51 Wɔwiee+ Yehowa fie adwuma a Solomon yɛeɛ no nyinaa, na Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baeɛ;+ ɔde sika ne dwetɛ ne anwenneɛ no nyinaa bɛguu Yehowa fie adekora adan no mu.+
26 Selomot yi ne ne nuanom na wɔhwɛɛ akoradeɛ a wɔayɛ no kronkron+ no nyinaa soɔ, deɛ Ɔhene Dawid+ ne agyanom abusuafie+ mpanimfoɔ, ne apem apem ne ɔha ha so ahwɛfoɔ, ne asahene no yɛɛ no kronkron no.