Leviticus
8 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Fa Aaron ne ne mma+ ne ntadeɛ+ no ne ɔsra ngo+ ne nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ+ ne adwennini mmienu ne paanoo a mmɔreka nnim+ a ɛgu kɛntɛn mu bra, 3 na ma asafo no nyinaa mmɛhyia+ ahyiaeɛ ntomadan no ano.”+
4 Mose yɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ no no pɛpɛɛpɛ, na asafo no nyinaa bɛhyiaam ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ 5 Afei Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Yei ne deɛ Yehowa ahyɛ sɛ yɛnyɛ.”+ 6 Enti Mose de Aaron ne ne mma baeɛ na ɔde nsuo+ hohoroo wɔn ho.+ 7 Ɛno akyi no, ɔde atade tenten+ no hyɛɛ no de abomu+ bɔɔ so, na ɔde nsasini+ no nso guu so. Afei ɔde ngugusoɔ+ no hyɛɛ no de abɔsoɔ+ no bɔɔ ne mu. 8 Ɔde nkataboɔ+ no nso hyɛɛ no na ɔde Urim ne Tumim*+ no hyɛɛ nkataboɔ no mu. 9 Na ɔde abotitene+ no bɔɔ ne ti, na ɔde ade tratra hyɛnn a wɔde sika ayɛ a ɛyɛ ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron+ no bɔɔ abotitene no anim. Mose yɛɛ saa sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ no no.
10 Afei Mose faa ɔsra ngo no na ɔsraa ntomadan+ no ne biribiara a ɛwɔ mu na ɔtee ho. 11 Ɛno akyi no, ɔde bi petee afɔrebukyia no so mprɛ nson, na ɔsraa afɔrebukyia+ no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ de tee ho. 12 Afei ɔhwiee ɔsra ngo no bi guu Aaron apampam, na ɔsraa no tee ne ho.+
13 Mose de Aaron mma no nso baeɛ+ na ɔde ntade tenten no hyɛɛ wɔn de abomu+ no bɔɔ so. Na ɔde abotire+ no kyekyeree wɔn ti, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
14 Afei ɔde nantwinini+ a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no baeɛ, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu nantwie no apampam.+ 15 Mose kum+ aboa no na ɔde ne nsa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn so twa hyiaeɛ de dwiraa afɔrebukyia no ho.* Afei ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase de tee ho na wɔatumi abɔ afɔdeɛ wɔ so de apata+ bɔne. 16 Ɛno akyi no, Mose yii sradeɛ a ɛwɔ aboa no nsono ne ne berɛboɔ ho no nyinaa ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ, na ɔhyee no afɔrebukyia no so.+ 17 Na ɔde gya hyee nantwi mũ no nyinaa, ne nwoma, ne nam, ne ne bini, wɔ nsraban no akyi,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
18 Ɛno akyi no, ɔde odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nso baeɛ, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 19 Afei Mose kum aboa no de ne mogya petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 20 Mose twitwaa odwennini no mu asinasini,+ na ɔde ne ti ne ne nam asinasini no ne ne sradeɛ no nyinaa guu gya so. 21 Afei Mose de nsuo hohoroo ne nsono ne ne nnyawa ho, na ɔhyee odwennini mũ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so.+ Ná ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ hwamhwam,+ afɔdeɛ a wɔde egya hye ma Yehowa, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
22 Na ɔde odwennini a ɔtɔ so mmienu a ɛyɛ asɔfohyɛ dwan+ no nso baeɛ, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam. 23 Ɛno akyi no, Mose kum aboa no de ne mogya no bi yɛɛ Aaron asõ nifa ne ne nsa nifa kokuromoti ne ne nan nifa kokuromoti ho.+ 24 Afei Mose de Aaron mma no nso baeɛ na ɔde mogya no bi yɛɛ wɔn asõ nifa ne wɔn nsa nifa kokuromoti ne wɔn nan nifa kokuromoti ho. Na Mose de mogya a aka no petepetee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+
25 Ɔyii ne sradeɛ ne ne dua tufuu no ne sradeɛ a ɛwɔ ne nsono+ ne ne berɛboɔ ho no nyinaa ne n’asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ ne ne nan nifa.+ 26 Na ɔyii paanoo a mmɔreka nnim a ɛte sɛ kawa+ baako, ne paanoo a ɛte sɛ kawa a wɔde ngo afa ho+ baako, ne paanoo tratra+ baako firii kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. Na ɔde guu aboa no sradeɛ no ne ne nan nifa no so. 27 Afei ɔde ne nyinaa guu Aaron ne ne mma no nsam, na ɔhim no sɛ ohim afɔdeɛ wɔ Yehowa anim.+ 28 Akyire yi Mose gye firii wɔn nsam hyee no afɔrebukyia no so kaa ɔhyeɛ afɔdeɛ+ no ho. Ná ɛyɛ asɔfohyɛ+ afɔdeɛ hwamhwam,+ afɔdeɛ a wɔde egya hye ma Yehowa.+
29 Mose faa aboa no koko+ him no sɛ ohim afɔdeɛ wɔ Yehowa anim.+ Yei ne Mose kyɛfa+ a ɔnya firii asɔfohyɛ dwan no mu, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
30 Afei Mose faa ɔsra ngo+ ne mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no bi de petepetee Aaron ne ne mma ho ne wɔn ntadeɛ mu. Ɔyɛɛ saa de tee+ Aaron ne ne ntadeɛ ho ne ne mma a wɔka ne ho ne wɔn ntadeɛ ho.+
31 Ɛno akyi no, Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma sɛ: “Monnoa+ nam no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na momfa nka paanoo a ɛwɔ asɔfohyɛ kɛntɛn mu no ho na monni no hɔ.+ Saa na wɔhyɛɛ me sɛ, ‘Aaron ne ne mma bɛdi.’ 32 Na nam ne paanoo a ɛbɛka no, momfa gya nhye.+ 33 Montena ahyiaeɛ ntomadan no ano nnanson;+ mommfiri hɔ nnkɔ baabiara kɔsi sɛ nna a wɔde bɛhyɛ mo asɔfoɔ no bɛsõ, ɛfiri sɛ ɛbɛgye nnanson ansa na wɔama mo tumi.*+ 34 Deɛ wɔayɛ nnɛ yi, saa na Yehowa ahyɛ sɛ wɔnyɛ mfa mpata mma mo.+ 35 Montena ahyiaeɛ ntomadan no ano nnanson,+ awia ne anadwo, na monwɛn sɛdeɛ Yehowa ahyɛ+ no na moanwuwu; saa na wɔahyɛ me.”
36 Na Aaron ne ne mma yɛɛ deɛ Yehowa nam Mose so hyɛeɛ nyinaa.