Yohane Twerɛtohɔ
3 Ná Farisini bi wɔ hɔ a ne din de Nikodemo+ a na ɔyɛ Yudafoɔ panin. 2 Ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ yɛnim sɛ woyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wofiri Onyankopɔn nkyɛn aba, ɛfiri sɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne+ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”+ 3 Na Yesu buaa no sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔansan anwo obi bio*+ a, ɔrentumi nhunu Onyankopɔn Ahennie+ no.” 4 Nikodemo bisaa no sɛ: “Obi a wanyini deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi awo no? Ɔbɛtumi asan akɔ ne maame yam bio ama wɔawo no anaa?” 5 Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔamfa nsuo+ ne honhom+ anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie mu. 6 Deɛ wɔfiri honam mu awo no no yɛ honam, na deɛ wɔfiri honhom mu awo no no yɛ honhom. 7 Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ: Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio. 8 Mframa bɔ kɔ deɛ ɛpɛ biara. Mote sɛ ɛrebɔ, nanso monnim baabi a ɛfiri ne baabi a ɛrekɔ. Saa ara na obiara a wɔfiri honhom mu awo no+ no teɛ.”
9 Ɛnna Nikodemo bisaa no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na weinom atumi ayɛ yie?” 10 Yesu buaa no sɛ: “Wokyerɛkyerɛ Israelfoɔ, ɛnna wonnim weinom? 11 Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ, deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ, nanso mo deɛ, monnye adanseɛ a yɛdie no ntom. 12 Sɛ maka asaase so nsɛm akyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi? 13 Afei nso, onipa biara mforo nkɔɔ ɔsoro,+ gye deɛ ɔsiane firii ɔsoro+ no, onipa Ba no. 14 Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ serɛ no so+ no, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔma onipa Ba no so,+ 15 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a ɔbɛgye no adi no bɛnya daa nkwa.+
16 “Na Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro+ no mae, na obiara a ɔgye no di no ansɛe,* na mmom wanya daa nkwa.+ 17 Na Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase nkwa.+ 18 Obiara a ɔgye no die no, wɔremmu no atɛn.+ Deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ wannye Onyankopɔn Ba+ a ɔwoo no koro no din anni. 19 Deɛ enti a wɔbu atɛn* ne sɛ: hann no aba wiase,+ nanso nnipa dɔ sum sene hann no, ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. 20 Na obiara a ɔyɛ akyiwadeɛ no tan hann no, na ɔmma hann no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne nnwuma renna adi.* 21 Na obiara a ɔyɛ adepa* no ba hann no ho,+ na ada adi sɛ ne nnwuma sɔ Onyankopɔn ani.”
22 Wei akyi no, Yesu ne n’asuafoɔ no kɔɔ Yudea nkuraa ase, na ɔne wɔn tenaa hɔ kakra, na ɔbɔɔ nkurɔfoɔ asu.*+ 23 Ná Yohane nso rebɔ nkurɔfoɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ na nsuo pii wɔ hɔ,+ na nnipa kɔɔ so baa hɔ maa ɔbɔɔ wɔn asu.+ 24 Saa berɛ no, na wɔnnya mfaa Yohane nkɔtoo afiase.+
25 Na akyinnyegyeɛ bi baa Yohane asuafoɔ ne Yudani bi ntam. Ná ɛfa ahodwira ho. 26 Enti wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, ɔbarima a na ɔne wo wɔ Yordan agya a wodii ne ho adanseɛ+ no, hwɛ, ɔrebɔ nkurɔfoɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.” 27 Yohane buaa wɔn sɛ: “Onipa rentumi nnya biribi, gye sɛ wɔde firi soro ama no. 28 Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ, ‘Ɛnyɛ mene Kristo no,+ na mmom wɔasoma me adi n’anim.’+ 29 Deɛ ayeforɔ no wɔ no no, ɔno ne ayeforɔkunu+ no. Na ayeforɔkunu no adamfo deɛ, sɛ ɔgyina hɔ, na ɔte ayeforɔkunu no nne a, n’ani gye paa. Enti m’anigyeɛ adi mu. 30 Ɛsɛ sɛ ɔkɔ so dɔre,* na me deɛ, me so hwan.”*
31 Deɛ ɔfiri soro+ no, ɔsene obiara. Deɛ ɔfiri asaase so no firi asaase so, na ɔka asaase so nsɛm. Deɛ ɔfiri soro no, ɔsene obiara.+ 32 Deɛ wahunu na wate no, ɛno na ɔdi ho adanseɛ,+ nanso obiara nnye n’adanseɛ no ntom.+ 33 Deɛ ɔgye n’adanseɛ no di no de n’ahyɛnsodeɛ atim so* sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.+ 34 Ɛfiri sɛ deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn nsɛm,+ na Onyankopɔn de honhom no ma ma ɛboro so.* 35 Agya no dɔ Ɔba no,+ na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.+ 36 Deɛ ɔgye Ɔba no di no wɔ daa nkwa;+ deɛ ɔntie Ɔba no rennya* nkwa,+ na Onyankopɔn abufuhyeɛ remfiri ne so da.+