Numeri
13 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ma mmarima bi nwia wɔn ho nkɔhwɛ sɛdeɛ Kanaan asase no teɛ, asase a mede rema Israelfoɔ no.+ Monyi abusuakuo biara mu otitire+ baako na ɔnnyina hɔ mma n’agyanom fie.”
3 Enti Mose somaa wɔn firii Paran serɛ so+ sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no. Na mmarima no nyinaa yɛ Israel mpanimfoɔ. 4 Wɔn din nie: Deɛ ɔsii Ruben abusuakuo ananmu ne Sakur ba Sammua. 5 Simeon abusuakuo, Hori ba Safat; 6 Yuda abusuakuo, Yefune ba Kaleb;+ 7 Isakar abusuakuo, Yosef ba Yigal; 8 Efraim abusuakuo, Nun ba Hosea;+ 9 Benyamin abusuakuo, Rafu ba Palti; 10 Sebulon abusuakuo, Sodi ba Gadiel; 11 Yosef abusuakuo+ mu no, deɛ ɔsii Manase abusuakuo+ ananmu ne Susi ba Gadi; 12 Dan abusuakuo, Gemali ba Amiel; 13 Aser abusuakuo, Mikael ba Setur; 14 Naftali abusuakuo, Wofsi ba Nabi; 15 Gad abusuakuo, Maki ba Geuel. 16 Mmarima a Mose somaa wɔn kɔhwɛɛ asase no din nie. Mose deɛ, ɔfrɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yehosua.+
17 Berɛ a Mose resoma wɔn akɔ Kanaan asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa Negeb+ na montoa so nkɔ bepɔ no so.+ 18 Monkɔhwɛ sɛdeɛ asase no teɛ+ ne nnipa a wɔte soɔ. Monhwɛ sɛ wɔn ho yɛ den anaa wɔn ho nyɛ den, wɔsua anaa wɔdɔɔso. 19 Afei monhwɛ asase a wɔte soɔ no sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, ne wɔn nkuro a wɔtete mu no sɛ ɛyɛ nsraban anaa abandenden. 20 Monhwɛ sɛ asase no yɛ asase pa anaa awu,+ sɛ nnua wɔ so anaa ebi nni so. Momma mo bo nyɛ duru+ na momfa asase no so nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa berɛ no na bobe+ a ɛdi kan abere.
21 Enti wɔkɔhwɛɛ asase no. Wɔfiri Sina serɛ so+ kɔɔ Rehob+ kɔpuee Hamat.+ 22 Wɔkɔfaa Negeb+ baa Hebron.+ Na Anak+ mma Ahiman, Sesai, ne Talmai+ wɔ hɔ. Wɔkyekyeree Hebron+ kuro no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan+ a ɛwɔ Egypt no. 23 Berɛ a wɔbɛduruu Eskol+ subɔn ho no, wɔtwaa bobe ban bi a bobe aba wɔ soɔ.+ Wɔhyehyɛɛ no dua tenten bi so maa mmarima no mmienu soaeɛ, na wɔde granate akutuo*+ ne borɔdɔma aba kaa ho. 24 Ɛsiane sɛ Israel mmarima no twaa bobe aba wɔ hɔ nti, wɔtoo hɔ din Eskol+ subɔn.
25 Adaduanan+ akyi no wɔfirii asase no so baeɛ. 26 Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa anim wɔ Paran serɛ so wɔ Kades.+ Na wɔbɛkaa deɛ wɔhunuiɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba kyerɛɛ wɔn. 27 Wɔde wɔn amanneɛ bɔɔ no sɛ: “Wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔhwɛ sɛdeɛ asase no teɛ; yɛakɔ aba. Na ampa ara nufosuo ne ɛwoɔ sene so,+ na ɛso aba no bi nie.+ 28 Nanso asɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ, asase no sofoɔ yɛ akantinka, na wɔwɔ nkuro akɛseɛ paa a wɔabɔ ho ban.+ Yɛhunuu Anak mma no nso wɔ hɔ.+ 29 Amalekfoɔ+ te Negeb+ asase so, na Hitifoɔ ne Yebusifoɔ+ ne Amorifoɔ+ te bepɔ so, na Kanaanfoɔ+ nso te mpoano ne Yordan ho.”
30 Kaleb+ bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo nnipa no akoma ama wɔatie Mose, na ɔkaa sɛ: “Momma yɛnkɔ, na kwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim afa asase no.”+ 31 Nanso nnipa a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: “Yɛrentumi wɔn ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene yɛn.”+ 32 Wɔkɔɔ so ara de asase a wɔkɔhwɛɛ soɔ no ho amanneɛ a ɛtu akoma+ bɔɔ Israelfoɔ no sɛ: “Asase a yɛkɔsraa soɔ no yɛ asase a ɛmene ɛsofoɔ, na nnipa a yɛhunuu wɔn hɔ nyinaa yɛ abrane+ a yɛnhunuu wɔn so bi da. 33 Yɛhunuu Nefilimfoɔ no nso wɔ hɔ, Anak mma+ a wɔfiri Nefilimfoɔ mu no. Nokorɛm, yɛyɛɛ sɛ mmɛbɛ wɔ yɛn ara yɛn ani so, na saa nso na yɛyɛɛ wɔn ani soɔ.”+