Leviticus
9 Da a ɛtɔ so nwɔtwe+ no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mma ne Israel mpanimfoɔ. 2 Afei ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Hwehwɛ nantwie ba ne odwennini a wɔte apɔ bra Yehowa anim.+ Wode nantwie ba no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ+ na wode odwennini no abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.+ 3 Na Israelfoɔ no deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa ɔpapo+ mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ, na momfa nantwie ba ne odwennini kumaa+ a wɔadi afe afe a wɔte apɔ mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 4 Afei momfa nantwinini ne odwennini mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ wɔ Yehowa anim, na momfa ngo mfra esiam mmɛbɔ aduane afɔdeɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa bɛyi ne ho adi akyerɛ mo+ nnɛ.’”
5 Enti wɔde deɛ Mose hyɛeɛ no baa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Afei asafo no nyinaa bɛgyinaa Yehowa anim.+ 6 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yei na Yehowa ahyɛ sɛ monyɛ na ama Yehowa ayi n’animuonyam adi akyerɛ mo.”+ 7 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔrebukyia no ho kɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ+ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ fa pata+ ma wo ho ne wo fiefoɔ. Afei fa ɔman no afɔrebɔdeɛ+ no bɔ afɔdeɛ pata+ ma wɔn, sɛdeɛ Yehowa ahyɛ no.”
8 Ntɛm ara na Aaron kɔɔ afɔrebukyia no ho kɔkum nantwie ba a ɔde rebɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ no.+ 9 Aaron mma no de mogya+ no maa no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu+ sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn+ no so, na ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase. 10 Na ɔyii aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no sradeɛ+ ne n’asaabo ne ne berɛboɔ ho sradeɛ, na ɔhyee no afɔrebukyia no so,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no. 11 Na ɔde gya hyee aboa no nam ne ne nwoma wɔ nsraban no akyi.+
12 Afei ɔkum aboa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no na ɔde petepetee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 13 Wɔtwitwaa aboa no mu asinasini de ne ti kaa ho brɛɛ no, na ɔhyee no afɔrebukyia no so.+ 14 Na ɔhohoroo ne nsono ne ne nnyawa ho na ɔhyee no afɔrebukyia no so kaa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.+
15 Ɛno akyi no, ɔde deɛ ɔman no de baeɛ+ no nso bɔɔ afɔdeɛ. Ɔkum ɔpapo a ɔman no de baeɛ no de bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ deɛ ɛdi kan no. 16 Afei ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no sɛdeɛ wɔyɛ no daa no.+
17 Ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔbɔɔ no anɔpa+ akyi no, ɔde aduane a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ+ nso baeɛ, na ɔsaa ne nsa mã guu afɔrebukyia no so maa no hyeeɛ.
18 Na ɔkum nantwinini ne odwennini a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ ama ɔman no. Afei Aaron mma no de mogya no brɛɛ no na ɔde petepetee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 19 Na nantwinini no sradeɛ+ ne odwennini no dua tufuu+ no ne sradeɛ a ɛkata nsono no ho ne asaabo no ne berɛboɔ no ho sradeɛ deɛ, 20 wɔyii sradeɛ yi nyinaa de kaa ne koko ho,+ na ɔhyee sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so. 21 Aboa no koko ne ne nan nifa no deɛ, Aaron him no sɛ ohim afɔdeɛ+ wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no.
22 Na afei Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no na ɔhyiraa wɔn,+ na berɛ a ɔwiee bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɔsii fam.+ 23 Na Mose ne Aaron kɔɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na wɔfirii adi bɛhyiraa ɔman no.+
Afei nnipa no nyinaa hunuu Yehowa animuonyam,+ 24 na egya firi Yehowa anim+ bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no. Berɛ a nnipa no nyinaa hunuiɛ no, wɔteateaam+ na wɔde wɔn anim butubutuu fam.