Leviticus
5 “‘Sɛ ɔkra+ bi te sɛ obi reka ntam,+ na ɔyɛ asɛm a asie* no ho danseni anaasɛ ɔhunuiɛ anaa nso ɔnim ho biribi na wanka+ a, wayɛ bɔne na ɛsɛ sɛ ɔsoa ne bɔne.
2 “‘Anaa sɛ ɔkra bi ho ka biribi a ɛho nteɛ, wuram aboa a ne ho nteɛ funu oo, ayɛmmoa a ne ho nteɛ funu oo, aboa a ɔwea a ne ho nteɛ funu+ oo, sɛ ɔnnim+ mpo a, ne ho agu fĩ na asodie da ne so.+ 3 Anaa sɛ ne ho ka obi a ne ho agu fĩ anaa biribiara a ɛbɛtumi agu onipa ho fĩ+ a, sɛ ɔnnim mpo na akyire yi ɔbɛhunu a, asodie da ne so.
4 “‘Anaa sɛ ɔkra bi ka ntam, de ano hunu pere ne ho ka ntanhunu+ sɛ ɔbɛyɛ biribi a, ntam+ biara a ɔde ano hunu kaeɛ no, bɔne+ oo, papa oo, sɛ ɔnnim mpo na akyire yi ɔbɛhunu a, ɛho asodie da ne so.
5 “‘Sɛ ɛba sɛ ɔdi fɔ wɔ asɛm yi mu biara ho a, ɔnka ne bɔne.+ 6 Na bɔne a wayɛ nti, ɔmfa odwan anaa abirekyie bereɛ+ kumaa mmɛbɔ n’asodie afɔdeɛ+ wɔ Yehowa anim; na ɔsɔfoɔ no mpata mma ne bɔne.+
7 “‘Na sɛ ne nsa nsõ odwan+ so a, ɔmfa mmuruburo mmienu+ anaa mmorɔnoma mma mmienu mmɛbɔ n’asodie afɔdeɛ mma Yehowa, bɔne a wayɛ no nti. Ɔmfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 8 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔnni kan mfa deɛ ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no mmra na ɔnsɔ ne mene nkyim+ ne ti, nanso ɔnnte mmfiri so koraa. 9 Na ɔmfa aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi mpete afɔrebukyia no ho, na ɔnsɔne mogya a aka no ngu afɔrebukyia no ase.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ. 10 Ɔde baako a aka no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔbɔ no daa+ no; na ɔsɔfoɔ no mpata+ mma ne bɔne, na wɔde bɛfiri no.+
11 “‘Nanso sɛ ɔrennya+ mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a, ɔmfa esiam muhumuhu efa susudeɛ nkyɛmu du+ mu baako mmra mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ. Mma no mmfa ngo nngu so,+ na ɔmmfa ɛhyɛ nnka ho; ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.+ 12 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa ne nsa mã nhye no afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ.+ Ɔnhye no afɔrebukyia no so wɔ egya afɔdeɛ a wɔhye ma Yehowa no so.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.+ 13 Na ɔsɔfoɔ no mpata+ mma no wɔ bɔne yi mu biara a wayɛ ho, na wɔde bɛfiri no; na deɛ ɛbɛka no yɛ ɔsɔfoɔ no dea+ te sɛ aduane afɔdeɛ no.’”
14 Afei Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 15 “Sɛ ɛba sɛ ɔkra bi anni nokorɛ na ɔyɛ bɔne tia Yehowa akronkronneɛ+ berɛ a n’ani nni ne ho so a, ɔmfa odwennini a ɔte apɔ mmɛbɔ n’asodie afɔdeɛ+ mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ aboa no boɔ duru dwetɛbena+ a wɔatwa ato hɔ no, sɛdeɛ wɔkari dwetɛbena wɔ kronkronbea hɔ no; ɛyɛ asodie afɔdeɛ. 16 Ɔbɛtua bɔne a wayɛ atia kronkronbea no ho mpatadeɛ, na ɔde nkyɛmu nnum mu baako bɛka ho+ abrɛ ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no mfa odwennini a ɔde bɛbɔ asodie afɔdeɛ no mpata+ mma no, na wɔde bɛfiri+ no.
17 “Sɛ ɔkra bi ani nni ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi a, ɛwom sɛ ɔnnim+ deɛ, nanso asodie da ne so, na ɔbɛsoa ne bɔne.+ 18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔ a ne boɔ duru ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no brɛ ɔsɔfoɔ no na ɔde bɔ n’asodie afɔdeɛ.+ Ɔsɔfoɔ no mpata+ mma bɔne a ɔyɛeɛ berɛ a n’ani nna ne ho soɔ no, ɛwom sɛ na ɔnnim deɛ, na wɔde bɛfiri no.+ 19 Ɛyɛ asodie afɔdeɛ. Wafom+ Yehowa.”