26 ɛnneɛ ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛtwa mo afiri so.+
23 kɔsii sɛ Yehowa too Israel firii n’anim tweneeɛ+ sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no.+ Enti Israel firii wɔn asase so kɔɔ nkoasom mu wɔ Asiria de bɛsi nnɛ.+