Numeri
15 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede ama mo sɛ monkɔtena soɔ+ no so, 3 na mode nantwie anaa odwan bɔ egya afɔdeɛ ma Yehowa+ a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ oo, bɔhyɛ ho afɔdeɛ oo, afɔdeɛ a obi firi ne pɛ mu+ bɔ oo, sɛ ɛyɛ afahyɛ+ berɛ oo, sɛ mopɛ sɛ ɛyɛ afɔdeɛ hwamhwam ma Yehowa a,+ 4 ɛsɛ sɛ deɛ ɔbɛbɔ afɔdeɛ no de ngo hin nkyɛmu nnan mu baako fete esiam muhumuhu+ efa nkyɛmu du mu baako bɔ aduane afɔdeɛ nso ma Yehowa. 5 Na ɔmfa nsã+ hin nkyɛmu nnan mu baako nka ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa adwammaa nini afɔdeɛ no ho. 6 Na sɛ odwennini na ɔde reba a, ɔmfa ngo hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mfete esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmienu mmɛbɔ aduane afɔdeɛ. 7 Na ɔmfa nsã hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmɛbɔ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.
8 “‘Na sɛ ɔde nantwinini bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ anaa bɔhyɛ afɔdeɛ+ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Yehowa+ a, 9 ɔmfa ngo hin fã mfete esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho mmɛbɔ aduane afɔdeɛ.+ 10 Afei ɔmfa nsã+ hin fã mmɛbɔ egya afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa. 11 Berɛ biara a obi de nantwinini anaa odwennini anaa adwammaa anaa abirekyie bɛba no, saa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ. 12 Dodoɔ biara a mode bɛbɔ afɔdeɛ no, saa ara na monyɛ emu biara. 13 Kuromanni biara a ɔbɛbɔ egya afɔdeɛ hwamhwam ama Yehowa+ no, saa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no.
14 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi abɛtena mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ pii mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ egya afɔdeɛ hwamhwam ma Yehowa a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ.+ 15 Ahyɛdeɛ korɔ na ɛda hɔ ma asafo mma ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo no nyinaa.+ Ɛbɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɔhɔhoɔ ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ Yehowa anim.+ 16 Mmara korɔ ne atemmusɛm korɔ na ɛda hɔ ma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo no nyinaa.’”+
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede mo rekɔ soɔ+ no so, 19 na monya aduane di wɔ asase no so+ a, monyi ntoboa mma Yehowa. 20 Momfa ayusiam a ɛdi kan+ ntõ paanoo a ɛte sɛ kawa mmra. Sɛdeɛ mode ayuporobea ayɛyɛdeɛ ba no, saa ara na momfa yei nso mmra. 21 Momfa mo ayusiam a ɛdi kan no bi nyɛ ntoboa mma Yehowa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
22 “‘Ebia mfomsoɔ bi nti montumi nni nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa so,+ 23 kyerɛ sɛ deɛ Yehowa nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, ɛfiri da a Yehowa de mmara no maeɛ kɔsi mo nkyirimma so. 24 Sɛ ɛba sɛ mfomsoɔ no yɛ anipasoɔ na asafo no nyinaa nnim a, ɔman no nyinaa mfa nantwinini kumaa baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa, ne ɛho aduane afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ sɛdeɛ wɔyɛ no daa+ no, na wɔmfa abirekyie ba nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ.+ 25 Afei ɔsɔfoɔ no mpata+ mma Israel asafo no nyinaa, na wɔde wɔn bɔne bɛfiri wɔn, ɛfiri sɛ wɔanhyɛ da na wɔyɛeɛ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ nso aba sɛ wɔmfa mmɔ egya afɔdeɛ mma Yehowa, na wɔmmɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ mma wɔn Yehowa anim. 26 Na wɔde bɛfiri+ Israel asafo no ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ mfomsoɔ a ɔman no nyinaa diiɛ a wɔanhyɛ da.
27 “‘Sɛ ɔkra bi anhyɛ da+ na ɔyɛ bɔne a, ɔmfa abirekyibereɛ a wadi afe mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.+ 28 Ɔsɔfoɔ no mpata mma ɔkra a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne Yehowa anim no. Ɔmpata mma no na wɔmfa mfiri no.+ 29 Sɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo no anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, mmara korɔ na ɛwɔ hɔ ma wɔn nyinaa.+
30 “‘Nanso sɛ ɔkra bi hyɛ da yɛ bɔne+ a, wasopa Yehowa,+ enti ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔhoɔ oo, wɔntwa ɔkra a ɔte saa no mfiri ne man mu.+ 31 Ɛsiane sɛ wabu Yehowa asɛm animtia+ na wabu n’ahyɛdeɛ soɔ+ nti, wɔntwa ɔkra a ɔte saa no ntwene.+ Ɔno ara bɛsoa ne bɔne.’”+
32 Berɛ a Israelfoɔ wɔ serɛ soɔ no, da bi wɔhunuu ɔbarima bi sɛ ɔrepɛ nnyina homeda.+ 33 Na wɔn a wɔhunuu sɛ ɔrepɛ nnyina no de no baa Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa anim. 34 Na wɔde no too dan mu+ ɛfiri sɛ na wɔnkyerɛɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no.
35 Akyire yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wɔnkum+ ɔbarima no; asafo no nyinaa nsi no aboɔ wɔ nsraban no akyi.”+ 36 Enti asafo no nyinaa de no kɔɔ nsraban no akyi, na wɔsii no aboɔ kuu no sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
37 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 38 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔne wɔn nkyirimma nyinaa nyɛ wɔn ntadeɛ ano mmɛsã, na wɔmfa ahoma bruu nto mmɛsã no ano.+ 39 ‘Na sɛ mohunu atadeɛ no ano mmɛsã no a, ɛbɛkae mo Yehowa ahyɛdeɛ nyinaa+ na moadi so, na moanni mo akoma ne mo aniwa akyi+ sɛdeɛ modi akyire bɔ adwaman+ no. 40 Yei bɛma moakae m’ahyɛdeɛ nyinaa na moadi so ayɛ kronkron mo Nyankopɔn anim.+ 41 Me Yehowa mo Nyankopɔn na meyii mo firii Egypt asase soɔ na ama moahunu sɛ mene mo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+