Atemmufoɔ 3:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɛnna Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa,+ enti Yehowa maa Israelfoɔ no ɔgyefoɔ+ bi a ɔbɛgye wɔn. Ɔno ne Kaleb+ nua kumaa Kenas+ ba Otniel.+ Dwom 50:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Frɛ me ahohia da.+Na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.”+ Dwom 78:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Berɛ biara nso a ɔbɛkunkum wɔn no, wɔhwehwɛ n’akyiri kwan,+Na wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛ Onyankopɔn.+ Dwom 107:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna wɔsu frɛɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+Na ɔsan gyee wɔn firii ahokyerɛ mu bio.+ Yeremia 29:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.’+
9 Ɛnna Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa,+ enti Yehowa maa Israelfoɔ no ɔgyefoɔ+ bi a ɔbɛgye wɔn. Ɔno ne Kaleb+ nua kumaa Kenas+ ba Otniel.+
34 Berɛ biara nso a ɔbɛkunkum wɔn no, wɔhwehwɛ n’akyiri kwan,+Na wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛ Onyankopɔn.+