1 Samuel
12 Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Deɛ moka kyerɛɛ me nyinaa, sɛ memma ɔhene nni mo soɔ+ no, matie mo.+ 2 Monhwɛ, ɔhene a ɔbɛdi mo anim no nie!+ Me deɛ, mabɔ akora+ na mafu dwono,+ na me mma nso, mo mu na wɔwɔ;+ me deɛ, mefiri me mmɔfraase anante mo anim de abɛduru nnɛ.+ 3 Me na megyina ha yi. Monka no Yehowa ne deɛ wasra no+ yi anim: Hwan nantwie anaa n’afunumu na magyeɛ,+ na hwan na masisi no anaa mahyɛ ne soɔ? Hwan nsam na magye adanmudeɛ de akata m’ani?+ Monka mma menhyɛ mo ananmu.”+ 4 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Wonsisii yɛn, wonhyɛɛ yɛn so, na wonnyee yɛn mu biara nsam hwee.”+ 5 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ Yehowa yɛ danseni mo anim, na deɛ wasra no+ yi nso yɛ danseni sɛ moanhunu hwee me nsam.”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ danseni.”
6 Na Samuel nso ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Yehowa yɛ danseni; ɔno na ɔfaa Mose ne Aaron na ɔyii mo agyanom firii Egypt asase soɔ.+ 7 Enti afei monnyinagyina na memmu mo atɛn Yehowa anim, na menka adetenenee+ a Yehowa ayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa nkyerɛ mo.
8 “Berɛ a Yakob baa Egypt,+ na mo agyanom firii aseɛ su frɛɛ Yehowa+ ara pɛ na Yehowa somaa Mose+ ne Aaron maa wɔdii mo agyanom anim firii Egypt maa wɔbɛtenaa ha.+ 9 Nanso wɔn werɛ firii Yehowa, wɔn Nyankopɔn,+ enti ɔtɔn+ wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa,+ ne Filistifoɔ nsa,+ ne Moab hene nsa,+ na wɔn nyinaa ko tiaa wɔn. 10 Na wɔsu frɛɛ Yehowa+ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ na yɛagya Yehowa akɔsom Baal anyame+ ne Astoret+ ahoni. Afei gye yɛn+ firi yɛn atamfo nsam na yɛnsom wo.’ 11 Ɛnna Yehowa somaa Yerubaal+ ne Bedan ne Yefta+ ne Samuel,+ na ɔgyee mo firii mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia nsam maa motenaa ase dwoodwoo.+ 12 Berɛ a mohunuu sɛ Ammonfoɔ hene Nahas+ aba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Dabi, ɔhene ara na ɔbɛdi yɛn soɔ!’+ nso saa berɛ no nyinaa na Yehowa, mo Nyankopɔn na ɔyɛ mo Hene.+ 13 Na afei ɔhene a moayi no, deɛ mobisaeɛ no, ɔnie;+ seesei Yehowa asi mo so hene.+ 14 Sɛ mosuro Yehowa+ na mosom no+ na motie ne nne,+ na moante Yehowa ahyɛdeɛ so atua+ a, Yehowa, mo Nyankopɔn bɛka mo ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no nyinaa ho. 15 Na sɛ moantie Yehowa nne+ na mote Yehowa ahyɛdeɛ so atua+ a, Yehowa nsa bɛba mo ne mo agyanom so.+ 16 Afei monnyinagyina na monhwɛ ade kɛseɛ a Yehowa rebɛyɛ mo ani soɔ yi. 17 Ɛnnɛ nyɛ ayuo twa berɛ+ anaa? Nanso mɛsu afrɛ+ Yehowa na wama aprannaa abobom na nsuo atɔ,+ na mohwɛ a, moahunu sɛ bɔne a moayɛ no dɔɔso+ Yehowa ani so, sɛ́ mobisaa ɔhene.”
18 Ɛnna Samuel su frɛɛ Yehowa,+ na Yehowa maa aprannaa boboom na nsuo tɔɔ saa da no,+ enti ɔman no nyinaa suroo Yehowa ne Samuel kɛse. 19 Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Bɔ Yehowa, wo Nyankopɔn mpaeɛ+ ma wo nkoa, na yɛmpɛ sɛ yɛwuwuo, ɛfiri sɛ yɛn bɔne nyinaa akyi no, yɛadi amumuyɔsɛm abisa ɔhene.”
20 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monnsuro.+ Mo deɛ, moanya ayɛ bɔne yi nyinaa. Nanso monnnane mmfiri Yehowa akyi,+ na mmom momfa mo akoma nyinaa nsom Yehowa.+ 21 Monnnane nnkɔdi ahuhudeɛ+ a mfasoɔ biara nni soɔ+ na ɛntumi nnye nkwa akyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ. 22 Na Yehowa din kɛseɛ no nti,+ ɔrennya+ ne man, ɛfiri sɛ Yehowa asi ne bo sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.+ 23 Na me nso, ɛmpare me sɛ mɛyɛ Yehowa bɔne na magyae sɛ mɛbɔ mpaeɛ ama mo.+ Mɛkyerɛ+ mo deɛ ɛyɛ+ ne kwampa. 24 Yehowa na monsuro+ no, na momfa mo akoma nyinaa nsom+ no nokorɛ mu; monkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama mo no.+ 25 Nanso sɛ mosene mo kɔn yɛ bɔne a, wɔbɛpra mo akɔ,+ mo ne mo hene nyinaa.”+