 10:19
Atem. 6:24Ge 22:14; Ex 17:15
Atem. 6:25Ex 23:24; De 12:3
Atem. 6:31Ate 6:11
Atem. 6:31De 13:5; 17:2-5
Atem. 6:311Ah 18:26, 27; Dw 115:5; Yer 10:5
Atem. 6:33Nu 25:17, 18; Ate 6:2
Atem. 6:33Ex 17:16; Nu 24:20; De 25:19
Atem. 6:33Ate 6:3; 7:12
Atem. 6:34Ate 3:9, 10; 11:29; 13:24, 25; 14:6; 15:14; Sak 4:6
Atem. 6:34Ate 3:26, 27
Atem. 6:34Yos 17:2
Atem. 6:36Ate 6:14
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 6:1-40

Atemmufoɔ

6 Na Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ enti Yehowa de wɔn hyɛɛ Midianfoɔ nsa mfeɛ nson.+ 2 Na Midianfoɔ teetee Israelfoɔ no.*+ Midianfoɔ nti, Israelfoɔ pɛɛ baabi wɔ mmepɔ mu, abodan mu, ne mmeaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den* de wɔn ho kɔsieeɛ.+ 3 Sɛ Israelfoɔ yɛ afuo a, na Midianfoɔ ne Amalekfoɔ+ ne Apueeɛfoɔ+ abɛto ahyɛ wɔn so. 4 Wɔba a, na wɔkyekyere asoɛeɛ wɔ hɔ to hyɛ wɔn so, na na wɔsɛe wɔn asaase so nnɔbaeɛ nyinaa de kɔduru Gasa. Ná wɔnnya Israelfoɔ biribiara a wɔbɛdi. Afei nso, na wɔnnya odwan anaa nantwie anaa afunumu biara.+ 5 Ná wɔde wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba yuu te sɛ ntutummɛ.+ Ná wɔne wɔn yoma dɔɔso papaapa,+ na na wɔba asaase no so bɛsɛe no. 6 Midianfoɔ no nti, ohia fitaa kaa Israelfoɔ no. Enti Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn.+

7 Berɛ a Midianfoɔ no nti Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn no,+ 8 Yehowa somaa odiyifoɔ bi baa Israelfoɔ nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Me na meyii mo firii Egypt, na meyii mo firii nkoafie.+ 9 Megyee mo firii Egypt ne wɔn a wɔteetee mo no nyinaa nsam, na mepamoo wɔn firii mo anim, na mede wɔn asaase maa mo.+ 10 Na meka kyerɛɛ mo sɛ: “Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ Monnsuro Amorifoɔ a mote wɔn asaase so no anyame.”+ Nanso moantie me.’”*+

11 Akyire yi, Yehowa bɔfoɔ+ bɛtenaa dua kɛseɛ a ɛsi Ofra no ase, Abiesarni+ Yoas dua kɛseɛ no. Saa berɛ no, na Yoas ba Gideon+ reboro hwiit wɔ amena a wɔkyĩ nsã wom mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Midianfoɔ no renhunu. 12 Na Yehowa bɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkatakyie, Yehowa ka wo ho.”+ 13 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw oo, sɛ Yehowa ka yɛn ho ampa a, ɛnneɛ adɛn nti na weinom nyinaa ato yɛn?+ N’anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn+ a wɔka kaa ho sɛ, ‘Yehowa na ɔyii yɛn firii Egypt’+ no, ne nyinaa wɔ he? Seesei Yehowa apo yɛn,+ na ɔde yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsa.” 14 Na Yehowa danee n’ani kyerɛɛ no kaa sɛ: “Fa ahoɔden a wowɔ yi ara kɔ, na wobɛgye Israelfoɔ afiri Midianfoɔ nsam.+ Ɛnyɛ me na meresoma wo anaa?” 15 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa, mepa wo kyɛw oo, ɛbɛyɛ dɛn na matumi agye Israel? Hwɛ! Manase abusuakuo mu nyinaa, m’abusua* na ɛsua koraa, na me papa fie nso, me na mensɛ hwee koraa.” 16 Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛdi w’akyi,+ enti wobɛdi Midianfoɔ so nkonim te sɛ deɛ wɔyɛ onipa baako.”

17 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manya w’anim animuonyam a, ɛnneɛ ma me sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wo na wo ne me rekasa. 18 Mepa wo kyɛw, mfiri ha nkɔ kɔsi sɛ mɛkɔ aba na mede m’akyɛdeɛ abɛsi w’anim.”+ Enti ɔkaa sɛ: “Mɛtena ha akɔsi sɛ wobɛsan aba.” 19 Na Gideon kɔe, na ɔkɔpɛɛ apɔnkye ba bi noaeɛ, na ɔde esiam efa* baako yɛɛ paanoo a mmɔka* nnim.+ Ɔde nam no guu kɛntɛn mu, ɛnna ɔde nam no ho nsuo no guu dadesɛn mu. Afei ɔde pue baa ne nkyɛn, na ɔde sii n’anim wɔ dua kɛseɛ no ase.

