Yohane
1 Mfitiaseɛ+ no na Asɛm+ no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ,+ na Asɛm no yɛ onyame.+ 2 Ɔno na mfitiaseɛ+ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ.+ 3 Nneɛma nyinaa nam ne so na ɛbaeɛ,+ na adeɛ baako mpo ankwati no amma.
Deɛ ɛbaeɛ a 4 ɛnam ne so no yɛ nkwa,+ na nkwa no ne nnipa hann.+ 5 Na hann no hyerɛn esum+ mu, na esum no ntumi mmunkam so.
6 Ɔbarima bi baeɛ a Onyankopɔn somaa no sɛ ne nanmusini:+ na ne din de Yohane.+ 7 Ɔbarima yi baa adansedie,+ sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ,+ na nnipa ahodoɔ nyinaa nam ne so agye adi.+ 8 Ná ɛnyɛ ɔno ne hann no,+ na mmom ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.+
9 Ná nokorɛ hann+ a ɛhyerɛn+ ma nnipa ahodoɔ nyinaa+ no rebɛba wiase. 10 Ná ɔwɔ wiase,+ na wiase nam ne so na ɛbaeɛ,+ nanso na wiase nni no. 11 Ɔbaa ɔno ara ne kurom, nanso ɔno ara ne nkurɔfoɔ annye no.+ 12 Na dodoɔ a wɔgyee no no,+ wɔn na ɔmaa wɔn hokwan sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn mma,+ ne din a wɔgye diiɛ nti;+ 13 na ɛmfiri mogya anaa deɛ ɔhonam pɛ anaa deɛ ɔbarima pɛ mu na wɔwoo wɔn, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.+
14 Enti Asɛm no bɛyɛɛ honam+ bɛtenaa yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ animuonyam a agya de ma ne ba a ɔwoo no korɔ;+ na adom ne nokorɛ hyɛɛ no ma.+ 15 (Yohane dii ne ho adanseɛ, aane, ɔteaam—ɔno na ɔkaeɛ—sɛ: “Deɛ ɔdi m’akyi reba no adi m’anim ɛfiri sɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.”)+ 16 Adom a ahyɛ no mã+ nti, yɛn nyinaa anya adom pii+ afiri ne hɔ. 17 Ɛsiane sɛ wɔnam Mose so na wɔde Mmara no maeɛ+ nti, wɔnam Yesu Kristo so na ɛde adom+ ne nokorɛ+ maeɛ. 18 Onipa biara nni hɔ a wahunu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no korɔ a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+
19 Yei ne adanseɛ a Yohane de maeɛ berɛ a Yudafoɔ no somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wone hwan?”+ no. 20 Na ɔpaee mu kaeɛ a wansan; ɔpaee mu kaa sɛ: “Ɛnyɛ mene Kristo no.”+ 21 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɛnneɛ na woyɛ hwan? Wone Elia anaa?”+ Na ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ mene no.” “Wone Odiyifoɔ no?”+ Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Dabi!” 22 Enti wɔbisaa no sɛ: “Woyɛ hwan? na yɛnnya mmuaeɛ bi nkɔma wɔn a wɔsomaa yɛn no. Ɛdeɛn na woka fa wo ho?”+ 23 Ɔkaa sɛ: “Mene deɛ ne nne reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Momma Yehowa kwan ntene,’ sɛdeɛ odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.”+ 24 Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no firi Farisifoɔ mu. 25 Enti wɔbisaa no sɛ: “Sɛ ɛnyɛ wone Kristo anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ asuo?”+ 26 Yohane buaa wɔn sɛ: “Me deɛ, mebɔ asu nsuo mu. Nanso obi gyina mo mfimfini+ a monni no,+ 27 deɛ ɔdi m’akyi no, na mensɛ mpo sɛ mesane ne mpaboa homa.”+ 28 Nsɛm yi sii Betania wɔ Yordan agya, baabi a na Yohane rebɔ asu no.+
29 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa+ a ɔyi wiase bɔne firi hɔ no nie!+ 30 Oyi ho asɛm na mekaa sɛ, ɔbarima bi di m’akyi reba a wadi me kan, ɛfiri sɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.+ 31 Me deɛ, na menni no, nanso deɛ enti a mebɛbɔɔ asu nsuo mu ne sɛ wɔbɛyi no adi akyerɛ Israel.”+ 32 Yohane dii adanseɛ nso sɛ: “Mehunuu honhom no sɛ ɛresiane sɛ aborɔnoma firi soro, na ɛbɛsii ne so.+ 33 Me deɛ, na menni no, nanso Onii a ɔsomaa me+ sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no ara ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ wobɛhunu sɛ honhom no asiane abɛsi ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu honhom kronkron mu no.’+ 34 Na mahunu adi ho adanseɛ sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”+
35 Adeɛ kyee bio no, na Yohane ne n’asuafoɔ mmienu gyina hɔ, 36 na ɔhunuu sɛ Yesu nam hɔ no, ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa+ no nie!” 37 Na asuafoɔ mmienu no tee deɛ ɔkaeɛ no, na wɔdii Yesu akyi. 38 Afei Yesu danee ne ho, na berɛ a ɔhunuu sɛ wɔdi n’akyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ,) ɛhe na woteɛ?” 39 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra na mobɛhunu.”+ Enti wɔkɔhunuu baabi a ɔteɛ, na wɔtenaa ne nkyɛn saa da no; na ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so du.* 40 Na Simon Petro nua Andrea+ yɛ nnipa mmienu a wɔtee deɛ Yohane kaeɛ na wɔdii Yesu akyi no mu baako. 41 Deɛ ɛdi kan no, ɔhunuu ɔno ara ne nua, Simon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu Mesia no”+ (a ne nkyerɛaseɛ ne Kristo).+ 42 Ɔdii n’anim kɔɔ Yesu nkyɛn. Berɛ a Yesu hwɛɛ+ no no, ɔkaa sɛ: “Wone Simon,+ Yohane ba;+ wɔbɛfrɛ wo Kefa” (a ne nkyerɛaseɛ ne Petro).+
43 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea. Na ɔhunuu Filipo+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.”+ 44 Na Filipo firi Betsaida,+ Andrea ne Petro kurom. 45 Filipo hunuu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu deɛ Mose twerɛɛ ne ho asɛm wɔ Mmara no mu+ a Adiyifoɔ+ no nso twerɛɛ ne ho asɛm no, Yesu, Yosef ba+ a ɔfiri Nasaret no.” 46 Nanso Natanael bisaa no sɛ: “Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?”+ Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bɛhwɛ.” 47 Yesu hunuu sɛ Natanael reba ne nkyɛn, na ɔka faa ne ho sɛ: “Hwɛ, Israelni amapa a nnaadaa nni ne mu nie.”+ 48 Natanael bisaa no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu me saa?” Yesu buaa no sɛ: “Ansa na Filipo refrɛ woɔ, berɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase no na mehunuu woɔ.” 49 Natanael buaa no sɛ: “Rabi, wone Onyankopɔn Ba no,+ wone Israel Hene.”+ 50 Yesu buaa no sɛ: “Ɛsiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo borɔdɔma dua no ase nti na wogye die? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom.” 51 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ+ redi aforosiane onipa Ba no soɔ.”+