Yohane
3 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔka Farisifoɔ ho a ne din de Nikodemo+ a ɔyɛ Yudafoɔ panin. 2 Ɔno na ɔbaa ne nkyɛn anadwo+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ yɛnim sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn+ na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ,+ ɛfiri sɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne+ a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”+ 3 Yesu bua see no sɛ:+ “Nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, sɛ wɔansan anwo obi bio a,+ ɔrentumi nhunu Onyankopɔn ahennie no.”+ 4 Nikodemo bisaa no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛtumi awo obi a wanyini? Ɔbɛtumi asan akɔ ne maame yafunu mu bio ama no awo no anaa?” 5 Yesu buaa sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, sɛ wɔamfa nsuo+ ne honhom+ anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahennie mu. 6 Deɛ wɔfiri honam mu awo no no yɛ honam, na deɛ wɔfiri honhom mu awo no no yɛ honhom.+ 7 Mma no nnyɛ wo nwanwa sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio.+ 8 Mframa+ bɔ kɔ deɛ ɛpɛ biara, na mote sɛ ɛrebɔ, nanso monnim baabi a ɛfire ne baabi a ɛrekorɔ. Saa na obiara a wɔfiri honhom mu awo no no teɛ.”+
9 Nikodemo bua see no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na yeinom atumi ayɛ yie?” 10 Yesu bua see no sɛ: “Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?+ 11 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ,+ nanso mo deɛ, monnye adanseɛ a yɛde ma ntom.+ 12 Sɛ maka asase so nsɛm akyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a mobɛgye adie?+ 13 Afei nso, onipa biara mforo nkɔɔ soro+ gye deɛ ɔsiane firii soro no,+ onipa Ba no.+ 14 Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ+ no so wɔ serɛ no soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma onipa Ba no soɔ+ 15 na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa.+
16 “Na Onyankopɔn dɔ+ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ,+ na obiara a ɔkyerɛ ne mu gyidie+ no ansɛe+ na mmom wanya daa nkwa.+ 17 Na Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn,+ na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase nkwa.+ 18 Obiara a ɔgye no die no, wɔremmu no atɛn.+ Deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada ɛfiri sɛ wannye Onyankopɔn Ba a ɔwoo no korɔ no din anni.+ 19 Deɛ enti a wɔbu atɛn ne sɛ hann+ no aba wiase,+ nanso nnipa dɔ sum sene hann,+ ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. 20 Na obiara a ɔyɛ akyiwadeɛ+ no tan hann, na ɔmma hann ho na wɔanyi ne nnwuma ho ntɛn.+ 21 Na deɛ ɔdi nokorɛ no ba hann ho+ na ama ne nnwuma ada adi sɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani.”
22 Yeinom akyi no, Yesu ne n’asuafoɔ no kɔɔ Yudea asase so, na ɔne wɔn tenaa hɔ kakra na ɔbɔɔ nkurɔfoɔ asu.+ 23 Ná Yohane+ nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ na nsuo pii+ wɔ hɔ, na nnipa kɔɔ so baa hɔ maa no bɔɔ wɔn asu;+ 24 ná wɔnnya mfaa Yohane nkɔtoo afiase.+
25 Ɛnna akyinnyegyeɛ bi a ɛfa ahodwira+ ho sɔree Yohane asuafoɔ ne Yudani bi ntam. 26 Enti wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, ɔbarima a na ɔne wo wɔ Yordan agya a wodii ne ho adanseɛ no,+ hwɛ, ɔrebɔ asu na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.”+ 27 Yohane bua see wɔn sɛ: “Onipa ntumi nnya biribi gye sɛ wɔde firi soro ama no.+ 28 Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ ɛnyɛ mene Kristo no,+ na mmom wɔasoma me adi no kan.+ 29 Deɛ ayeforɔ no wɔ no no, ɔno ne ayeforɔkunu no.+ Na ayeforɔkunu no adamfo deɛ, sɛ ɔgyina hɔ tie na ɔte ayeforɔkunu no nne a, n’ani gye paa. Enti anigyeɛ a mewɔ yi ayɛ mã.+ 30 Ɛtwa sɛ ɔno deɛ, ɔkɔ so dɔre, na me deɛ, me so hwan ara.”
31 Deɛ ɔfiri soro no boro obiara so.+ Deɛ ɔfiri asase soɔ no firi asase so na ɔka asase so nsɛm.+ Deɛ ɔfiri soro no sene obiara.+ 32 Deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno na ɔdi ho adanseɛ,+ nanso obiara nnye n’adanseɛ no ntom.+ 33 Deɛ ɔgye n’adanseɛ no tom no asɔ ano sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.+ 34 Ɛfiri sɛ deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn nsɛm,+ na ɔnkari honhom no na ɔde ama.+ 35 Agya no dɔ+ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.+ 36 Deɛ ɔgye Ɔba no die+ no wɔ daa nkwa;+ deɛ ɔntie Ɔba no renhunu nkwa,+ na Onyankopɔn abufuhyeɛ wɔ ne so.+