1 Samuel
11 Ɛbaa sɛ Ammonni+ Nahas baeɛ bɛkyeree Yebes+ a ɛwɔ Gilead no so nsraban. Ɛnna Yebes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: “Ɛne yɛn nyɛ apam na yɛnsom wo.”+ 2 Na Ammonni Nahas ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhyehyɛeɛ yi na mɛgyina so ne mo ayɛ apam, ɛne sɛ, mɛtutu+ mo mu biara ani nifa na mede ayɛ ahohora ato Israel nyinaa so.”+ 3 Ɛnna Yebes mpanimfoɔ nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛn nnanson, na yɛbɛsoma abɔfoɔ akɔ Israel nsase nyinaa so, na sɛ yɛannya ɔgyefoɔ+ biara a, ɛnneɛ yɛbɛfiri adi aba wo nkyɛn.” 4 Na abɔfoɔ no kɔɔ Saul kuro Gibea+ mu kɔkaa asɛm no kuro no mufoɔ asom, na kuro no mufoɔ nyinaa memaa wɔn nne so suiɛ.+
5 Ná Saul firi wuram reba a ɔreka mmoa, na Saul bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ayɛ kuro yi a wɔresu yi?” Ɛnna wɔkaa nsɛm a Yebes mmarima aka no kyerɛɛ no. 6 Berɛ a Saul tee asɛm no, Onyankopɔn honhom+ sii ne so, na ne bo fuu kɛse.+ 7 Enti ɔfaa anantwie mmienu, na ɔtwitwaa wɔn mu asinasini de hyɛɛ abɔfoɔ no nsa sɛ wɔmfa nkɔ Israel nsase nyinaa so,+ na ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ yɛn mu a ɔremfiri adi mmɛdi Saul ne Samuel akyi no, sei na wɔbɛyɛ n’anantwie!”+ Na Yehowa ho hu+ tɔɔ ɔman no so, na wɔfirii adi sɛ onipa baako.+ 8 Enti ɔkan+ wɔn wɔ Besek; ná Israelfoɔ ano si mpem ahasa, na Yuda mmarima ano si mpem aduasa. 9 Afei wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: “Deɛ monkɔka nkyerɛ mmarima a wɔwɔ Yebes a ɛwɔ Gilead nie, ‘Ɔkyena owigyinaeɛ, mobɛnya ɔgyeɛ.’”+ Ɛnna abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ Yebes mmarima, na wɔdii ahurisie. 10 Ɛno nti Yebes mmarima no kɔka kyerɛɛ Ammonfoɔ sɛ: “Ɔkyena yɛbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na deɛ ɛtene mo ani soɔ biara, momfa nyɛ yɛn.”+
11 Adeɛ kyeeɛ no, Saul+ kyɛɛ nkurɔfoɔ no mu mmiɛnsa,+ na wɔbɔ wuraa Ammonfoɔ+ nsraban mu ahemadakye+ kɔkunkum wɔn kɔsii owigyinaeɛ. Wɔn a ɛkaeɛ nso, wɔbɔɔ wɔn hwete maa wɔn mu mmienu mpo anka faako.+ 12 Ɛnna ɔman no keka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Hwannom na wɔse, ‘Saul na ɔbɛyɛ yɛn so hene anaa?’ no.+ Momfa wɔn mmra mma yɛnkunkum wɔn.”+ 13 Nanso Saul kaa sɛ: “Monnkum obiara saa da yi,+ ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Yehowa agye nkwa wɔ Israel.”+
14 Akyire yi, Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ Gilgal+ na yɛnyɛ ahennie no foforɔ+ wɔ hɔ.” 15 Enti ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔsii Saul hene Yehowa anim wɔ Gilgal. Afei wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ Yehowa anim,+ na Saul ne Israel mmarima nyinaa dii ahurisie kɛse+ wɔ hɔ.