23 Nanso apam+ a Yehowa ne Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ yɛeɛ no nti, ɔdom wɔn+ huu wɔn mmɔbɔ,+ na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn;+ wanto wɔn amfiri n’anim antwene bɛsi nnɛ.
27 Na Yehowa kaa sɛ: “Yuda+ nso mɛto no afiri m’anim atwene+ sɛdeɛ metoo Israel tweneeɛ+ no; mɛto kuro a mafa yi, Yerusalem ne efie yi atwene, efie a mekaa sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no.”