20 Na nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nam no ne paanoo a mmɔka nnim no kɔsi ɔbotan kɛseɛ no so, na hwie nam no ho nsuo no gu so.” Na ɔyɛɛ saa. 21 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no tenee poma a ɛkura no no, na ɔde ano no kaa nam no ne paanoo a mmɔka nnim no, na egya firii ɔbotan no mu bɛhyee nam no ne paanoo a mmɔka nnim no.+ Na Yehowa bɔfoɔ no yera firii n’anim. 22 Ɛnna Gideon huu sɛ ɛyɛ Yehowa bɔfoɔ.+

Enti ɛhɔ ara na Gideon kaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, mawu awie! Yehowa bɔfoɔ na mahu n’anim yi!”+ 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo. Nsuro;+ worenwu.” 24 Enti Gideon sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa, na wɔfrɛ no Yehowa-Salom*+ bɛsi nnɛ. Ɛda so wɔ Abiesarfoɔ kuro Ofra mu.

25 Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa wo papa nantwinini ketewa no, nantwinini ketewa a ɔtɔ so mmienu a wadi mfeɛ nson no, na bubu Baal afɔrebukyia a wo papa siiɛ no, na twa ɔbosom dua* a ɛsi ho no.+ 26 Afei hyehyɛ aboɔ no na fa si afɔrebukyia ma Yehowa wo Nyankopɔn wɔ abandenden yi atifi. Wowie a, fa nantwinini ketewa a ɔtɔ so mmienu no, na fa no bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ nnua asinasini no so, nnua a wonya firii ɔbosom dua* a wotwaeɛ no ho no.” 27 Enti Gideon yii mmarima du firii ne nkoa mu, na ɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ. Nanso na ɔsuro ne papa fiefoɔ ne kurom hɔ mmarima no paa, enti wanyɛ adwuma no awia; ɔyɛɛ no anadwo.

28 Berɛ a kurom hɔ mmarima sɔree anɔpatutuutu no, wɔhuu sɛ wɔabubu Baal afɔrebukyia no, na wɔatwa ɔbosom dua* a ɛsi ho no, na nantwinini ketewa a ɔtɔ so mmienu no nso, na wɔde no abɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia a wɔsii no so. 29 Na wɔbisabisaa sɛ: “Hwan na ɔyɛɛ saa adeɛ yi?” Berɛ a wɔhwehwɛɛ mu no, wɔkaa sɛ: “Yoas ba Gideon na ɔyɛeɛ.” 30 Enti kurom hɔ mmarima ka kyerɛɛ Yoas sɛ: “Fa wo ba no bra ma yɛnku no, ɛfiri sɛ wabubu Baal afɔrebukyia no, na watwa ɔbosom dua* a ɛsi ho no nso.” 31 Ɛnna Yoas+ bisaa nnipa a wɔbaa ne so no nyinaa sɛ: “Adɛn, mo na mobɛdi Baal asɛm ama no? Mo na mobɛgye no? Obiara a ɔbɛko ama Baal no, wɔnku no anɔpa yi ara.+ Sɛ ɔyɛ onyame a, ɛnneɛ obi abubu n’afɔrebukyia, enti momma ɔno ara nko mma ne ho.”+ 32 Enti saa da no, ɔtoo Gideon din Yerubaal,* na ɔkaa sɛ: “Momma Baal nko mma ne ho, ɛfiri sɛ obi abubu n’afɔrebukyia.”

33 Na Midianfoɔ+ ne Amalekfoɔ+ ne Apueeɛfoɔ nyinaa kaa wɔn ho boom,+ na wɔtwa* baa Yesreel Bɔn mu,* na wɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ hɔ. 34 Afei Yehowa honhom baa Gideon so,*+ na ɔbɔɔ abɛn,+ na Abiesarfoɔ+ bɛdii n’akyi. 35 Ɔsomaa nkurɔfoɔ kɔɔ Manase asaase nyinaa so, na wɔn nso bɛdii n’akyi. Bio nso, ɔsomaa nkurɔfoɔ kɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali nsaase so, na wɔforo bɛhyiaa no.

36 Na Gideon ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ wonam me so na ɛbɛgye Israel sɛdeɛ woaka no a,+ 37 ɛnneɛ mede odwan nwi regu ayuporobea hɔ. Sɛ bosuo fɔ odwan nwi no nko ara, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛnneɛ mɛhu sɛ wonam me so na ɛbɛgye Israel sɛdeɛ woaka no.” 38 Na saa ara na ɛbaeɛ. Berɛ a adeɛ kyee anɔpatutuutu a ɔsɔreeɛ no, ɔkyĩĩ odwan nwi no mu, na bosuo a ɛfirii mu baeɛ no yɛɛ kyɛnsee kɛseɛ bi ma. 39 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Mma wo bo mmfu me; ma mensrɛ adeɛ baako pɛ nka ho. Mepa wo kyɛw, ma memfa odwan nwi yi nhwɛ adeɛ baako pɛ nka ho. Mepa wo kyɛw, ma odwan nwi no nko ara nwo, na bosuo mfɔ fam hɔ nyinaa.” 40 Na saa na Onyankopɔn yɛɛ anadwo no. Nwi no nko ara na ɛwoeɛ, na fam hɔ deɛ, bosuo fɔɔ hɔ nyinaa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane