Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 3
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ 3:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:30
  • +Ate 2:10
  • +De 8:2; 2Be 32:31

Atemmufoɔ 3:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 21:32; Ate 1:19
  • +Yos 13:3; 1Sa 6:18
  • +Ge 10:15
  • +Yos 13:4; Ate 1:31
  • +Ge 10:17; Ex 3:17; Yos 9:1
  • +De 1:7; Yos 13:6
  • +De 3:9; Yos 13:5
  • +Nu 34:8

Atemmufoɔ 3:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:33; Nu 33:55
  • +Ate 2:22

Atemmufoɔ 3:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 1:29; Dw 106:34
  • +Ex 3:8, 17; De 7:1; Yos 9:1

Atemmufoɔ 3:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 34:16
  • +De 7:3; Esr 9:12
  • +Nu 25:2; 1Ah 11:4

Atemmufoɔ 3:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:11
  • +De 31:16; Ate 10:6
  • +Ex 34:13; De 12:3; 16:21; 1Ah 16:33

Atemmufoɔ 3:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:20
  • +Le 26:17; Ate 2:14; 1Sa 12:9
  • +Ge 24:10

Atemmufoɔ 3:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:30; Ate 2:18; 3:15; Dw 107:19
  • +Ate 2:16
  • +Ate 1:13
  • +1Be 4:13
  • +Yos 15:17

Atemmufoɔ 3:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 11:17; Ate 6:34; 11:29; 14:6; 15:14; 1Sa 11:6; 16:13; 2Be 15:1; Yes 63:11
  • +Sak 4:6; Heb 11:33

Atemmufoɔ 3:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:19; Ho 6:4
  • +Ge 19:37
  • +Ate 2:14; Yoh 19:11
  • +Le 26:14

Atemmufoɔ 3:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 19:38; Ate 11:4
  • +Ex 17:8; Ate 6:3; Dw 83:7
  • +De 34:3; Ate 1:16; 2Be 28:15

Atemmufoɔ 3:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:25; De 28:48

Atemmufoɔ 3:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:9; Dw 50:15; 78:34; 107:13; Yer 29:12
  • +Ate 4:1
  • +Ge 49:27
  • +Ate 20:16; 1Be 12:2

Atemmufoɔ 3:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 149:6
  • +Dw 45:3

Atemmufoɔ 3:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 11:18

Atemmufoɔ 3:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:35

Atemmufoɔ 3:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 4:19; 5:9
  • +Mme 14:15

Atemmufoɔ 3:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 10:10
  • +1Sa 24:3; 1Ah 18:27

Atemmufoɔ 3:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:19

Atemmufoɔ 3:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 6:5; Ate 6:34; 1Sa 13:3; 2Sa 2:28; Yoe 2:1
  • +Yos 16:5; Ate 7:24

Atemmufoɔ 3:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:16
  • +Ate 7:15; 1Sa 17:47
  • +Yos 2:7; Ate 12:5

Atemmufoɔ 3:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:17; Dw 17:10
  • +Le 26:8; De 28:7
  • +Le 26:7

Atemmufoɔ 3:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:6; Ate 3:11

Atemmufoɔ 3:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 5:6
  • +Ex 23:31; Yos 13:2; Ate 15:3
  • +Ate 15:15; 1Sa 13:19, 22; 17:47, 50

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 3:1Ex 23:30
Atem. 3:1Ate 2:10
Atem. 3:1De 8:2; 2Be 32:31
Atem. 3:3Ge 21:32; Ate 1:19
Atem. 3:3Yos 13:3; 1Sa 6:18
Atem. 3:3Ge 10:15
Atem. 3:3Yos 13:4; Ate 1:31
Atem. 3:3Ge 10:17; Ex 3:17; Yos 9:1
Atem. 3:3De 1:7; Yos 13:6
Atem. 3:3De 3:9; Yos 13:5
Atem. 3:3Nu 34:8
Atem. 3:4Ex 23:33; Nu 33:55
Atem. 3:4Ate 2:22
Atem. 3:5Ate 1:29; Dw 106:34
Atem. 3:5Ex 3:8, 17; De 7:1; Yos 9:1
Atem. 3:6Ex 34:16
Atem. 3:6De 7:3; Esr 9:12
Atem. 3:6Nu 25:2; 1Ah 11:4
Atem. 3:7Ate 2:11
Atem. 3:7De 31:16; Ate 10:6
Atem. 3:7Ex 34:13; De 12:3; 16:21; 1Ah 16:33
Atem. 3:8Ate 2:20
Atem. 3:8Le 26:17; Ate 2:14; 1Sa 12:9
Atem. 3:8Ge 24:10
Atem. 3:9De 4:30; Ate 2:18; 3:15; Dw 107:19
Atem. 3:9Ate 2:16
Atem. 3:9Ate 1:13
Atem. 3:91Be 4:13
Atem. 3:9Yos 15:17
Atem. 3:10Nu 11:17; Ate 6:34; 11:29; 14:6; 15:14; 1Sa 11:6; 16:13; 2Be 15:1; Yes 63:11
Atem. 3:10Sak 4:6; Heb 11:33
Atem. 3:12Ate 2:19; Ho 6:4
Atem. 3:12Ge 19:37
Atem. 3:12Ate 2:14; Yoh 19:11
Atem. 3:12Le 26:14
Atem. 3:13Ge 19:38; Ate 11:4
Atem. 3:13Ex 17:8; Ate 6:3; Dw 83:7
Atem. 3:13De 34:3; Ate 1:16; 2Be 28:15
Atem. 3:14Le 26:25; De 28:48
Atem. 3:15Ate 3:9; Dw 50:15; 78:34; 107:13; Yer 29:12
Atem. 3:15Ate 4:1
Atem. 3:15Ge 49:27
Atem. 3:15Ate 20:16; 1Be 12:2
Atem. 3:16Dw 149:6
Atem. 3:16Dw 45:3
Atem. 3:17Ate 11:18
Atem. 3:182Ah 23:35
Atem. 3:19Yos 4:19; 5:9
Atem. 3:19Mme 14:15
Atem. 3:24Ɔsɛ 10:10
Atem. 3:241Sa 24:3; 1Ah 18:27
Atem. 3:26Ate 3:19
Atem. 3:27Yos 6:5; Ate 6:34; 1Sa 13:3; 2Sa 2:28; Yoe 2:1
Atem. 3:27Yos 16:5; Ate 7:24
Atem. 3:28Ate 2:16
Atem. 3:28Ate 7:15; 1Sa 17:47
Atem. 3:28Yos 2:7; Ate 12:5
Atem. 3:29Ate 3:17; Dw 17:10
Atem. 3:29Le 26:8; De 28:7
Atem. 3:29Le 26:7
Atem. 3:30Le 26:6; Ate 3:11
Atem. 3:31Ate 5:6
Atem. 3:31Ex 23:31; Yos 13:2; Ate 15:3
Atem. 3:31Ate 15:15; 1Sa 13:19, 22; 17:47, 50
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 3:1-31

Atemmufoɔ

3 Aman+ yi na Yehowa gyaa wɔn wɔ asase no so sɛ ɔde wɔn bɛsɔ Israel ahwɛ+ no, wɔn a wɔanhunu ɛko a ɛkɔɔ so wɔ Kanaan no nyinaa,+ 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israel awoɔ ntoatoasoɔ a wɔnhunuu biribi a ɛte saa da no bɛsua akodie na wɔanya ɛko mu suahunu. 3 Yeinom ne Filistifoɔ+ ahemfo+ nnum no ne Kanaanfoɔ+ nyinaa, ne Sidonfoɔ+ ne Hiwifoɔ+ a wɔte Bepɔ Lebanon+ soɔ, ɛfiri Bepɔ Baal-Hermon+ ho kɔsi Hamat no.+ 4 Na wɔde wɔn sɔɔ Israelfoɔ hwɛɛ+ sɛ wɔbɛdi mmara a Yehowa nam Mose so de maa wɔn agyanom no so anaa.+ 5 Enti Israelfoɔ tenaa Kanaanfoɔ,+ Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ mfimfini. 6 Wɔfaa wɔn mma mmaa wareeɛ,+ na wɔde wɔn mma mmaa nso maa wɔn mma mmarima,+ na wɔsom wɔn anyame.+

7 Enti Israelfoɔ yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ firii Yehowa wɔn Nyankopɔn+ na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.+ 8 Na Yehowa abufuo dɛre tiaa Israelfoɔ+ na ɔtɔn+ wɔn hyɛɛ Mesopotamia+ hene Kusan-Risataim nsa; na Israelfoɔ som Kusan-Risataim mfeɛ nwɔtwe. 9 Ɛnna Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa,+ enti Yehowa maa Israelfoɔ no ɔgyefoɔ+ bi a ɔbɛgye wɔn. Ɔno ne Kaleb+ nua kumaa Kenas+ ba Otniel.+ 10 Yehowa honhom+ baa ne so na ɔbɛyɛɛ Israel temmufoɔ. Na berɛ a ɔfirii adi kɔkoeɛ no, Yehowa de Siria hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa na ɔdii Kusan-Risataim so nkonim.+ 11 Afei asase no so dwoo mfeɛ aduanan. Akyire yi, Kenas ba Otniel wuiɛ.

