Leviticus
16 Berɛ a Aaron mma mmienu no amfa kwampa so amma Yehowa anim nti wɔwuwuiɛ+ no, akyire yi Yehowa ne Mose kasaeɛ. 2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɛnyɛ berɛ nyinaa na ɛsɛ sɛ ɔba kronkronbea+ hɔ wɔ ntwamutam+ no akyi, Adaka no mmuasoɔ no anim na wanwu,+ ɛfiri sɛ mɛyi me ho adi mununkum+ mu wɔ mmuasoɔ+ no so.
3 “Sɛ Aaron ba kronkronbea hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔde ba nie:+ Ɔmfa nantwinini kumaa mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ na ɔmfa odwennini mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.+ 4 Afei ɔnhyɛ nwera atade kronkron,+ na nwera twakoto+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera abomu+ no mmɔ ne mu, na ɔmmɔ nwera abotitene+ no. Ɛyɛ ntade kronkron.+ Ɔmfa nsuo nnware+ na ɔnhyɛ.
5 “Ɔnnye mpapo nkumaa mmienu mfiri Israel asafo+ no hɔ mfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ na ɔnnye odwennini baako mfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.+
6 “Aaron mfa nantwinini a ɔde baeɛ no mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mma ne ho,+ na ɔmpata+ mma ne ho ne ne fie.+
7 “Afei ɔmfa mmirekyie mmienu no mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano. 8 Na Aaron mmɔ mmirekyie mmienu no so ntonto.+ Baako bɛyɛ Yehowa dea na baako ayɛ Asasel* dea.+ 9 Afei Aaron mfa abirekyie a ntonto+ no bɛyi no ama Yehowa no mmɔ bɔne ho afɔdeɛ.+ 10 Na ɔmfa abirekyie a ntonto no bɛyi no ama Asasel no mmɛgyina Yehowa anim mpata mma no na wɔnkɔgyaa+ no mma Asasel wɔ serɛ so.+
11 “Aaron mfa nantwinini a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ne ho no mmra mmɛku no, na ɔmpata mma ne ho ne ne fie.+
12 “Afei ɔmfa egya kukuwa+ nyi nnyasramma mã mfiri afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no so, na ɔmfa aduhwam+ a wɔasi no muhumuhu ne nsa mmienu+ mã nka ho mmra ntwamutam no akyi.+ 13 Ɔmfa aduhwam no ngu gya no so wɔ Yehowa anim,+ na aduhwam wisie kumɔnn no nkata Adaka no mmuasoɔ+ a ɛwɔ Adanseɛ no+ soɔ no ho. Ma no nyɛ saa na wanwu.
14 “Afei ɔmfa ne nsateaa mmɔ nantwie no mogya mu+ mpete mmuasoɔ no anim baabi a ɛkyerɛ apueeɛ, na ɔmfa mogya no bi mpete+ mmuasoɔ no anim+ mprɛ nson.
15 “Ɔnkum abirekyie a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ɔman no,+ na ɔmfa ne mogya mmra ntwamutam no akyi+ na ɔnyɛ deɛ ɔde nantwinini no mogya yɛeɛ no ara bi.+ Ɔmfa mpete mmuasoɔ no anim.
16 “Na ɔmpata mma kronkronbea no, Israelfoɔ afĩdeɛ+ ne wɔn bɔne mu atuateɛ+ nyinaa nti. Saa na ɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan a ɛsi wɔn nkyɛn wɔn afĩdeɛ mu no.
17 “Sɛ ɔkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu kɔbɔ mpata afɔdeɛ wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ kɔsi sɛ ɔbɛba. Na ɔmpata mma ne ho+ ne ne fie ne Israel asafo nyinaa.+
18 “Afei ɔmmra afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no ho na ɔmpata mma no. Na ɔmfa nantwie ne abirekyie mogya no bi nyɛ mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no ho nhyia.+ 19 Bio nso ɔmfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu na ɔmfa mpete+ so mprɛ nson, na ɔnte ho mfiri Israelfoɔ no afĩdeɛ ho na ɔnyɛ no kronkron.
20 “Sɛ ɔpata+ ma kronkronbea ne ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no wie a, ɔmfa abirekyie baako a aka no mmra.+ 21 Na Aaron mfa ne nsa mmienu+ ngu abirekyie no apampam, na ɔnka Israelfoɔ mfomsoɔ+ nyinaa ne wɔn bɔne mu atuateɛ+ nyinaa ngu abirekyie no tiri so,+ na ɔmfa no nhyɛ ɔbarima a wayɛ krado nsa+ na ɔnkɔgyaa no nkɔ serɛ so.+ 22 Na abirekyie no nsoa wɔn bɔne+ nyinaa nkɔ anwea pradaa so,+ na ɔnnyaa abirekyie no nkɔ serɛ so.+
23 “Afei Aaron nkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu na ɔnyi ntadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea hɔ no, na ɔnnya no hɔ.+ 24 Ɔmfa nsuo nnware+ wɔ baabi a ɛyɛ kronkron,+ na ɔnhyɛ ne ntadeɛ+ na ɔmfiri mmra mmɛbɔ ɔno ara ne hyeɛ afɔdeɛ+ ne ɔman no hyeɛ afɔdeɛ.+ Na ɔmpata mma ne ho ne ɔman no.+ 25 Afei ɔnhye mmoa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no sradeɛ wɔ afɔrebukyia no so.+
26 “Deɛ+ ɔkɔgyaa abirekyie baako no maa Asasel+ no nso nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware+ ansa na waba nsraban no mu.
27 “Afei wɔmfa nantwinini ne abirekyie a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ a wɔde wɔn mogya kɔpataa kronkronbea hɔ no nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa gya nhye wɔn nwoma, wɔn nam, ne wɔn bini.+ 28 Na deɛ ɔbɛhye mmoa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ansa na waba nsraban no mu.
29 “Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi soɔ daa:+ Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du+ no, mo kra nni awerɛhoɔ,+ na kuromanni oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, obiara nnyɛ adwuma biara.+ 30 Saa da yi na wɔbɛpata+ ama mo de ate mo ho. Mo ho bɛte afiri mo bɔne nyinaa ho wɔ Yehowa anim.+ 31 Ɛyɛ homeda+ ma mo, enti monhome koraa, na mo kra nni awerɛhoɔ. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa.
32 “Na ɔsɔfoɔ a wɔbɛsra+ no na wɔama no tumi* ama no asi ne papa ananmu+ asom sɛ ɔsɔfoɔ+ no mmɔ mpata afɔdeɛ. Na ɔnhyɛ nwera ntadeɛ no,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ntade kronkron.+ 33 Ɔmpata mma kronkronbea+ no ne ahyiaeɛ ntomadan+ no ne afɔrebukyia no,+ na ɔmpata mma asɔfoɔ no ne Israel asafo no nyinaa.+ 34 Yei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi soɔ daa+ na moapata ama Israelfoɔ bɔne nyinaa prɛko afe biara.”+
Na ɔyɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.