25 Wɔdii nkuro a ɛyɛ den+ ne asase a adɔ sradeɛ so,+ na wɔnyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu mã,+ mmura a wɔatuo,+ bobe nturo ne ngodua+ mfuo ne nnua a ɛso aba pii, na wɔdidi meeɛ+ na wɔyeyɛɛ akɛse+ na wɔnyaa ahotɔ, wo papayɛ+ kɛseɛ mu.
35 Berɛ a wɔn ahennie+ rekɔ soɔ a womaa wɔn nneɛma pa pii,+ ne asase a ɛtrɛ na adɔ sradeɛ no,+ wɔn deɛ, wɔansom wo+ na wɔannane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne ho.+
6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara.+