Leviticus
7 “‘Asodie afɔdeɛ+ nso ho mmara nie: Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+ 2 Baabi+ a wɔkum aboa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛhɔ na wɔbɛkum aboa a wɔde no bɛbɔ asodie afɔdeɛ no, na ɔde ne mogya+ bɛpete+ afɔrebukyia no so ahyia. 3 Na ɔbɛyi ne sradeɛ+ nyinaa, ne dua tufuu no ne sradeɛ a ɛwɔ ne nsono ho, 4 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ, deɛ ɛwɔ n’asene mu no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 5 Na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so sɛ egya afɔdeɛ mma Yehowa.+ Ɛyɛ asodie afɔdeɛ. 6 Mmarima asɔfoɔ no nyinaa nwe.+ Wɔnwe no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+ 7 Bɔne ho afɔdeɛ no te sɛ asodie afɔdeɛ no ara. Mmara korɔ na ɛwɔ hɔ ma mmienu no nyinaa.+ Ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔbɛbɔ afɔdeɛ apata bɔne no dea.
8 “‘Na sɛ obi de aboa brɛ ɔsɔfoɔ no sɛ ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, aboa no nwoma+ bɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.
9 “‘Na sɛ wɔtõ aduane fononoo+ mu anaa wɔkye no ɛsɛn+ mu anaa wɔtõ no apampaa+ so de bɔ afɔdeɛ a, ɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔbɔɔ afɔdeɛ no dea; ɔmfa.+ 10 Nanso sɛ wɔde esiam a wɔde ngo+ afra anaa deɛ ɛyɛ wesee+ ba sɛ wɔmfa mmɔ aduane afɔdeɛ a, ɛbɛyɛ Aaron mma no dea; wɔbɛkyɛ no pɛ.
11 “‘Afei sɛ obi rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ ama Yehowa a, ɛho mmara nie: 12 Sɛ ɔde reba aseda+ a, ɔmfa ngo mfete esiam nyɛ paanoo a mmɔreka nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔreka nnim mfa ngo nsra ho.+ Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfete no yie mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa yeinom nka n’aseda afɔrebɔdeɛ no ho mmra. 13 Ɔmfa paanoo a mmɔreka wom+ a ɛte sɛ kawa nka n’ayɛyɛdeɛ no ne aboa a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho mmra sɛ aseda afɔdeɛ. 14 Na ɔde emu biara bi bɛma Yehowa sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron.+ Ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔde asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mogya bɛpete afɔrebukyia no ho no dea.+ 15 Na da a wɔbɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ sɛ aseda afɔdeɛ no, da no ara wɔbɛwe nam no. Ɛnsɛ sɛ ɔgya bi ma adeɛ kye soɔ.+
16 “‘Nanso sɛ bɔhyɛ bi+ nti ɔde aboa bi bɛbɔ afɔdeɛ anaa ɔno ara firi ne pɛ mu bɔ afɔdeɛ+ a, da a ɔde no bɛbɔ afɔdeɛ no wɔnwe, na sɛ ebi ka ma adeɛ kye so a, ɛno nso wɔbɛtumi awe. 17 Na sɛ ɛdi nnansa na nam no bi da so wɔ hɔ a, wɔmfa egya nhye.+ 18 Sɛ ɛba sɛ aboa a wɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no nam no bi ka ma no di nnansa na obi we a, deɛ ɔde baeɛ no rennya nhyira biara.+ Mfasoɔ remma so mma no.+ Ɛbɛyɛ atantanneɛ, na ɔkra biara a ɔbɛwe bie no bɛsoa ne bɔne.+ 19 Na ɛnsɛ sɛ obiara we nam a akã biribi a ɛho nteɛ.+ Wɔmfa egya nhye. Nanso obiara a ne ho nteɛ bɛtumi awe nam a aka no bi.
20 “‘Sɛ ɔkra bi ho gu fĩ na ɔwe aboa a wɔde abɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Yehowa no nam no bi a, wɔntwa saa ɔkra no mfiri ne man mu.+ 21 Na sɛ ɔkra bi ho ka biribi a ɛho nteɛ, onipa a ne ho nteɛ+ oo, aboa a ne ho nteɛ+ oo, abofonodeɛ+ biara a ɛho nteɛ oo, sɛ ɔwe aboa a wɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Yehowa no nam no bi a, wɔntwa saa ɔkra no mfiri ne man mu.’”
22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Monnni nantwie anaa odwan anaa abirekyie biara sradeɛ.+ 24 Sɛ aboa bi wu anaa aboa foforɔ tete ne mu+ a, mobɛtumi de ne sradeɛ ayɛ biribiara a mopɛ, nanso monhwɛ na moanni. 25 Sɛ obi de aboa bi bɛbɔ egya afɔdeɛ ma Yehowa na ɔdi ne sradeɛ a, wɔntwa saa ɔkra+ no mfiri ne man mu.
26 “‘Monhwɛ sɛ baabiara a mobɛtena biara no, morenni mogya biara.+ Monnni anomaa anaa aboa foforɔ biara mogya. 27 Ɔkra biara a ɔbɛdi mogya no, wɔntwa no+ mfiri ne man mu.’”
28 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 29 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Deɛ ɔbɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi mma Yehowa.+ 30 Ɔno ara mfa sradeɛ+ no nka aboa no koko ho mmra Yehowa anim sɛ egya afɔdeɛ. Ɔmfa nka ne koko no ho na ɔnhim no sɛ ohim afɔdeɛ+ wɔ Yehowa anim. 31 Ɔsɔfoɔ no nhye+ sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so, na ne koko no deɛ, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+
32 “‘Na monyi aboa a mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no nan nifa mma ɔsɔfoɔ no sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron.+ 33 Aaron mma no mu deɛ ɔde asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mogya ne sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ no, ɔno na aboa no nan nifa bɛyɛ ne kyɛfa.+ 34 Sɛ Israelfoɔ no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a, mede aboa no koko a wɔhimiiɛ no+ ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no bɛma ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma. Mɛgye wɔn kyɛfa no afiri Israelfoɔ hɔ, na ɛbɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa.
35 “‘Yei na sɛ wɔde egya bɔ afɔdeɛ ma Yehowa a ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma kyɛfa, sɛdeɛ wɔhyɛeɛ ɛda a wɔde wɔn baa+ sɛ wɔmmɛsom sɛ Yehowa asɔfoɔ no. 36 Saa na Yehowa hyɛɛ sɛ wɔmfa mma wɔn da a ɔbɛyi wɔn afiri Israelfoɔ mu asra wɔn ngo no.+ Ɛbɛyɛ ahyɛdeɛ a wɔbɛdi soɔ daa wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.’”+
37 Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ aduane afɔdeɛ,+ bɔne ho afɔdeɛ,+ asodie afɔdeɛ,+ asɔfohyɛ ho afɔdeɛ+ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ+ ho mmara. 38 Yei ne ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Mose wɔ Bepɔ Sinai+ soɔ, ɛda a ɔhyɛɛ sɛ Israelfoɔ mfa wɔn afɔrebɔdeɛ mmrɛ Yehowa wɔ Sinai serɛ soɔ no.+