Leviticus
6 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Sɛ ɛba sɛ obi de biribi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so anaasɛ ne biribi bɛdi ne nsam+ na wanni mu nokorɛ,+ anaa ɔbɔ no korɔno anaasɛ ɔfa kwan bi so sisi no+ a, saa ɔkra no ayɛ bɔne na wanni Yehowa nokorɛ.+ 3 Anaa sɛ ɔhunu biribi a ayera+ na wanka mu nokorɛ anaa ɔyɛ nneɛma yi nyinaa bi na ɔka atorɔ ntam+ wɔ ho a, wayɛ bɔne. 4 Sɛ ɛbɛda adi sɛ ampa wayɛ bɔne na ɔdi fɔ+ a, ɛsɛ sɛ ɔde deɛ ɔwiaeɛ anaa ɔnam nsisie so nyaeɛ anaa deɛ wɔde maa no sɛ ɔnhwɛ so a ɔfaeɛ anaa deɛ ayera a ɔhunuiɛ no san kɔ. 5 Biribiara a abɛdi ne hɔ a ɔkaa ho ntanhunu no, ɔmfa nkɔ anaa ɔntua ka.+ Afei ɛsɛ sɛ wɔbu deɛ ɔfaeɛ no boɔ, na wɔkyɛ mu nnum ma no tua mu baako ka ho ma ne wura, ɛda a ne bɔne bɛda adie no. 6 Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔ+ a ɔduru ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no brɛ Yehowa na ɔsɔfoɔ no de bɔ asodie afɔdeɛ.+ 7 Afei ɔsɔfoɔ no mpata+ mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne a wayɛ biara a ɛde asodie abɛto ne soɔ no, wɔde bɛfiri no.”
8 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 9 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Ɔhyeɛ afɔdeɛ ho mmara nie:+ Momma aboa a mode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nna afɔrebukyia no asɔmurofi hɔ anadwo mũ nyinaa nkɔsi anɔpa, na wɔnhwɛ sɛ egya wɔ afɔrebukyia no mu. 10 Ɔsɔfoɔ no nhyɛ n’asɔfotadeɛ a wɔde nwera+ apam no, na ɔnhyɛ nwera twakoto+ nkata ne ho. Na ɔnyi ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a ɛda afɔrebukyia no so gya so daa no ho nsõ+ ngu afɔrebukyia no nkyɛn. 11 Afei ɔnyi n’atadeɛ+ no ngu hɔ na ɔnhyɛ foforɔ, na ɔnsesa nsõ no nkɔ baabi a ɛhɔ teɛ wɔ nsraban no akyi.+ 12 Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ egya wɔ afɔrebukyia no so daa, ɛnsɛ sɛ ɛdum. Ɔsɔfoɔ no mfa nnyina+ ngu so nhye no anɔpa biara na ɔmfa aboa a wɔde no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nto so, na ɔmma asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no sradeɛ nhye wɔ so.+ 13 Ɛnsɛ sɛ afɔrebukyia no so gya+ dum, ɛsɛ sɛ egya wɔ so daa.
14 “‘Aduane+ afɔdeɛ ho mmara nie: Aaron mma no mfa mmra Yehowa anim wɔ afɔrebukyia no anim. 15 Wɔn mu baako nsa esiam muhumuhu a wɔde bɛbɔ aduane afɔdeɛ no ne ngo no ne ɛhyɛ a ɛda soɔ no ne nsa mã, na ɔnhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ hwamhwam mma no nyɛ nkaeɛ adeɛ+ mma Yehowa. 16 Aaron ne ne mma nni deɛ ɛbɛka no.+ Wɔnni no sɛ paanoo a mmɔreka nnim+ wɔ bea a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ. 17 Ɛnsɛ sɛ wɔde mmɔreka+ biara fra tõ. Aduane a wɔde abɛbɔ egya afɔdeɛ+ ama me no na mede bi ama wɔn sɛ wɔn kyɛfa. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron+ te sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ no. 18 Aaron mma mmarima+ no nyinaa bɛdi bi. Ɛyɛ wɔn kyɛfa a Yehowa bɛyi afiri egya afɔdeɛ no mu ama wɔn, na ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa daa,+ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Biribiara a ɛbɛkã afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ kronkron.’”
19 Afei Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 20 “Da a wɔbɛsra Aaron ngo+ no, afɔdeɛ+ a ɔne ne mma bɛbɔ ama Yehowa nie: Wɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako+ mmɔ aduane afɔdeɛ+ mma me berɛ nyinaa. Wɔmfa emu fã mmɔ afɔdeɛ anɔpa na wɔmfa fã mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ. 21 Wɔmfa ngo mfete no yie na wɔntõ no apampaa+ so. Afei wɔmfa atoduane no mmra Yehowa anim sɛ aduane afɔdeɛ hwamhwam a wɔabubu mu asinasini. 22 Ne mma no mu deɛ wɔbɛsra no ɔsɔfoɔ asi n’ananmu no+ na ɔbɛbɔ afɔdeɛ no. Yei yɛ ahyɛdeɛ a wɔbɛdi so daa: Wɔnhye afɔrebɔdeɛ no nyinaa+ mma Yehowa. 23 Ɛsɛ sɛ wɔhye aduane afɔdeɛ a ɔsɔfoɔ+ bɛbɔ no nyinaa. Obiara nnni bi.”
24 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Bɔne ho afɔdeɛ no nso ho mmara nie:+ Baabi+ a wɔkum aboa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛhɔ na wɔbɛkum aboa a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+ 26 Ɔsɔfoɔ a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no na ɔbɛweɛ.+ Na ɔbɛwe no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron+ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.+
27 “‘Biribiara a ɛbɛkã nam no bɛyɛ kronkron,+ na sɛ obi de mogya no bi pete atadeɛ mu a,+ si deɛ mogya aka mu no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron.+ 28 Sɛ wɔnoaa no kukuo+ mu a, wɔmmɔ kukuo no. Na sɛ wɔnoaa no kɔbere sɛn mu a, wɔntwitwi mu mfa nsuo nhohoro mu.
29 “‘Mmarima a wɔyɛ asɔfoɔ nyinaa nwe bi.+ Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+ 30 Nanso sɛ wɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ de mogya+ no bi ba ahyiaeɛ ntomadan no kronkronbea hɔ bɛpata a, ɛnsɛ sɛ obiara we bie. Wɔmfa egya nhye ne nyinaa.