13 Ɛnna asɔfoɔ nson a wɔkurakura nnwan mmɛn nson no hyɛnee mmɛn no dii Yehowa adaka no anim, na asraafoɔ no nso dii wɔn anim. Afei wɔn a wɔbɔ kyidɔm no dii Yehowa adaka no akyi berɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛne mmɛn no.+
2 Ɛnna ɔfirii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, montie me ɛ! Yehowa deɛ, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ+ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo.+