Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 12:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 na mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn de ne din bɛdua mmusua yi nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkorɔ.+

  • 1 Ahemfo 9:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ+ ne wo nkotɔsrɛ a wode baa m’anim bɛsrɛɛ me no. Mayɛ fie a woasie yi kronkron+ de me din ato so+ kɔsi daa; m’ani+ ne m’akoma bɛtena hɔ daa.+

  • 2 Berɛsosɛm 7:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Ɛnna Yehowa yii ne ho adi+ kyerɛɛ Solomon anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ+ no, na mayi+ ha afa sɛ afɔrebɔ fie.+

  • Dwom 122:atifi asɛm-9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • Ɔsoro-forɔ Dwom. Dawid dwom.

      122 Medii ahurisie berɛ a wɔka kyerɛɛ me sɛ:+

      “Ma yɛnkɔ+ Yehowa fie”+ no.

       2 Yɛn nan bɛgyinaa+

      W’apono mu, O Yerusalem.+

       3 Wɔakyekyere Yerusalem sɛ kuro+ a

      Ɛbom baako;+

       4 Ɛhɔ na mmusuakuo no foro korɔ,+

      Yah mmusuakuo no,+

      Sɛ́ ɛnyɛ nkaesɛm mma Israel+

      Na wɔde aseda ama Yehowa din.+

       5 Ɛhɔ na atemmuo nhennwa sisie,+

      Dawid fie nhennwa no.+

       6 Monhwehwɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem kuro.+

      O kuro, wɔn a wɔdɔ woɔ no asom bɛdwo wɔn.+

       7 Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu,+

      Na w’aban mu nnwo.+

       8 Me nuanom ne me nnamfo nti, afei mɛkasa:+

      “Asomdwoeɛ ntena wo mu.”+

       9 Yehowa, yɛn Nyankopɔn fie nti,+

      Papa nko ara na mɛhwehwɛ ama woɔ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane