2 Berɛsosɛm
15 Na Onyankopɔn honhom+ baa Oded+ ba Asaria so. 2 Ɛnna ɔfirii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, montie me ɛ! Yehowa deɛ, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ+ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo.+ 3 Nna pii na Israel+ tenaa aseɛ a na wɔnni nokorɛ Nyankopɔn ne ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ+ wɔn ne Mmara. 4 Nanso sɛ wɔkɔ ahohia mu+ na wɔsan ba Yehowa, Israel Nyankopɔn+ nkyɛn bɛhwehwɛ no a, ɔma wɔhu no.+ 5 Saa berɛ no na asomdwoeɛ bi nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu,+ ɛfiri sɛ na sakasaka pii wɔ asase no so nnipa nyinaa mu.+ 6 Wɔbobɔɔ wɔn ho pasaa, ɔman ne ɔman,+ kuro ne kuro, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wɔn ani taneeɛ, ahohia nyinaa mu.+ 7 Na mo deɛ, momma mo bo nyɛ duru,+ na mommma mo nsam nngo,+ ɛfiri sɛ mobɛnya mo adwuma no so akatua.”+
8 Berɛ a Asa tee nsɛm yi ne odiyifoɔ Oded+ nkɔmhyɛ no ara pɛ, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ+ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so ne nkuro a ɔgyee no Efraim mmepɔ soɔ+ no mu, na Yehowa afɔrebukyia a ɛsi Yehowa abantenten+ no anim no, ɔyɛɛ no foforɔ. 9 Afei ɔboaboaa Yuda ne Benyamin+ ne ahɔhoɔ+ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon bɛkaa wɔn ho no nyinaa ano; wɔhunuu sɛ Yehowa, ne Nyankopɔn di n’akyi, enti nnipa pii wae firii Israel baa n’afã.+ 10 Asa ahennie afe a ɛtɔ so dunum, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu na wɔboaboaa wɔn ano wɔ Yerusalem. 11 Ɛnna wɔde asadeɛ a wɔde baeɛ no bi bɔɔ afɔdeɛ maa Yehowa saa da no; wɔde anantwie ahanson ne nnwan mpemnson. 12 Na wɔkɔɔ apam+ sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no;+ 13 na obiara a ɔrenhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no, kumaa oo, kɛseɛ oo,+ ɔbarima oo, ɔbaa oo,+ wɔnku no.+ 14 Enti wɔde nne kɛseɛ ne osebɔ ne ntotorobɛnto ne mmɛn kaa ntam+ kyerɛɛ Yehowa. 15 Na Yuda nyinaa ani gyee+ ntam no ho, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa na ɛkaa ntam no. Anigyeɛ kɛseɛ na wɔde hwehwɛɛ no, na ɔmaa wɔhunuu no,+ na Yehowa maa wɔnyaa home afã nyinaa hyiaeɛ.+
16 Asa nanabaa Maaka+ nso, ɔhene+ tuu no adeɛ so, na wamma no anyɛ ɔbaapanin+ bio, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni huhuuhu bi a wɔde som abosonnua;+ enti Asa twaa honi+ no bubuu no gɔsɔgɔsɔ na ɔkɔhyee+ no Kidron subɔn+ no mu. 17 Nanso sorɔnsorɔmmea+ no amfiri Israel.+ Na Asa deɛ, n’akoma dii mũ ne nna nyinaa.+ 18 Na ɔde nneɛma a ne papa yɛɛ no kronkron ne deɛ+ ɔno ara yɛɛ no kronkron no baa nokorɛ Nyankopɔn fie hɔ, dwetɛ ne sika ne anwenneɛ.+ 19 Ɛko deɛ, ebi amma de kɔsii Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nnum so.+