Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 3:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Yehowa honhom+ baa ne so na ɔbɛyɛɛ Israel temmufoɔ. Na berɛ a ɔfirii adi kɔkoeɛ no, Yehowa de Siria hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa na ɔdii Kusan-Risataim so nkonim.+

  • Atemmufoɔ 6:34
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 Afei Yehowa honhom+ bɛduraa Gideon ho, na ɔhyɛnee abɛn+ frɛɛ Abiesarfoɔ+ bɛdii n’akyi.

  • Atemmufoɔ 11:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Afei Yehowa honhom baa Yefta so+ na ɔkɔfaa Gilead ne Manase kɔɔ Gilead-Mispe, na ɔfiri Gilead-Mispe+ kɔɔ Ammonfoɔ so.

  • Atemmufoɔ 14:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɛnna Yehowa honhom baa ne soɔ,+ na ɔwaee aboa no mu mmienu sɛdeɛ obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na ɔnkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ deɛ ɔyɛeɛ no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.

  • 1 Samuel 10:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Enti wɔfirii hɔ kɔɔ kokoɔ no so, na adiyifoɔ kuo bi bɛhyiaa no; ɛhɔ ara na Onyankopɔn honhom sii ne soɔ,+ na ɔfirii aseɛ kasaa sɛ odiyifoɔ+ wɔn mu.

  • 1 Samuel 16:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so ɛfiri saa da no rekorɔ.+ Akyire yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane