1 Samuel
10 Ɛnna Samuel faa ngotoa+ no, na ɔhwiee ngo no guu n’atifi, na ɔfee n’ano+ kaa sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na asra wo ayɛ wo panin,+ n’agyapadeɛ+ soɔ? 2 Sɛ ɛnnɛ wofiri me nkyɛn rekɔ a, wobɛhunu mmarima mmienu wɔ Rahel damena+ nkyɛn wɔ Selsa, Benyamin asase so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na wo papa agyae mfunumu+ no akyiridie redwene mo ho sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ wɔ me ba yi ho?”’+ 3 Na firi hɔ toa so kɔ w’anim ara kɔduru Tabor dua kɛseɛ no ase, na ɛhɔ na wobɛhyia mmarima mmiɛnsa a wɔrekɔ nokorɛ Nyankopɔn anim wɔ Betel;+ baako kura mmirekyie mma+ mmiɛnsa, baako kura paanoo+ nkuruwankuruwa mmiɛnsa na baako nso sõ bobesa+ ahina mã. 4 Na wɔbɛbisa sɛdeɛ wo ho teɛ,+ na wɔama wo paanoo mmienu; gye no wɔn nsam. 5 Ɛno akyi no, kɔ nokorɛ Nyankopɔn+ kokoɔ no so, baabi a Filistifoɔ asraafoɔdɔm+ wɔ no. Na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu a, wobɛhyia adiyifoɔ kuo+ bi a wɔresiane afiri sorɔnsorɔmmea+ hɔ a nkurɔfoɔ rebɔ asankuo+ ne mpintin+ ne abɛn+ ne sankuten+ di wɔn anim na wɔrehyɛ nkɔm. 6 Na Yehowa honhom+ bɛsi wo so, na wo ne wɔn nyinaa bɛkasa sɛ adiyifoɔ,+ na wobɛdane onipa foforɔ. 7 Na saa nsɛnkyerɛnne+ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wobɛtumi biara,+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn di w’akyi.+ 8 Di m’anim siane kɔ Gilgal,+ na hwɛ! mɛsiane aba wo nkyɛn abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Twɛn nnanson+ kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛma woahunu deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”
9 Ɛbaa sɛ ɔdanee ne ho sɛ ɔrefiri Samuel nkyɛn akɔ ara pɛ, Onyankopɔn danee n’akoma yɛɛ no foforɔ,+ na nsɛnkyerɛnne+ yi nyinaa sisii saa da no. 10 Enti wɔfirii hɔ kɔɔ kokoɔ no so, na adiyifoɔ kuo bi bɛhyiaa no; ɛhɔ ara na Onyankopɔn honhom sii ne soɔ,+ na ɔfirii aseɛ kasaa sɛ odiyifoɔ+ wɔn mu. 11 Na ɛbaa sɛ wɔn a wɔni no kane no hunuu no no, hwɛ, na ɔne adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm. Enti nkurɔfoɔ bisabisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ayɛ Kis ba yi? Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”+ 12 Na ɔbarima bi a ɔfiri hɔ bisaa sɛ: “Na wɔn papa ne hwan?” Ɛno nti na abɛyɛ akasabebuo+ sɛ: “Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”
13 Afei berɛ a ɔkasaa sɛ odiyifoɔ wieeɛ no, ɔkɔɔ sorɔnsorɔmmea hɔ. 14 Akyire yi, Saul papa nua bisaa ɔne ne somfoɔ no sɛ: “Mokɔɔ he?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu+ no, na yɛkɔkyinkyinii sɛ yɛbɛhu wɔn a, nanso yɛanhu wɔn. Enti yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.” 15 Ɛnna Saul papa nua no kaa sɛ: “Mesrɛ wo ka kyerɛ me, ɛdeɛn na Samuel ka kyerɛɛ mo?” 16 Ɛnna Saul buaa ne papa nua no sɛ: “Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahunu mfunumu no.” Nanso ahennie no ho asɛm a Samuel kaeɛ no deɛ, wanka ankyerɛ no.+
17 Na Samuel frɛfrɛɛ ɔman no bɛhyiaa Yehowa anim wɔ Mispa,+ 18 na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie,+ ‘Ɛyɛ me na meyii Israel firii Egypt, na megyee mo firii Egyptfoɔ nsam+ ne ahennie a wɔhyɛɛ mo soɔ no nyinaa nso nsam.+ 19 Na mo deɛ, ɛnnɛ moapo mo Nyankopɔn+ a ɔgyee mo firii mo haw ne mo amanehunu nyinaa mu no, na moaka sɛ: “Dabi, ɔhene ara na si no yɛn soɔ.” Enti afei monnyinagyina Yehowa anim sɛdeɛ mo mmusuakuo+ ne mo apem apem teɛ.’”
20 Enti Samuel maa Israel mmusuakuo no nyinaa twe bɛnee,+ na wɔyii Benyamin abusuakuo no.+ 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no twe bɛnee, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na wɔyii Matrifoɔ abusua no,+ na wɔyii Kis ba Saul.+ Na wɔhwehwɛɛ no, nanso wɔanhu no. 22 Ɛnna wɔbisaa+ Yehowa bio sɛ: “Ɔbarima no abɛduru ha anaa?” Na Yehowa kaa sɛ: “Hwɛ, wakɔhunta+ nneɛma no mu.” 23 Enti wɔde mmirika kɔfaa no firii hɔ baeɛ. Berɛ a ɔbɛgyinaa ɔman no mu no, na ɔware sene nnipa a aka no nyinaa, ɛfiri ne mmatiri rekorɔ.+ 24 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Moahunu deɛ Yehowa ayi no+ no, sɛ obiara nte sɛ no ɔman yi nyinaa mu?” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kaa sɛ: “Ɔhene nnya nkwa!”+
25 Afei Samuel kaa ahennie no ho nhyehyɛeɛ+ kyerɛɛ ɔman no, na ɔtwerɛɛ no nwoma mu de kɔtoo Yehowa anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan maa obiara kɔɔ ne fie. 26 Saul nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea,+ na mmarima akokoɔdurofoɔ a Onyankopɔn aka wɔn akoma no ne no kɔeɛ.+ 27 Mmarima ahuhufoɔ+ no deɛ, wɔkaa sɛ: “Oyi deɛ, ɔbɛyɛ dɛn agye yɛn?”+ Na wɔbuu no animtia,+ na wɔamfa akyɛdeɛ biara ammrɛ no.+ Nanso ɔyɛɛ sɛ mum.+