9 Ahwɛyie ara na monyɛ na moante atua antia Yehowa.+ Monnsuro nnipa a wɔte asase no soɔ+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkatasoɔ afiri wɔn so,+ na yɛn deɛ Yehowa ka yɛn ho.+ Monnsuro wɔn.”+
29 Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛhyɛ da ate atua atia Yehowa na yɛadane yɛn ho afiri Yehowa akyi+ akɔsi afɔrebukyia foforɔ aka Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne ntomadan anim no ho, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ anaa afɔdeɛ foforɔ biara wɔ soɔ!”+