15 “Ɔnkum abirekyie a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ɔman no,+ na ɔmfa ne mogya mmra ntwamutam no akyi+ na ɔnyɛ deɛ ɔde nantwinini no mogya yɛeɛ no ara bi.+ Ɔmfa mpete mmuasoɔ no anim.
17 Na wɔde anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan baa sɛ wɔmfa nhyira Onyankopɔn fie no so, ne mmirekyie dumienu a wɔde bɛbɔ bɔne afɔdeɛ ama Israel nyinaa sɛdeɛ Israel mmusuakuo no dodoɔ teɛ.+