21 Deɛ wɔde baeɛ ne anantwinini+ nson, adwennini nson, nnwammaa anini nson, ne mpapo nson a wɔde bɛbɔ bɔne afɔdeɛ+ ama ahennie no ne kronkronbea hɔ ne Yuda. Na ɔka kyerɛɛ Aaron asefoɔ, asɔfoɔ+ no, sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ Yehowa afɔrebukyia no so.
17 Na wɔde anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan baa sɛ wɔmfa nhyira Onyankopɔn fie no so, ne mmirekyie dumienu a wɔde bɛbɔ bɔne afɔdeɛ ama Israel nyinaa sɛdeɛ Israel mmusuakuo no dodoɔ teɛ.+
35 Atukɔfoɔ+ a wɔfiri nkoasom mu aba no de ɔhyeɛ afɔdeɛ+ brɛɛ Israel Nyankopɔn, Israelfoɔ nyinaa din mu: anantwinini+ dumienu; adwennini+ aduɔkron nsia; nnwammaa anini, aduɔson nson; bɔne ho afɔdeɛ, mpapo+ dumienu; wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Yehowa.