Yohane
4 Afei berɛ a Awurade bɛhunuu sɛ Farisifoɔ no ate sɛ Yesu renya asuafoɔ bebree na ɔrebɔ nnipa pii asu+ sene Yohane no— 2 ɛwom sɛ Yesu no ara ammɔ asu na n’asuafoɔ no na ɛbɔeɛ— 3 ɔfirii Yudea de n’ani kyerɛɛ Galilea bio. 4 Nanso na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.+ 5 Enti ɔkɔduruu Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase a Yakob de maa ne ba Yosef no so.+ 6 Ɛhɔ nso na na Yakob abura+ wɔ. Na Yesu a akwantuo no ama no abrɛ no tenaa abura no so. Saa berɛ no na ɛbɛyɛ owigyinaeɛ.
7 Ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ sɛ ɔrebɛsa nsuo. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me bi nnom.” 8 (Ná n’asuafoɔ no kɔ kurom rekɔtɔ aduane.) 9 Ɛnna Samariani baa no see no sɛ: “Adɛn na wo a woyɛ Yudani rebisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom?” (Ná Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ.)+ 10 Yesu bua see no sɛ: “Sɛ wonim akyɛdeɛ+ a Onyankopɔn de ma kwa ne onii+ a ɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma me bi nnom’ no a, anka wobɛbisa no na wama wo nkwa nsuo.”+ 11 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, wonni adeɛ a wɔde sa nsuo mpo, na abura no mu dɔ. Ɛnneɛ, ɛhe na wonya nkwa nsuo yi fire? 12 Woyɛ kɛseɛ+ sene yɛn agya Yakob a ɔde abura yi maa yɛn na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nom bie no anaa?” 13 Yesu bua see no sɛ: “Obiara a ɔnom nsuo yi bie no, sukɔm bɛde no bio. 14 Nanso obiara a ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, sukɔm renne no da,+ na mmom nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ asutire+ wɔ ne mu a ɛpu kɔ daa nkwa mu.”+ 15 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, ma me nsuo yi bi na sukɔm anne me, na mankɔ so amma ha ammɛsa nsuo.”
16 Ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Kɔ na kɔfrɛ wo kunu bra ha.” 17 Ɔbaa no bua see no sɛ: “Menni kunu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woaka no yie sɛ, ‘Menni kunu.’ 18 Ɛfiri sɛ woaware kununom nnum, na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no nyɛ wo kunu. Enti woaka nokorɛ.” 19 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.+ 20 Yɛn agyanom som bepɔ yi so;+ nanso mo deɛ, moka sɛ Yerusalem ne baabi a ɛsɛ sɛ nnipa som.”+ 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, gye me di, dɔn no reba a morensom+ Agya no wɔ bepɔ yi so anaa Yerusalem.+ 22 Mosom deɛ monnim;+ yɛn deɛ, yɛsom deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ firi Yudafoɔ mu.+ 23 Nanso dɔn no reba, na aduru, sɛ nokorɛ asomfoɔ bɛsom Agya no honhom+ ne nokorɛ mu,+ na nnipa saa nso na Agya no rehwehwɛ ama wɔasom no.+ 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokorɛ mu.”+ 25 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Menim sɛ Mesia+ a wɔfrɛ no Kristo+ no reba. Na sɛ ɔnya ba a, ɔbɛka nneɛma nyinaa akyerɛ yɛn pefee.” 26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.”+
27 Saa berɛ no na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa rekasa. Nanso obiara anka sɛ: “Ɛdeɛn na worehwehwɛ?” anaa, “Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa?” 28 Ɛnna ɔbaa no gyaa n’asuhina hɔ kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ: 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me. Ɛnyɛ oyi ne Kristo+ no anaa?” 30 Wɔfiri kuro no mu baa ne nkyɛn.
31 Saa berɛ no nyinaa na n’asuafoɔ no gu ne so sɛ: “Rabi,+ didi.” 32 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mewɔ aduane bi di a monnim.” 33 Enti asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho sɛ: “Obi abrɛ no biribi adi anaa?” 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’aduane+ ne sɛ mɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ+ na mawie n’adwuma.+ 35 Ɛnyɛ mo na moka sɛ aka abosome nnan ansa na twaberɛ no aduru? Hwɛ! Mese mo sɛ: Momma mo ani so nhwɛ mfuo no sɛ ahoa sɛ wɔtwa.+ Seesei 36 deɛ ɔtwa no regye akatua na ɔreboaboa aba ano ama daa nkwa+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ ɔguo+ ne deɛ ɔtwa ani bɛgyeɛ.+ 37 Yei ma asɛm no yɛ nokorɛ sɛ, baako yɛ ogufoɔ na ɔfoforɔ nso yɛ otwafoɔ. 38 Mesomaa mo sɛ monkɔtwa deɛ monyɛɛ ho adwuma. Ebinom ayɛ adwuma,+ na mo na moanya wɔn adwuma no so mfasoɔ.”
39 Afei Samariafoɔ a wɔfiri saa kuro no mu no pii gyee no diiɛ+ ɛsiane asɛm a ɔbaa no ka de dii adanseɛ yi nti: “Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me.”+ 40 Enti berɛ a Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu.+ 41 Bio nso afoforɔ pii gyee no diiɛ ɛsiane deɛ ɔkaeɛ no nti,+ 42 na wɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Afei deɛ, ɛnyɛ w’asɛm no nti na yɛgye die; na yɛn ara yɛate+ na yɛahunu sɛ onipa yi ne wiase agyenkwa+ no ampa.”
43 Nnanu no akyi no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea.+ 44 Nanso Yesu no ara dii adanseɛ sɛ odiyifoɔ nni anidie wɔ ɔno ara ne kurom.+ 45 Enti berɛ a ɔduruu Galilea no, Galileafoɔ no gyee no, ɛfiri sɛ wɔkɔɔ afahyɛ no bi,+ na wɔhunuu nneɛma a ɔyɛɛ no afahyɛ no ase wɔ Yerusalem no nyinaa.+
46 Enti ɔsan baa Kana+ a ɛwɔ Galilea, baabi a ɔdanee nsuo nsã no.+ Na ahenkwaa bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.+ 47 Berɛ a ɔbarima no tee sɛ Yesu afiri Yudea aba Galilea no, ɔsiim kɔɔ ne nkyɛn na ɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ ɔmmɛsa ne ba no yareɛ ɛfiri sɛ na ɔreyɛ awu. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mo deɛ, sɛ moanhunu sɛnkyerɛnne+ ne anwanwadeɛ+ a, monnye nni da.” 49 Ahenkwaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra ansa na me ba ketewa no awu.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sim kɔ;+ wo ba no te ase.”+ Ɔbarima no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ na ɔsiim kɔeɛ. 51 Na berɛ a ɔnam kwan so rekorɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ ne ba no te nkwa mu.+ 52 Enti ɔbisaa wɔn dɔn a ne ho yɛɛ no den. Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nnora dɔn a ɛtɔ so nson* na atiridii+ no gyaeeɛ.” 53 Ɛhɔ na papa no hunuu sɛ ɛyɛ dɔn+ no ara na Yesu kaa sɛ: “Wo ba no te ase.” Na ɔne ne fiefoɔ nyinaa gye diiɛ.+ 54 Yei nso ne sɛnkyerɛnne+ a ɛtɔ so mmienu a Yesu yɛeɛ berɛ a ɔfiri Yudea baa Galilea no.