Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 11:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Na mɛsiane aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ;+ na mɛyi honhom+ a ɛwɔ wo soɔ no bi ama wɔn, na wɔbɛboa wo asoa ɔman no nnesoa na wo nko ara woansoa.+

  • Atemmufoɔ 6:34
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 Afei Yehowa honhom+ bɛduraa Gideon ho, na ɔhyɛnee abɛn+ frɛɛ Abiesarfoɔ+ bɛdii n’akyi.

  • Atemmufoɔ 11:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Afei Yehowa honhom baa Yefta so+ na ɔkɔfaa Gilead ne Manase kɔɔ Gilead-Mispe, na ɔfiri Gilead-Mispe+ kɔɔ Ammonfoɔ so.

  • Atemmufoɔ 14:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɛnna Yehowa honhom baa ne soɔ,+ na ɔwaee aboa no mu mmienu sɛdeɛ obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na ɔnkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ deɛ ɔyɛeɛ no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.

  • Atemmufoɔ 15:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Na berɛ a ɔduruu Lehi no, Filistifoɔ de osebɔ hyiaa no.+ Na Yehowa honhom+ baa ne so, na ntampehoma a wɔde akyekyere n’abasa no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde gya afa ho,+ enti nhoma no tete firii ne nsa ho.

  • 1 Samuel 11:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Berɛ a Saul tee asɛm no, Onyankopɔn honhom+ sii ne so, na ne bo fuu kɛse.+

  • 1 Samuel 16:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so ɛfiri saa da no rekorɔ.+ Akyire yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+

  • 2 Berɛsosɛm 15:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Na Onyankopɔn honhom+ baa Oded+ ba Asaria so.

  • Yesaia 63:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Wɔkaee tete, n’akoa Mose berɛ so: “Deɛ ɔyii wɔn ne ne nnwan so ahwɛfoɔ+ firii po mu+ no wɔ he? Na deɛ ɔde ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane