Yohane
2 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ bi wɔ Kana+ a ɛwɔ Galilea, na na Yesu maame+ wɔ hɔ. 2 Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔhyia no ase.
3 Berɛ a nsã no saeɛ no, Yesu maame+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔnni nsã.” 4 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Me dɔn nnya nnuruiɛ.”+ 5 Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ: “Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.”+ 6 Saa berɛ no, na nsuhina nsia a wɔde aboɔ ayɛ sisi hɔ sɛdeɛ Yudafoɔ ahodwira+ ho ahyɛdeɛ teɛ no, na na emu biara bɛtumi afa susuhina mmienu anaa mmiɛnsa. 7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa nsuo nhyɛ nhina no mama.” Na wɔde nsuo hyɛɛ ne nyinaa mã tɛnn. 8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei monsa bi nkɔma adidiiɛhwɛfoɔ no.” Ɛnna wɔde kɔeɛ. 9 Afei berɛ a adidiiɛhwɛfoɔ no kaa nsuo a adane nsã+ no hwɛeɛ a na ɔnnim baabi a ɛfire na asomfoɔ a wɔsaa nsuo no deɛ wɔnim no, adidiiɛhwɛfoɔ no frɛɛ ayeforɔkunu no 10 see no sɛ: “Obiara de nsã pa na ɛbɛsisi hɔ kane,+ na sɛ nkurɔfoɔ bobo a, afei ɔde deɛ ɛnyɛ no aba. Wo deɛ, wode nsã pa no asie abɛsi sɛsɛɛ.” 11 Yesu yɛɛ yei wɔ Kana wɔ Galilea sɛ ne nsɛnkyerɛnne no mu deɛ ɛdi kan, na ɔyii n’animuonyam+ kyerɛeɛ; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.
12 Yei akyi no, ɔne ne maame ne ne nuanom+ ne n’asuafoɔ no siim kɔɔ Kapernaum,+ nanso wɔanni nna bebree hɔ.
13 Saa berɛ no na Yudafoɔ twam+ no abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.+ 14 Na ɔhunuu wɔn a wɔtɔn anantwie ne nnwan ne mmorɔnoma+ ne sikasesafoɔ sɛ wɔtete asɔrefie hɔ. 15 Afei ɔde nhoma yɛɛ mpire pamoo wɔn a wɔde nnwan ne anantwie aba hɔ no nyinaa firii asɔrefie hɔ, na ɔhwiee sikasesafoɔ no sika guiɛ na ɔkaa wɔn apono butubutuiɛ.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: “Momfa yeinom mfiri ha nkɔ! Monnyɛ m’Agya fie+ adwadie fie!”+ 17 N’asuafoɔ no kaee sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Wo fie ho nnamyɛ bɛmene me.”+
18 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: “Yeinom a woreyɛ yi, sɛnkyerɛnne+ bɛn na wowɔ de kyerɛ yɛn?” 19 Yesu bua see wɔn sɛ: “Monnwiri asɔrefie yi ngu,+ na mede nnansa bɛma so asi hɔ.” 20 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: “Asɔrefie a wɔde mfeɛ aduanan nsia siiɛ no, wode nnansa bɛma so asi hɔ?” 21 Nanso ɔno deɛ, na ɔreka ne nipadua asɔrefie+ ho asɛm. 22 Enti berɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee+ sɛ na ɔtaa ka saa; na wɔgyee Twerɛnsɛm no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.
23 Nanso berɛ a ɔwɔ Yerusalem twam no ne n’afahyɛ ase no,+ nnipa pii a wɔhunuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no+ gyee ne din diiɛ.+ 24 Nanso Yesu deɛ, wamfa ne ho anto wɔn so,+ ɛfiri sɛ na ɔnim wɔn nyinaa, 25 na afei na ɛnhia no sɛ obiara di onipa ho adanseɛ, ɛfiri sɛ na ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.+