Leviticus
4 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɔkra+ bi ani nna ne ho so na ɔfom+ kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi a, ɛho asɛm nie:
3 “‘Sɛ ɔsɔfoɔ a wɔasra no+ yɛ bɔne+ bi na ɔde mmusuo ba ɔman no so a, ɛnneɛ ɔmfa nantwinini kumaa a ɔte apɔ mmɔ ne bɔne+ no ho afɔdeɛ mma Yehowa. 4 Ɔmfa nantwie no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano+ wɔ Yehowa anim na ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam,+ na ɔnku no Yehowa anim. 5 Na ɔsɔfoɔ no, deɛ wɔasra no+ no, mfa nantwie no mogya no bi mmra ahyiaeɛ ntomadan no mu. 6 Afei ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa+ mmɔ mogya no mu na ɔmpete mogya no bi mprɛ nson+ wɔ Yehowa anim, kronkronbea no ntwamutam no anim. 7 Aduhwam bukyia no wɔ Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nsosɔ mmɛn+ a ɛtuatua ho no so. Afei ɔnhwie nantwie no mogya a aka nyinaa ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no ase.+ Saa afɔrebukyia yi na ɛsi ahyiaeɛ ntomadan no ano no.
8 “‘Ɔnyi nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no nsono ho sradeɛ, deɛ ɛkata ne nsono ho nyinaa,+ 9 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ, deɛ ɛwɔ n’asene mu no. Afei ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 10 Ɛte sɛ deɛ wɔyi firi nantwie a wɔde bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ ho no. Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no so.+
11 “‘Na nantwinini no nwoma, ne nam nyinaa ne ne ti ne ne nnyawa ne ne nsono ne ne bini,+ 12 kyerɛ sɛ nantwi mũ no nyinaa deɛ, ɔmfa nkɔ nsraban no akyi+ faako a ɛhɔ teɛ, baabi a wɔde nsõ+ guo no, na ɔmfa ngu gya so nhye.+ Enti wɔbɛhye no baabi a wɔde nsõ guo no.
13 “‘Afei sɛ Israel asafo mũ no nyinaa fom+ na asafo no nnim sɛ wɔayɛ deɛ Yehowa ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no nyinaa bi a, ɛde asodie bɛto wɔn so,+ 14 na sɛ wɔbɛhunu bɔne a wɔayɛ+ no a, asafo no mfa nantwinini kumaa baako mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Wɔmfa aboa no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano. 15 Na asafo no mu mpanimfoɔ mfa wɔn nsa ngu nantwie no apampam+ wɔ Yehowa anim, na wɔnkum nantwie no Yehowa anim.
16 “‘Afei ɔsɔfoɔ a wɔasra no+ no mfa nantwie no mogya no bi mmra ahyiaeɛ ntomadan no mu.+ 17 Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu mpete mprɛ nson wɔ Yehowa anim, ntwamutam+ a ɛsɛn hɔ no anim. 18 Na ɔmfa mogya no bi nsosɔ afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no so wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu. Afei ɔnhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ+ no ase wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano. 19 Ɔnyi ne sradeɛ nyinaa na ɔnhye no afɔrebukyia no so.+ 20 Sɛdeɛ ɔyɛɛ nantwinini baako a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no, saa ara na ɔnyɛ nantwinini yi nso. Saa kwan no ara so na ɔmfa. Ɔsɔfoɔ no mpata+ mma wɔn, na wɔde bɛfiri wɔn. 21 Ɔmfa nantwie no nkɔ nsraban no akyi nkɔhye no sɛdeɛ ɔhyee nantwie a ɔdi kan no.+ Ɛyɛ asafo no bɔne ho afɔdeɛ.+
22 “‘Sɛ mpanimfoɔ+ no bi ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ne Nyankopɔn ahyɛ sɛ obiara nnyɛ+ no bi na ɛde asodie bɛto ne so, 23 anaa wɔma no hunu sɛ watõ mmara+ a, ɛnneɛ ɔmfa ɔpapo+ kumaa a ɔte apɔ mmɛbɔ afɔdeɛ. 24 Ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no apampam+ na ɔnku no baabi a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ Yehowa anim no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.+ 25 Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ mmɛn+ a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so, deɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no. Afei ɔnhwie mogya a aka no ngu afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no ase. 26 Na ɔnhye ne sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so,+ sɛdeɛ ɔyɛɛ aboa a ɔde no bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no mpata mma ne bɔne,+ na wɔde bɛfiri no.
27 “‘Sɛ ɔkra bi wɔ asase no so na n’ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi na ɛde asodie bɛto ne so,+ 28 anaa wɔma ɔhunu sɛ watõ mmara a, ɛnneɛ ɔmfa abirekyie bereɛ kumaa+ a ɔte apɔ mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ. 29 Ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no apampam,+ na ɔnku no baabi a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.+ 30 Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmfa nsosɔ mmɛn+ a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so, deɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no. Afei ɔnhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase.+ 31 Na ɔnyi ne sradeɛ no nyinaa+ sɛdeɛ ɔyii aboa a ɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ no sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+ Na ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma no, na wɔde bɛfiri no.+
32 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔde adwammaa+ bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɔmfa ɔbereɛ kumaa a ɔte apɔ+ mmra. 33 Ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no apampam, na ɔnku no mfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ baabi a wɔkum mmoa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.+ 34 Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so, deɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no.+ Afei ɔnhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase. 35 Ɔnyi ne sradeɛ nyinaa sɛdeɛ wɔde odwennini kumaa bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔyi ne sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so wɔ egya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Yehowa no so.+ Ɔsɔfoɔ no mpata+ mma ne bɔne, na wɔde bɛfiri no.+