Numeri
14 Afei nnipa no nyinaa maa wɔn nne so suu+ anadwo no nyinaa. 2 Na Israelfoɔ firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron,+ na asafo no nyinaa kaa sɛ: “Sɛ yɛwuwuu Egypt anaa serɛ yi so mpo a, anka ɛyɛ! 3 Adɛn nti na Yehowa de yɛn reba asase yi soɔ sɛ yɛmmɛwuwu nkrantɛ ano?+ Wɔbɛfa yɛn yerenom ne yɛn mma nketewa.+ Ɛnyɛ mmom sɛ yɛbɛsan akɔ Egypt?”+ 4 Na wɔkaa mpo sɛ: “Momma yɛnyi obi nni yɛn anim nsan nkɔ Egypt!”+
5 Ɛbaa saa no, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam+ wɔ Israel asafo no nyinaa anim. 6 Na Nun+ ba Yosua ne Yefune+ ba Kaleb a wɔka wɔn a wɔkɔhwɛɛ asase no ho no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu.+ 7 Wɔka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Asase a yɛkɔhwɛeɛ no yɛ asase pa sɛ.+ 8 Sɛ yɛanya Yehowa anim adom+ a, ɔbɛhwɛ de yɛn akɔ hɔ na ɔde asase no ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ no. 9 Ahwɛyie ara na monyɛ na moante atua antia Yehowa.+ Monnsuro nnipa a wɔte asase no soɔ+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkatasoɔ afiri wɔn so,+ na yɛn deɛ Yehowa ka yɛn ho.+ Monnsuro wɔn.”+
10 Nanso asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi wɔn aboɔ.+ Na Yehowa animuonyam baa ahyiaeɛ ntomadan no so maa Israelfoɔ no nyinaa hunuiɛ.+
11 Afei Yehowa bisaa Mose sɛ: “Da bɛn+ koraa na ɔman yi de obuo bɛma me,+ na nsɛnkyerɛnne a mayɛ no wɔn mu yi nyinaa akyi no, da bɛn na wɔbɛgye me adie?+ 12 Ma memfa owuyareɛ ntɔre wɔn ase na menyɛ wo ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den nsene wɔn.”+
13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, Egyptfoɔ bɛte sɛ wode wo tumi ayi nnipa yi afiri wɔn man mu.+ 14 Na wɔbɛka akyerɛ nnipa a wɔte asase yi soɔ, ɛfiri sɛ wɔate sɛ wo Yehowa wowɔ ɔman yi mu,+ na woayi wo ho adi akyerɛ wɔn animu ne animu.+ Wone Yehowa, na wo mununkum na ɛkata wɔn soɔ. Na wodi wɔn anim awia wɔ mununkum dum mu, na anadwo nso egya dum mu.+ 15 Sɛ wokum nnipa yi nyinaa prɛko sɛ onipa baako+ bi a, aman a wɔate wo ho asɛm no bɛka sɛ, 16 ‘Ɛsiane sɛ Yehowa ntumi mfa ɔman yi nkɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no soɔ nti na wakunkum wɔn serɛ soɔ no.’+ 17 Enti Yehowa, mesrɛ wo, da wo tumi adi,+ ɛfiri sɛ wo na wokaa sɛ, 18 ‘Yehowa bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ+ dɔɔso, na ɔde mfomsoɔ ne mmarato firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+ 19 Mesrɛ wo, hwɛ w’adɔeɛ so fa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn, sɛdeɛ wode wɔn bɔne afiri wɔn firi Egypt abɛsi nnɛ no.”+
20 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Deɛ woaka yi nti mede akyɛ wɔn.+ 21 Nanso mete aseɛ yi, Yehowa animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa mã.+ 22 Wɔn a wɔahunu m’animuonyam+ ne anwanwadeɛ+ ahodoɔ a mayɛ no Egypt ne serɛ yi soɔ, nanso mprɛ du yi nyinaa wɔasɔ me ahwɛ+ na wɔantie me+ no deɛ, 23 wɔrenhunu asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no. Wɔn a wɔbu me animtia no biara nni hɔ a ɔbɛhunu.+ 24 Nanso m’akoa Kaleb+ deɛ, ɛsiane sɛ honhom foforɔ wɔ ne soɔ na ɔde n’akoma nyinaa adi m’akyi+ nti, mede no bɛkɔ asase a ɔkɔhwɛɛ soɔ no so, na ɛbɛyɛ n’asefoɔ dea.+ 25 Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ+ tete asasetamaa no so, enti ɔkyena monnane mo ho nkɔfa Po Kɔkɔɔ+ no ho nkɔ serɛ no so.”
26 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 27 “Ɛnkɔsi da bɛn na memma amumuyɔfoɔ asafo yi nnwiinwii ntia me?+ Mate anwiinwii a Israelfoɔ renwiinwii tia me no nyinaa.+ 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ Yehowa seɛ nie, “Sɛ mete aseɛ yi, deɛ moaka ama no aduru m’asom no, saa ara na mɛyɛ mo!+ 29 Mo a wɔkan mo a moadi mfeɛ aduonu rekorɔ a morenwiinwii tia me+ nyinaa, mo afunu bɛdeda serɛ yi so.+ 30 Mo nan rensi asase a memaa me nsa so kaa ntam+ sɛ me ne mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+
31 “‘“Na mo mma nketewa a mokaa sɛ asase no sofoɔ bɛfa wɔn+ no, mede wɔn nso bɛkɔ bi, na wɔbɛhunu asase a moapoɔ no.+ 32 Mo deɛ, mo afunu bɛdeda serɛ yi so.+ 33 Mo mma bɛyɛ nnwanhwɛfoɔ ɛserɛ no so+ mfeɛ aduanan, na wɔbɛsoa mo adwamammɔ+ akɔsi sɛ mo mu deɛ ɔtwa toɔ bɛwu ada serɛ yi soɔ.+ 34 Nna a mode kɔhwɛɛ asase no yɛ adaduanan,+ na mode mfeɛ aduanan bɛsoa mo bɔne.+ Da koro biara bɛyɛ afe+ akɔsi sɛ mobɛhunu ampa sɛ menni mo akyi bio.+
35 “‘“Me Yehowa, deɛ maka sɛ mɛyɛ amumuyɔfoɔ asafo+ a wɔasɔre atia me yi, sɛ manyɛ a na ɛnyɛ me a: Serɛ yi so na wɔn awieeɛ bɛba, na ɛha na wɔbɛwuwu aguo.+ 36 Na ɛsiane sɛ mmarima a Mose somaa wɔn kɔhwɛɛ asase no soɔ no de asase no ho amanneɛ a ɛtu akoma+ na ɛbaeɛ na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no nti, 37 saa mmarima a wɔbɛkaa asase no ho asɛmmɔne no bɛwu amanehunu wuo Yehowa anim.+ 38 Wɔn a wɔkɔhwɛɛ asase no nyinaa no, Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb nko ara na wɔbɛka.”’”+
39 Berɛ a Mose kaa yei nyinaa kyerɛɛ ɔman no, wɔn nyinaa dii awerɛhoɔ kɛseɛ.+ 40 Afei wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔrekɔ bepɔ no so, na wɔkaa sɛ: “Yɛbɛforo akɔ baabi a Yehowa kaa ho asɛm no, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.”+ 41 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔre tia Yehowa mmara?+ Ɛrensi mo yie. 42 Monhwɛ na moamforo ankɔ hɔ ankɔdi nkoguo mo atamfo anim,+ ɛfiri sɛ Yehowa nka mo ho. 43 Hwɛ, Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim,+ na mobɛtotɔ nkrantɛ ano ɛfiri sɛ moasan afiri Yehowa akyi, na Yehowa nso renni mo akyi bio.”+
44 Nanso wɔsii wɔn bo sɛ wɔbɛforo akɔ bepɔ no so,+ na Yehowa apam adaka no ne Mose amfiri nsraban no mu ankɔ.+ 45 Na Amalekfoɔ+ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no bɛto hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn, na wɔbɔɔ wɔn a wɔaka no hwete kɔɔ Horma+ tɔnn.