Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 53:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Ɛno nti mɛma no anya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asadeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde ne kra maa owuo,+ na wɔkan no fraa mmaratofoɔ.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na ɔdi maa mmaratofoɔ.+

  • Yohane 1:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa+ a ɔyi wiase bɔne firi hɔ no nie!+

  • Romafoɔ 15:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Na Kristo mpo ansɔ ɔno ara n’ani;+ na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Wɔn a na wɔbɔ wo ahohora no ahohorabɔ aba me so.”+

  • Efesofoɔ 1:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ɛnam ne so na yɛanya ɔgyeɛ wɔ ne mogya+ mu, aane, yɛn mfomsoɔ ho fafirie+ sɛdeɛ n’adom+ mu ahonya no teɛ.

  • Hebrifoɔ 9:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ prɛko+ sɛ ɔnsoa nnipa pii bɔne;+ na ne mprenu soɔ+ a ɔbɛyi ne ho adie+ no deɛ, ɛnyɛ bɔne nti na ɔbɛba,+ na ɔbɛyi ne ho adi akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan dendeenden repɛ wɔn nkwagyeɛ no.+

  • 1 Petro 2:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne+ wɔ ɔno ara ne honam mu wɔ dua+ no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye yɛn afiri bɔne mu+ na yɛatena ase ama tenenee. Na “ɛnam ne ntampeɛ so na wɔsaa mo yareɛ.”+

  • 1 Yohane 3:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Monim nso sɛ ɔno deɛ, wɔyii no adi sɛ ɔmmɛyi yɛn bɔne mfiri hɔ,+ na bɔne+ nni ne mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane