1 Ahemfo
9 Berɛ a Solomon wiee Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne biribiara a ɛbaa Solomon akomam sɛ ɔbɛyɛ+ no ara pɛ, 2 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon ne mprenu soɔ sɛdeɛ ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no Gibeon no.+ 3 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ+ ne wo nkotɔsrɛ a wode baa m’anim bɛsrɛɛ me no. Mayɛ fie a woasie yi kronkron+ de me din ato so+ kɔsi daa; m’ani+ ne m’akoma bɛtena hɔ daa.+ 4 Na wo, sɛ wode akoma a ɛdi mũ+ ne teeyɛ+ nante+ m’anim sɛdeɛ wo papa Dawid+ nantee m’anim no, na woyɛ deɛ mahyɛ woɔ+ nyinaa, na wodi m’ahyɛdeɛ+ ne m’atemmusɛm+ so a, 5 me nso mɛma w’ahennwa atim Israel so daa, sɛdeɛ mehyɛɛ wo papa Dawid bɔ no, sɛ, ‘Obusuani a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ remmɔ wo.’+ 6 Na sɛ mo ne mo mma dane mo ho firi m’akyi,+ na moanni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mede asi mo anim no so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ+ na mokoto wɔn a, 7 ɛnneɛ me nso mɛtwa Israel afiri asase a mede ama wɔn no so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene,+ na wɔde Israel aka asɛm asere+ adi ho fɛ aman nyinaa mu. 8 Na fie yi bɛdane amamfõ,+ na obiara a ɔtwam no de ahodwirie+ bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asase ne efie yi sei?’+ 9 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagya Yehowa, wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Egypt asase soɔ+ no ntira; wɔagya no hɔ akɔdi anyame foforɔ+ akyi na wɔakoto asɔre wɔn. Ɛno nti na Yehowa de amanehunu yi nyinaa aba wɔn soɔ no.’”+
10 Solomon de mfeɛ aduonu na ɛsii afie mmienu no, Yehowa fie+ ne ahemfie+ no, 11 (ná Tiro hene Hiram+ de tweneduro ne popaw nnua ne sika dodoɔ biara a Solomon pɛ+ aboa no,)+ na ɛno akyi no, Ɔhene Solomon de nkuro aduonu a ɛwɔ Galilea asase soɔ+ maa Hiram. 12 Ɛnna Hiram firi Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Solomon de maa no no, nanso n’ani annye ho+ koraa. 13 Enti ɔbisaa no sɛ: “Me nua, nkuro bɛn na wode ama me yi?” Na wɔbɛfrɛɛ no Kabul Asase de bɛsi nnɛ.
14 Hiram soma maa wɔde sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu kɔmaa ɔhene.+
15 Apaafoɔ+ a Ɔhene Solomon maa wɔsii Yehowa fie+ ne ɔno ara ne fie ne Milo*+ ne Yerusalem fasuo+ ne Hasor+ ne Megido+ ne Geser+ no ho nsɛm nie. 16 (Ná Egypt hene Farao akɔ Geser so akɔko agye de egya ahye, na Kanaanfoɔ+ a wɔtete kuro no mu nso, wakunkum wɔn. Enti ɔde maa ne babaa,+ Solomon yere no, de gyaa no kwan.) 17 Na Solomon san kyekyeree Geser ne Anafoɔ Bet-Horon,+ 18 ne Baalat+ ne Tamar a ɛwɔ serɛ soɔ no wɔ asase no so, 19 ne adekora+ nkuro a abɛdi Solomon nsam, ne nteaseɛnam nkuro+ no ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro, ne biribiara a Solomon ani gyee ho+ a ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ no Yerusalem ne Lebanon ne nsase a ɔdi soɔ no nyinaa soɔ. 20 Nkurɔfoɔ a wɔkaeɛ a wɔfiri Amorifoɔ,+ Hitifoɔ,+ Perisifoɔ,+ Hiwifoɔ+ ne Yebusifoɔ+ mu a wɔnka Israelfoɔ ho+ nyinaa no, 21 wɔn mma a wɔkaa asase no soɔ a Israelfoɔ antumi ansɛe wɔn+ no, Solomon hyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ nkoadwuma de bɛsi nnɛ.+ 22 Israelfoɔ deɛ, Solomon amfa obiara anyɛ akoa;+ mmom na wɔyɛ akofoɔ ne n’asomfoɔ ne ne mmapɔmma ne n’akunini ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ+ soɔ. 23 Akunini so mpanimfoɔ a wɔhwɛɛ Solomon adwuma soɔ no yɛ ahanum aduonum; wɔn na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ a wɔkura adwuma no mu soɔ.+
24 Farao babaa+ no deɛ, ɔfirii Dawid Kuro+ mu kɔɔ efie a wasi ama no no mu. Saa berɛ no na ɔhene kyekyeree Milo.+
25 Na Solomon bɔɔ afɔdeɛ mprɛnsa+ afe biara wɔ afɔrebukyia a ɔsi maa Yehowa no so,+ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔhyee aduhwam wɔ afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no so; ɔwiee fie no.+
26 Ɔhene Solomon yeyɛɛ ahyɛn pii wɔ Esion-Geber+ a ɛbɛn Elot+ a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no ano wɔ Edom asase soɔ no.+ 27 Ná Hiram taa soma ne nkoa,+ hyɛnmufoɔ a wɔnim po so adwumayɛ, ma wɔkɔka Solomon nkoa ho, ma wɔde ahyɛn kɔ kwan so. 28 Na wɔkɔɔ Ofir,+ na wɔnyaa sika+ dwetikɛseɛ ahanan aduonu de brɛɛ Ɔhene Solomon.