Deuteronomium 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nanso nsuro wɔn,+ na kae deɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Egypt nyinaa.+ Deuteronomium 20:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Israel montie, ɛnnɛ morebɛn mo atamfo ne wɔn akɔko. Mommma mo akoma nntu,+ monnsuro wɔn na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu.+
3 Ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Israel montie, ɛnnɛ morebɛn mo atamfo ne wɔn akɔko. Mommma mo akoma nntu,+ monnsuro wɔn na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu.+