12 Na ntɛm ara na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani soɔ.+ Na Yehowa maa Moab+ hene Eglon ho yɛɛ den boroo Israel so,+ ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so.+ 13 Na ɔde Ammonfoɔ+ ne Amalekfoɔ+ nso baa wɔn so, na wɔkunkum Israelfoɔ na wɔfaa mmɛ kuro+ no. 14 Na Israelfoɔ som Moab hene Eglon mfeɛ dunwɔtwe.+ 15 Afei Israelfoɔ firii aseɛ su frɛɛ Yehowa,+ enti Yehowa maa wɔn ɔgyefoɔ bi. Oyi ne Gera ba Ehud,+ Benyaminni+ a ɔyɛ abenkumma no.+ Na Israelfoɔ faa ne so de ayɛyɛdeɛ kɔmaa Moab hene Eglon. 16 Na Ehud yɛɛ nkrantɛ anofanu+ a ne tenten yɛ basafa baako. Ɔde bɔɔ n’asene wɔ n’atadeɛ ase, nifa so.+ 17 Afei ɔde ayɛyɛdeɛ no kɔmaa Moab+ hene Eglon. Ná Eglon yɛ ɔbarima a ɔso yie.

18 Berɛ a ɔde ayɛyɛdeɛ+ no maa no wieeɛ ara pɛ na ɔgyaa wɔn a wɔde ayɛyɛdeɛ no baeɛ no kwan. 19 Wɔkɔduruu abopaebea a ɛwɔ Gilgal+ no, ɔsan n’akyi bɛka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “O ɔhene, mepɛ sɛ me ne wo ka asomsɛm bi.” Enti ɔkaa sɛ: “Twɛn!” Afei wɔn a wɔgyina ne nkyɛn nyinaa firii adi.+ 20 Na Ehud baa ne nkyɛn berɛ a ɔno nko ara te n’abansoro pia mu, baabi a ɛhɔ dwoɔ no. Na Ehud ka kyerɛɛ no sɛ: “Mewɔ asɛm bi firi Onyankopɔn hɔ ma wo.” Ɔtee saa no, ɔsɔre firii n’adwa so. 21 Ɛnna Ehud de ne nsa benkum twee nkrantɛ no firii n’ataaso wɔ ne nifa, na ɔde wɔɔ ne yam. 22 Wantwe nkrantɛ no amfiri ne yam, enti dadeɛ no ne dua no nyinaa wuraa ne yam maa sradeɛ yɛɛ ho, na tiafi dii so baeɛ. 23 Na Ehud totoo abansoro dan no apono mu wɔ n’akyi, na ɔfaa tokuro mu pueeɛ. 24 Na ɔfirii adi kɔeɛ.+

Na ne nkoa bɛhwɛeɛ, na wɔhunuu sɛ wɔatoto abansoro apono no mu. Enti wɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ɔregya ne nan+ wɔ pia mu hɔ.” 25 Wɔgyinaa hɔ kyɛreeɛ. Afei na wɔn ani awu, ɛfiri sɛ obiara ammue pia no apono no. Enti wɔfaa safoa bueeɛ, na wɔnkɔhwɛ a, wɔn hene na ɔda fam tim a wawuo yi!

26 Berɛ a wɔda so gyinagyina hɔ no, na Ehud kɔ dadaada. Ɔdwane kɔfaa abopaebea+ hɔ kɔɔ Seira. 27 Ɔduruu hɔ no, ɔfirii aseɛ hyɛnee abɛn+ wɔ Efraim+ bepɔ no so, na ɔdii Israelfoɔ no anim ne wɔn siane firii bepɔ no so. 28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monni m’akyi+ ɛfiri sɛ Yehowa de mo atamfo Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa.”+ Enti wɔdii n’akyi, na wɔko faa Yordan asutwareeɛ+ no sii Moabfoɔ no kwan, na wɔamma obiara amfa hɔ. 29 Saa berɛ no wɔkunkum Moab mmarima akantinka+ ahoɔdenfoɔ bɛyɛ mpem du;+ baako mpo antumi annwane.+ 30 Saa da no, Israel dii Moab so nkonim, na asase no so dwoo mfeɛ aduɔwɔtwe.+

31 N’akyi no, Anat ba Samgar+ nso gyee Israelfoɔ firii Filistifoɔ+ nsam, na ɔde poma a wɔde ka anantwie kɔkunkum mmarima ahansia.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane